पवित्र कुरअानको अर्थको अनुवाद - अकानी अनुवाद : अशान्ती - हारून इस्माईल ।

رقم الصفحة:close

external-link copy
191 : 2

وَٱقۡتُلُوهُمۡ حَيۡثُ ثَقِفۡتُمُوهُمۡ وَأَخۡرِجُوهُم مِّنۡ حَيۡثُ أَخۡرَجُوكُمۡۚ وَٱلۡفِتۡنَةُ أَشَدُّ مِنَ ٱلۡقَتۡلِۚ وَلَا تُقَٰتِلُوهُمۡ عِندَ ٱلۡمَسۡجِدِ ٱلۡحَرَامِ حَتَّىٰ يُقَٰتِلُوكُمۡ فِيهِۖ فَإِن قَٰتَلُوكُمۡ فَٱقۡتُلُوهُمۡۗ كَذَٰلِكَ جَزَآءُ ٱلۡكَٰفِرِينَ

Baabiara a mobenya wͻn no monku wͻn, na montu wͻn mfiri deε wͻ’tuu mo firiε no, (ewom sε nnipa kum nnyε, nanso) aniεyaa hyε yεya kyεn okum. Na monhwε na mone wͻn anko wͻ (Ka’aba) Nyamedan kronkron no ho, kosi sε wͻ’ne mo bεko wͻ hͻ (ansa); na sε wͻ’ne mo ko (wͻ hͻ) a, εneε monku wͻn. Saa na εsεsε yεde tua boniayεfoͻ no so ka. info
التفاسير:

external-link copy
192 : 2

فَإِنِ ٱنتَهَوۡاْ فَإِنَّ ٱللَّهَ غَفُورٞ رَّحِيمٞ

Na sε wͻ’gyae (mo haw) a, nokorε sε, Nyankopͻn ne Bͻnefakyε Hene, na Ɔne Mmͻborͻhunufoͻ Hene. info
التفاسير:

external-link copy
193 : 2

وَقَٰتِلُوهُمۡ حَتَّىٰ لَا تَكُونَ فِتۡنَةٞ وَيَكُونَ ٱلدِّينُ لِلَّهِۖ فَإِنِ ٱنتَهَوۡاْ فَلَا عُدۡوَٰنَ إِلَّا عَلَى ٱلظَّٰلِمِينَ

Monko ntia wͻn nkosi sε, ͻhaw biara nnihͻ bio, na Nyamesom no bεyε Nyanko-pͻn (nko ara) dea. Enti sε wͻ’gyae (sε wͻ’rekotia mo no) a, εneε ͻtan (biara) nnihͻ (bio) gyesε abͻneεfoͻ no so. info
التفاسير:

external-link copy
194 : 2

ٱلشَّهۡرُ ٱلۡحَرَامُ بِٱلشَّهۡرِ ٱلۡحَرَامِ وَٱلۡحُرُمَٰتُ قِصَاصٞۚ فَمَنِ ٱعۡتَدَىٰ عَلَيۡكُمۡ فَٱعۡتَدُواْ عَلَيۡهِ بِمِثۡلِ مَا ٱعۡتَدَىٰ عَلَيۡكُمۡۚ وَٱتَّقُواْ ٱللَّهَ وَٱعۡلَمُوٓاْ أَنَّ ٱللَّهَ مَعَ ٱلۡمُتَّقِينَ

(Sε wͻ’de ͻkoo toa mo wͻ) Bosome kronkron no mu a, (mo ne wͻn nko wͻ) Bosome kronkron no mu. Bͻne so akatua no ho mmra wͻhͻ dema (berε) kronkron nso. Enti obi a ͻbεto mmra atia mo no, monto mmra ntia no bi pεpεεpε sεdeε ͻtiaa mo no ara. Na monsuro Nyankopͻn na monhunu yie sε nokorε, Nyankopͻn ka Nyame-surofoͻ no ho. info
التفاسير:

external-link copy
195 : 2

وَأَنفِقُواْ فِي سَبِيلِ ٱللَّهِ وَلَا تُلۡقُواْ بِأَيۡدِيكُمۡ إِلَى ٱلتَّهۡلُكَةِ وَأَحۡسِنُوٓاْۚ إِنَّ ٱللَّهَ يُحِبُّ ٱلۡمُحۡسِنِينَ

Monyi (moagyapadeε) ma wͻ Nyankopͻn kwan so, na monhwε na moamma mo ara monsa anto mo antwene ᴐseε mu. Na monyε ayԑmyԑ. Nokorε sε, Nyankopͻn pε wͻn a wͻ’yε ayԑmyԑ no asεm. info
التفاسير:

external-link copy
196 : 2

وَأَتِمُّواْ ٱلۡحَجَّ وَٱلۡعُمۡرَةَ لِلَّهِۚ فَإِنۡ أُحۡصِرۡتُمۡ فَمَا ٱسۡتَيۡسَرَ مِنَ ٱلۡهَدۡيِۖ وَلَا تَحۡلِقُواْ رُءُوسَكُمۡ حَتَّىٰ يَبۡلُغَ ٱلۡهَدۡيُ مَحِلَّهُۥۚ فَمَن كَانَ مِنكُم مَّرِيضًا أَوۡ بِهِۦٓ أَذٗى مِّن رَّأۡسِهِۦ فَفِدۡيَةٞ مِّن صِيَامٍ أَوۡ صَدَقَةٍ أَوۡ نُسُكٖۚ فَإِذَآ أَمِنتُمۡ فَمَن تَمَتَّعَ بِٱلۡعُمۡرَةِ إِلَى ٱلۡحَجِّ فَمَا ٱسۡتَيۡسَرَ مِنَ ٱلۡهَدۡيِۚ فَمَن لَّمۡ يَجِدۡ فَصِيَامُ ثَلَٰثَةِ أَيَّامٖ فِي ٱلۡحَجِّ وَسَبۡعَةٍ إِذَا رَجَعۡتُمۡۗ تِلۡكَ عَشَرَةٞ كَامِلَةٞۗ ذَٰلِكَ لِمَن لَّمۡ يَكُنۡ أَهۡلُهُۥ حَاضِرِي ٱلۡمَسۡجِدِ ٱلۡحَرَامِۚ وَٱتَّقُواْ ٱللَّهَ وَٱعۡلَمُوٓاْ أَنَّ ٱللَّهَ شَدِيدُ ٱلۡعِقَابِ

Monwie Haji ne Umura no ma Nyankopͻn. Sε (biribi tesε yadeε) si mo kwan (na amma mo antumi anwie Haji anaa Umra no a) monfa mo afͻrebͻdeε (odwan, nantwie, anaa yoma) a monsa bεso soͻ mmra. Na monhwε na moanyi motri nwi kͻpem sε, afͻrebͻdeε no beduru faako a εrekͻ. Sε mo mu bi yare, anaa ͻwͻ ͻhaw bi wͻ ne ti a (εno bεma ahia sε oyi neti no a) ͻbεyε akyiriwia nnansa, anaa ͻbεyε adͻeε anaasε ͻbεbͻ okum afͻdeε de ayε mpata. Na sε mo wͻ abotͻyεmu mu na mo mu bi pε sε ͻyε Umra de foa Haji no so a, ͻbεbͻ okum afͻdeε a nensa bεso soͻ, na sε onnya nso a ͻbεyε akyiriwia nnansa wͻ Haji no mu, na sε mosan ba (mo kuro mu nso) a wayε nna nson, na nenyinaa ayε dadu pεpεεpε. Woi gyina hͻ ma obi a na’busuafoͻ nni Nyame-dan kronkron no ho (anaasε obia ͻyε hͻhoͻ a omfri Maka hͻ). Na monsuro Nyankopͻn na monhunu sε, nokorε Nyankopͻn asotwee ano yε den paa. info
التفاسير: