د قرآن کریم د معناګانو ژباړه - اکاني ژباړه - اشانتي - هارون اسماعیل

د مخ نمبر:close

external-link copy
12 : 19

يَٰيَحۡيَىٰ خُذِ ٱلۡكِتَٰبَ بِقُوَّةٖۖ وَءَاتَيۡنَٰهُ ٱلۡحُكۡمَ صَبِيّٗا

Yahaya, fa ahoᴐden sᴐ Nwoma no mu; na Yԑmaa no adwen wᴐ ne nkᴐdaa berԑ mu, info
التفاسير:

external-link copy
13 : 19

وَحَنَانٗا مِّن لَّدُنَّا وَزَكَوٰةٗۖ وَكَانَ تَقِيّٗا

San (maa no) nti mmͻborͻ akoma a efri Yεn hͻ, san yԑԑ no (nipa) kronkron; na ͻyε obi a osuro Nyame. info
التفاسير:

external-link copy
14 : 19

وَبَرَّۢا بِوَٰلِدَيۡهِ وَلَمۡ يَكُن جَبَّارًا عَصِيّٗا

Na ͻyε ayεmyε ma n’awofoͻ, na ͻnyε ahomasoͻ (nipa, anaa) asobrakyeε. info
التفاسير:

external-link copy
15 : 19

وَسَلَٰمٌ عَلَيۡهِ يَوۡمَ وُلِدَ وَيَوۡمَ يَمُوتُ وَيَوۡمَ يُبۡعَثُ حَيّٗا

Asomdwoeε wͻ ne so wͻ εda a yεwoo no, εne da a owuiε ne εda a yεbenyane no aba nkwa mu. info
التفاسير:

external-link copy
16 : 19

وَٱذۡكُرۡ فِي ٱلۡكِتَٰبِ مَرۡيَمَ إِذِ ٱنتَبَذَتۡ مِنۡ أَهۡلِهَا مَكَانٗا شَرۡقِيّٗا

Na kae Mar’yam nso (ho asԑm) wͻ Nwoma no mu. Ɛberε a ͻtwee ne ho frii n’abusuafoͻ ho kͻͻ apueɛ fam hͻ baabi. info
التفاسير:

external-link copy
17 : 19

فَٱتَّخَذَتۡ مِن دُونِهِمۡ حِجَابٗا فَأَرۡسَلۡنَآ إِلَيۡهَا رُوحَنَا فَتَمَثَّلَ لَهَا بَشَرٗا سَوِيّٗا

Ɔfaa ntware mu twaree ͻne wͻn ntεm, ɛna Yεsomaa Yε honhom baa ne hͻ bεdaa ne ho adi kyerεε no tesε onipa sεso pεpεεpε. info
التفاسير:

external-link copy
18 : 19

قَالَتۡ إِنِّيٓ أَعُوذُ بِٱلرَّحۡمَٰنِ مِنكَ إِن كُنتَ تَقِيّٗا

Mar’yam kaa sε: “Mehwehwε Ahummͻborͻ Hene no hͻ ntwitwagyeε wͻ wo ho, sε woyε Nyamesuroni a. info
التفاسير:

external-link copy
19 : 19

قَالَ إِنَّمَآ أَنَا۠ رَسُولُ رَبِّكِ لِأَهَبَ لَكِ غُلَٰمٗا زَكِيّٗا

(Ɔbͻfoͻ no) kaa sε: “Medeε meyε wo Wura Nyankopͻn bͻfoͻ; (Wasoma me) sε menfa abarimaa kronkron bi mεkyε wo “. info
التفاسير:

external-link copy
20 : 19

قَالَتۡ أَنَّىٰ يَكُونُ لِي غُلَٰمٞ وَلَمۡ يَمۡسَسۡنِي بَشَرٞ وَلَمۡ أَكُ بَغِيّٗا

Mar’yam kaa sε: ”Ɛbεyε dεn na manya abarimaa aberε a ͻbarima mfaa ne ho nkaa me, na menyε odwammanfoͻ nso? info
التفاسير:

external-link copy
21 : 19

قَالَ كَذَٰلِكِ قَالَ رَبُّكِ هُوَ عَلَيَّ هَيِّنٞۖ وَلِنَجۡعَلَهُۥٓ ءَايَةٗ لِّلنَّاسِ وَرَحۡمَةٗ مِّنَّاۚ وَكَانَ أَمۡرٗا مَّقۡضِيّٗا

(Ɔbͻfoͻ no) kaa sε: “Saa ara na (εbεyε); wo Wura Nyankopͻn aka sε: “Ɛyε mmrε ma Me. Sεdeε Yεbεyε no nsεnkyerεnee ne ahummͻborͻ a efri Yεn hͻ ama nnipa. Ԑyε asεm a yɛahyehyε awie”. info
التفاسير:

external-link copy
22 : 19

۞ فَحَمَلَتۡهُ فَٱنتَبَذَتۡ بِهِۦ مَكَانٗا قَصِيّٗا

Enti (Mar’yam) nyinsεn (abͻfra) no; na ͻtwee ne ho de (nyinsεn) no kͻͻ akyirikyiri baabi. info
التفاسير:

external-link copy
23 : 19

فَأَجَآءَهَا ٱلۡمَخَاضُ إِلَىٰ جِذۡعِ ٱلنَّخۡلَةِ قَالَتۡ يَٰلَيۡتَنِي مِتُّ قَبۡلَ هَٰذَا وَكُنتُ نَسۡيٗا مَّنسِيّٗا

Awoͻ yeaa no de no kͻͻ akyiresua dua bi ho. Ɔkaa sε: “Ɛkaa menko a anka medii kan wui ansa na (asεm) woi (reba), anka yεwerε afri me koraa”. info
التفاسير:

external-link copy
24 : 19

فَنَادَىٰهَا مِن تَحۡتِهَآ أَلَّا تَحۡزَنِي قَدۡ جَعَلَ رَبُّكِ تَحۡتَكِ سَرِيّٗا

Enti (εnee bi) fri n’ase frεε no sε: “Ɛmma wo werε nho, wo Wura Nyankopͻn ayε asuwa bi wͻ w'ase hͻ. info
التفاسير:

external-link copy
25 : 19

وَهُزِّيٓ إِلَيۡكِ بِجِذۡعِ ٱلنَّخۡلَةِ تُسَٰقِطۡ عَلَيۡكِ رُطَبٗا جَنِيّٗا

Woso akyiresua dua no bra w'anim na akyiresua aba foforͻ a abereε bεte atͻ wo so. info
التفاسير: