د قرآن کریم د معناګانو ژباړه - اکاني ژباړه - اشانتي - هارون اسماعیل

Al-Imraan

external-link copy
1 : 3

الٓمٓ

Alif Laam Miim. info
التفاسير:

external-link copy
2 : 3

ٱللَّهُ لَآ إِلَٰهَ إِلَّا هُوَ ٱلۡحَيُّ ٱلۡقَيُّومُ

Nyankopͻn, awurade foforͻ biara nni hͻ gyesε Ɔno (nko ara); (Ɔne) Otumfoͻ a Ɔde Ne ho te Neho ase daa, kuta abͻdeε nyinaa mu, san bͻ wͻn ho ban. info
التفاسير:

external-link copy
3 : 3

نَزَّلَ عَلَيۡكَ ٱلۡكِتَٰبَ بِٱلۡحَقِّ مُصَدِّقٗا لِّمَا بَيۡنَ يَدَيۡهِ وَأَنزَلَ ٱلتَّوۡرَىٰةَ وَٱلۡإِنجِيلَ

Ɔde nokorε no na asiane Nwoma no ama wo sε εmεhyε (Nwoma a) edi n’anim kan no mma; na (Odii kan) sianee Tora ene Injeel nso- info
التفاسير:

external-link copy
4 : 3

مِن قَبۡلُ هُدٗى لِّلنَّاسِ وَأَنزَلَ ٱلۡفُرۡقَانَۗ إِنَّ ٱلَّذِينَ كَفَرُواْ بِـَٔايَٰتِ ٱللَّهِ لَهُمۡ عَذَابٞ شَدِيدٞۗ وَٱللَّهُ عَزِيزٞ ذُو ٱنتِقَامٍ

Kane, na εyε kwan kyerε (Nwoma) dema adasamma; εna W’asiane Fur’qaan: Nokorε sε, wͻn a wͻ’po Nyankopͻn nsεm no, wͻ asotwee a ano yε den paa. Nyankopͻn na Otumi ade nyinaa yε, Ɔno na Otua bͻne so ka. info
التفاسير:

external-link copy
5 : 3

إِنَّ ٱللَّهَ لَا يَخۡفَىٰ عَلَيۡهِ شَيۡءٞ فِي ٱلۡأَرۡضِ وَلَا فِي ٱلسَّمَآءِ

Nokorε sε, biribiara nsuma Nyankopͻn wͻ asase so anaasε ͻsoro. info
التفاسير:

external-link copy
6 : 3

هُوَ ٱلَّذِي يُصَوِّرُكُمۡ فِي ٱلۡأَرۡحَامِ كَيۡفَ يَشَآءُۚ لَآ إِلَٰهَ إِلَّا هُوَ ٱلۡعَزِيزُ ٱلۡحَكِيمُ

Ɔno ne Nea Ɔnwenee mo wͻ (mo maame nom) awodeε mu sεdeε Ɔpε; awurade foforͻ biara nni hͻ gyesε Ɔno nko ara, Ɔne Otumfoͻ no a Otumi ade nyinaa yε, na Ɔne Onyansafoͻ no. info
التفاسير:

external-link copy
7 : 3

هُوَ ٱلَّذِيٓ أَنزَلَ عَلَيۡكَ ٱلۡكِتَٰبَ مِنۡهُ ءَايَٰتٞ مُّحۡكَمَٰتٌ هُنَّ أُمُّ ٱلۡكِتَٰبِ وَأُخَرُ مُتَشَٰبِهَٰتٞۖ فَأَمَّا ٱلَّذِينَ فِي قُلُوبِهِمۡ زَيۡغٞ فَيَتَّبِعُونَ مَا تَشَٰبَهَ مِنۡهُ ٱبۡتِغَآءَ ٱلۡفِتۡنَةِ وَٱبۡتِغَآءَ تَأۡوِيلِهِۦۖ وَمَا يَعۡلَمُ تَأۡوِيلَهُۥٓ إِلَّا ٱللَّهُۗ وَٱلرَّٰسِخُونَ فِي ٱلۡعِلۡمِ يَقُولُونَ ءَامَنَّا بِهِۦ كُلّٞ مِّنۡ عِندِ رَبِّنَاۗ وَمَا يَذَّكَّرُ إِلَّآ أُوْلُواْ ٱلۡأَلۡبَٰبِ

Ɔno na W’asiane Nwoma no ama woͻ; emu nsεm no bi nteaseε da adi pefee (εnyε den) εno ne Nwoma no (mu nsεm no) titriw, na deε aka no nso yε abebuo anaasε mfatoho, (nenteaseε no nna fͻm). Wͻn a wͻn akoma adane afri nokorε no soͻ no di (Nwoma no mu) abebuo anaasε mfatoho (a, nenkyeraseε nna fͻm) no akyi dehwehwε mmusuo, san depε n’asekyerε (sεdeε wͻn ara pε). Obiara nnim nenkyeraseε gyesε Nyankopͻn. Wͻn a wͻ’aben wͻ nimdeε mu no ka sε: “Yε’gye di sε ne nyinaa fri ye’Wura Nyankopͻn hͻ”. Obi a ͻdwen ho ne nnipa mu mmadwemmafoͻ no. info
التفاسير:

external-link copy
8 : 3

رَبَّنَا لَا تُزِغۡ قُلُوبَنَا بَعۡدَ إِذۡ هَدَيۡتَنَا وَهَبۡ لَنَا مِن لَّدُنكَ رَحۡمَةًۚ إِنَّكَ أَنتَ ٱلۡوَهَّابُ

Ye’Wura Nyankopͻn, εmma y’akoma mmane (mfri ͻkwan pa no so) wͻ akyire yi a W’akyerε yεn kwan tenenee no, na fa ahummͻborͻ a efri Wo hͻ no dom yεn, nokorε sε, Wone Ɔkyε adeε Hene no. info
التفاسير:

external-link copy
9 : 3

رَبَّنَآ إِنَّكَ جَامِعُ ٱلنَّاسِ لِيَوۡمٖ لَّا رَيۡبَ فِيهِۚ إِنَّ ٱللَّهَ لَا يُخۡلِفُ ٱلۡمِيعَادَ

Ye’Wura Nyankopͻn, nokorε sε, Wobεboa nnipa (nyinaa) ano wͻ Da no a akyinnyeε biara nni ho no mu, nokorε sε, Nyankopͻn deε Ɔmmu bͻhyε no so. info
التفاسير: