पवित्र कुरअानको अर्थको अनुवाद - अकानी अनुवाद : अशान्ती - हारून इस्माईल ।

رقم الصفحة:close

external-link copy
106 : 2

۞ مَا نَنسَخۡ مِنۡ ءَايَةٍ أَوۡ نُنسِهَا نَأۡتِ بِخَيۡرٖ مِّنۡهَآ أَوۡ مِثۡلِهَآۗ أَلَمۡ تَعۡلَمۡ أَنَّ ٱللَّهَ عَلَىٰ كُلِّ شَيۡءٖ قَدِيرٌ

Nsεm no mu biara a Y’εbetwa mu anaasε awerεfire bεba ho no, Yε’de deε εyε kyεn εno anaasε deε εte saa pεpεεpε bεba. Anaasε wonnim sε Nyankopͻn na Ɔwͻ biribiara so tumi? info
التفاسير:

external-link copy
107 : 2

أَلَمۡ تَعۡلَمۡ أَنَّ ٱللَّهَ لَهُۥ مُلۡكُ ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَٱلۡأَرۡضِۗ وَمَا لَكُم مِّن دُونِ ٱللَّهِ مِن وَلِيّٖ وَلَا نَصِيرٍ

Anaasε wonnim sε ͻsoro ne asaase so ahennie nyinaa wͻ Nyankopͻn, na Nyankopɔn akyi no monni okyitaafoͻ anaasε ͻboafoͻ biara? info
التفاسير:

external-link copy
108 : 2

أَمۡ تُرِيدُونَ أَن تَسۡـَٔلُواْ رَسُولَكُمۡ كَمَا سُئِلَ مُوسَىٰ مِن قَبۡلُۗ وَمَن يَتَبَدَّلِ ٱلۡكُفۡرَ بِٱلۡإِيمَٰنِ فَقَدۡ ضَلَّ سَوَآءَ ٱلسَّبِيلِ

Anaasε mopε sε mobisa mo Somafoͻ (Muhammad) sεdeε (Israelfoͻ no) dii kan bisaa Mose (sε yi Nyankopͻn adi pefee kyerε yεn) no? Obi a ɔde gyidie bεsesa boniayε no, nokorε sε w’ayera afiri ɔkwan tenenee no so. info
التفاسير:

external-link copy
109 : 2

وَدَّ كَثِيرٞ مِّنۡ أَهۡلِ ٱلۡكِتَٰبِ لَوۡ يَرُدُّونَكُم مِّنۢ بَعۡدِ إِيمَٰنِكُمۡ كُفَّارًا حَسَدٗا مِّنۡ عِندِ أَنفُسِهِم مِّنۢ بَعۡدِ مَا تَبَيَّنَ لَهُمُ ٱلۡحَقُّۖ فَٱعۡفُواْ وَٱصۡفَحُواْ حَتَّىٰ يَأۡتِيَ ٱللَّهُ بِأَمۡرِهِۦٓۗ إِنَّ ٱللَّهَ عَلَىٰ كُلِّ شَيۡءٖ قَدِيرٞ

Nyamesom ho Nwomanimfoͻ no mu dodoͻ no ara pε sε anka εbetumi a mogyidie akyi no wͻ’bεsan mo aba (Kaafir) boniayε mu, εnam ahoͻyaa a εwͻ wͻn mu no nti, aberε nso a nokorε no ada adi pefee ama wͻn. Nanso fafiri (wͻn), na fa (wͻn) bͻne kyε (wͻn) kosi sε Nyankopͻn de N’ahyεdeε anaa N’atemmuo no bεba. Nokorε sε Nyankopͻn wͻ biribiara so tumi. info
التفاسير:

external-link copy
110 : 2

وَأَقِيمُواْ ٱلصَّلَوٰةَ وَءَاتُواْ ٱلزَّكَوٰةَۚ وَمَا تُقَدِّمُواْ لِأَنفُسِكُم مِّنۡ خَيۡرٖ تَجِدُوهُ عِندَ ٱللَّهِۗ إِنَّ ٱللَّهَ بِمَا تَعۡمَلُونَ بَصِيرٞ

Na monfrε Nyame wͻ neberε mu na monyi Zaka, na papa biara a mobεyε de ato moanim ama mo kraa no monsa bεka no wͻ Nyankopͻn hͻ. Nokorε sε, Nyankopͻn ani tua dwuma a modie (nyinaa). info
التفاسير:

external-link copy
111 : 2

وَقَالُواْ لَن يَدۡخُلَ ٱلۡجَنَّةَ إِلَّا مَن كَانَ هُودًا أَوۡ نَصَٰرَىٰۗ تِلۡكَ أَمَانِيُّهُمۡۗ قُلۡ هَاتُواْ بُرۡهَٰنَكُمۡ إِن كُنتُمۡ صَٰدِقِينَ

Deε wͻ’ka ne sε: ”Obiara nnkͻ Soro Aheman no mu gyesε obi a ͻyε Yudani anaasε Kristoni”. Woi nom ne wͻn apεdeε hunu no. (Nkͻmhyεni), ka sε: ”Sε moyε nokwafoͻ ampa a, εneε monfa mo nyinasoͻ (a mode ka saa asԑm no ) mmra”. info
التفاسير:

external-link copy
112 : 2

بَلَىٰۚ مَنۡ أَسۡلَمَ وَجۡهَهُۥ لِلَّهِ وَهُوَ مُحۡسِنٞ فَلَهُۥٓ أَجۡرُهُۥ عِندَ رَبِّهِۦ وَلَا خَوۡفٌ عَلَيۡهِمۡ وَلَا هُمۡ يَحۡزَنُونَ

Daabi (εnte saa), obiara a ͻbεbrε neho nyinaa ase ama Nyankopͻn, na ͻyε ayεmyε (dema ne nua) no, ͻwͻ akatua wͻ ne Wura Nyankopͻn hͻ, na ehuu bͻ biara mma wͻn so, na wͻn werε nso nnho (wͻ Atemmuda). info
التفاسير: