د قرآن کریم د معناګانو ژباړه - اکاني ژباړه - اشانتي - هارون اسماعیل

د مخ نمبر:close

external-link copy
39 : 19

وَأَنذِرۡهُمۡ يَوۡمَ ٱلۡحَسۡرَةِ إِذۡ قُضِيَ ٱلۡأَمۡرُ وَهُمۡ فِي غَفۡلَةٖ وَهُمۡ لَا يُؤۡمِنُونَ

Enti (Ɔkͻmhyεni), bͻ wͻn kͻkͻ wͻ berεguo Da no ho, εberε a yεbɛdi asεm no awie no, nanso (seesei) wɔabu wͻn ani agu so a wͻn nnye nnie. info
التفاسير:

external-link copy
40 : 19

إِنَّا نَحۡنُ نَرِثُ ٱلۡأَرۡضَ وَمَنۡ عَلَيۡهَا وَإِلَيۡنَا يُرۡجَعُونَ

Nokorε sε, Yεn na Yɛbɛdi adeε wͻ asaase no soͻ na Yεn hͻ na wͻn (nyinaa) bεsan aba. info
التفاسير:

external-link copy
41 : 19

وَٱذۡكُرۡ فِي ٱلۡكِتَٰبِ إِبۡرَٰهِيمَۚ إِنَّهُۥ كَانَ صِدِّيقٗا نَّبِيًّا

Na kae Abraham (ho asԑm) wͻ Nwoma no mu. Nokorε sε na ͻyε ɔkͻmhyεni nokwafoɔ. info
التفاسير:

external-link copy
42 : 19

إِذۡ قَالَ لِأَبِيهِ يَٰٓأَبَتِ لِمَ تَعۡبُدُ مَا لَا يَسۡمَعُ وَلَا يُبۡصِرُ وَلَا يُغۡنِي عَنكَ شَيۡـٔٗا

Ɛberε a ͻka kyerεε n’agya sε: “M’agya, adεn na wosom adeε a εnte (asεm) na enhunu (adeε) na entumi mma wo mfasoͻ biara? info
التفاسير:

external-link copy
43 : 19

يَٰٓأَبَتِ إِنِّي قَدۡ جَآءَنِي مِنَ ٱلۡعِلۡمِ مَا لَمۡ يَأۡتِكَ فَٱتَّبِعۡنِيٓ أَهۡدِكَ صِرَٰطٗا سَوِيّٗا

M’agya, nokorε sε nimdeε aba me hͻ a ebi maa wo hͻ enti di m’akyi, na menkyerε wo kwan tenenee no. info
التفاسير:

external-link copy
44 : 19

يَٰٓأَبَتِ لَا تَعۡبُدِ ٱلشَّيۡطَٰنَۖ إِنَّ ٱلشَّيۡطَٰنَ كَانَ لِلرَّحۡمَٰنِ عَصِيّٗا

M’agya, hwε na woansom bonsam. Nokorε sε ͻbonsam ate Ahummͻborͻ Hene no so atua. info
التفاسير:

external-link copy
45 : 19

يَٰٓأَبَتِ إِنِّيٓ أَخَافُ أَن يَمَسَّكَ عَذَابٞ مِّنَ ٱلرَّحۡمَٰنِ فَتَكُونَ لِلشَّيۡطَٰنِ وَلِيّٗا

M’agya, nokorε, mesuro sε anhwε a na asotwee bi fri Ahummͻborͻ Hene no hͻ abεsͻ wo mu, na wo akͻyε ͻbonsam yͻnko.” info
التفاسير:

external-link copy
46 : 19

قَالَ أَرَاغِبٌ أَنتَ عَنۡ ءَالِهَتِي يَٰٓإِبۡرَٰهِيمُۖ لَئِن لَّمۡ تَنتَهِ لَأَرۡجُمَنَّكَۖ وَٱهۡجُرۡنِي مَلِيّٗا

(Ne papa) kaa sε: ”Abraham, wompε m’abosom no? Sε woanyae (wonsεm keka ne wo nneyεε no) a, mɛsi wo aboͻ. Enti fri me so kͻ akyirikyiri seesei ara”. info
التفاسير:

external-link copy
47 : 19

قَالَ سَلَٰمٌ عَلَيۡكَۖ سَأَسۡتَغۡفِرُ لَكَ رَبِّيٓۖ إِنَّهُۥ كَانَ بِي حَفِيّٗا

Abraham kaa sε: ”Asomdwoeε nka wo; mεsrε me Wura Nyankopͻn hͻ bͻnefakyε ama wo. Nokorε sε Ne yεm yε ma me”. info
التفاسير:

external-link copy
48 : 19

وَأَعۡتَزِلُكُمۡ وَمَا تَدۡعُونَ مِن دُونِ ٱللَّهِ وَأَدۡعُواْ رَبِّي عَسَىٰٓ أَلَّآ أَكُونَ بِدُعَآءِ رَبِّي شَقِيّٗا

Matwe me ho afri mo ho, ne deε mofri Nyankopͻn akyi sufrε wͻn no, na meresu afrε me Wura Nyankopᴐn; na ebia mesufrε me Wura Nyankopᴐn a mesufrε no nnyε kwa. info
التفاسير:

external-link copy
49 : 19

فَلَمَّا ٱعۡتَزَلَهُمۡ وَمَا يَعۡبُدُونَ مِن دُونِ ٱللَّهِ وَهَبۡنَا لَهُۥٓ إِسۡحَٰقَ وَيَعۡقُوبَۖ وَكُلّٗا جَعَلۡنَا نَبِيّٗا

Ɛberε a Abraham twee ne ho frii wͻn ho, ne deε wɔfri Nyankopɔn akyi som no ho no, Yεmaa no Is’haaq ne Ya’aquub, na Yεyεε wͻn (mu) biara nkכmhyεni. info
التفاسير:

external-link copy
50 : 19

وَوَهَبۡنَا لَهُم مِّن رَّحۡمَتِنَا وَجَعَلۡنَا لَهُمۡ لِسَانَ صِدۡقٍ عَلِيّٗا

Na Yεde Y'ahummͻborͻ dom wͻn, na Yεmaa amansan bͻͻ wͻn din pa. info
التفاسير:

external-link copy
51 : 19

وَٱذۡكُرۡ فِي ٱلۡكِتَٰبِ مُوسَىٰٓۚ إِنَّهُۥ كَانَ مُخۡلَصٗا وَكَانَ رَسُولٗا نَّبِيّٗا

Kae Mose nso wͻ Nwoma no mu. Nokorε sε na ͻyε (onipa) a yatu no asihͻ, na ͻyε Ɔsomafoͻ (san nso yε) nkɔmhyεni. info
التفاسير: