വിശുദ്ധ ഖുർആൻ പരിഭാഷ - അകാൻ പരിഭാഷ - അഷന്തി - ഹാരൂൻ ഇസ്മാഈൽ

പേജ് നമ്പർ:close

external-link copy
71 : 36

أَوَلَمۡ يَرَوۡاْ أَنَّا خَلَقۡنَا لَهُم مِّمَّا عَمِلَتۡ أَيۡدِينَآ أَنۡعَٰمٗا فَهُمۡ لَهَا مَٰلِكُونَ

Enti wͻnhunuu sε Yεn na Yεbͻͻ nneεma a Yε nsa ayε a emu bi ne nyεmmoa a wͻdi wͻn so (tumi) no maa wͻn? info
التفاسير:

external-link copy
72 : 36

وَذَلَّلۡنَٰهَا لَهُمۡ فَمِنۡهَا رَكُوبُهُمۡ وَمِنۡهَا يَأۡكُلُونَ

Ɛna Yɛabrε wͻn ase ama wͻn a, emu bi wͻforo tena wͻn so, εna emu bi nso wͻwe (wͻn nam). info
التفاسير:

external-link copy
73 : 36

وَلَهُمۡ فِيهَا مَنَٰفِعُ وَمَشَارِبُۚ أَفَلَا يَشۡكُرُونَ

Ɛna wͻnya mfasoͻ (pii) wͻ wͻn ho, ne anomdeε (tesε nufusuo). Enti wͻn (nhwε ho) nyi (Nyankopͻn) ayε? info
التفاسير:

external-link copy
74 : 36

وَٱتَّخَذُواْ مِن دُونِ ٱللَّهِ ءَالِهَةٗ لَّعَلَّهُمۡ يُنصَرُونَ

Wͻafiri Nyankopͻn akyi afa anyame (foforͻ) sε wͻbεboa wͻn. info
التفاسير:

external-link copy
75 : 36

لَا يَسۡتَطِيعُونَ نَصۡرَهُمۡ وَهُمۡ لَهُمۡ جُندٞ مُّحۡضَرُونَ

Wͻntumi mmoa wͻn, na mmom yεde wͻn bεba sε εdͻm (ama wako atia wͻn a wͻsom wͻn no wͻ atemmuda). info
التفاسير:

external-link copy
76 : 36

فَلَا يَحۡزُنكَ قَوۡلُهُمۡۘ إِنَّا نَعۡلَمُ مَا يُسِرُّونَ وَمَا يُعۡلِنُونَ

Enti (Nkͻmhyεni), εmma wͻn nsεmkeka no nnyε wo awerεho, nokorε sε Yɛnim deε wͻde suma ne deε wͻda no adie (nyinaa). info
التفاسير:

external-link copy
77 : 36

أَوَلَمۡ يَرَ ٱلۡإِنسَٰنُ أَنَّا خَلَقۡنَٰهُ مِن نُّطۡفَةٖ فَإِذَا هُوَ خَصِيمٞ مُّبِينٞ

Anaasε onipa nhunuu sε Yεn na Yεbͻͻ no firi ahobaeε mu? Na hwε sε ͻno mmom ne ͻkotiafoͻ pefee no. info
التفاسير:

external-link copy
78 : 36

وَضَرَبَ لَنَا مَثَلٗا وَنَسِيَ خَلۡقَهُۥۖ قَالَ مَن يُحۡيِ ٱلۡعِظَٰمَ وَهِيَ رَمِيمٞ

Ɔde Yεn yε mfatoho ma ne werε firi ne mmͻeε (ahyԑase). Ɔka sε: “Hwan na ɔbɛnyane nnompe a ahunu?’’. info
التفاسير:

external-link copy
79 : 36

قُلۡ يُحۡيِيهَا ٱلَّذِيٓ أَنشَأَهَآ أَوَّلَ مَرَّةٖۖ وَهُوَ بِكُلِّ خَلۡقٍ عَلِيمٌ

(Nkͻmhyεni) Ka sε: “Nea Ɔbͻͻ no wͻ εberε a edi kan no, (saa Tumfoͻ no) ara na Ɔbɛnyane no, na Ɔne abͻdeε biara ho Nimdefoͻ. info
التفاسير:

external-link copy
80 : 36

ٱلَّذِي جَعَلَ لَكُم مِّنَ ٱلشَّجَرِ ٱلۡأَخۡضَرِ نَارٗا فَإِذَآ أَنتُم مِّنۡهُ تُوقِدُونَ

Ɔno na Ɔma mo egya firi dua mono mu a εno na mosͻ. info
التفاسير:

external-link copy
81 : 36

أَوَلَيۡسَ ٱلَّذِي خَلَقَ ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَٱلۡأَرۡضَ بِقَٰدِرٍ عَلَىٰٓ أَن يَخۡلُقَ مِثۡلَهُمۚ بَلَىٰ وَهُوَ ٱلۡخَلَّٰقُ ٱلۡعَلِيمُ

Enti Nea Ɔbͻͻ soro ne asaase no, Onni tumi sε Ɔtumi bͻ ne sε so? Aane; Ɔne Ɔbͻͻ Adeε, Nimdefoͻ no. info
التفاسير:

external-link copy
82 : 36

إِنَّمَآ أَمۡرُهُۥٓ إِذَآ أَرَادَ شَيۡـًٔا أَن يَقُولَ لَهُۥ كُن فَيَكُونُ

Nokorε, sε Ɔpεsε Ɔyε biribi a, N’ahyεdeε ara ne sε Ɔbεka sε: “ Yε!” Na ayε. info
التفاسير:

external-link copy
83 : 36

فَسُبۡحَٰنَ ٱلَّذِي بِيَدِهِۦ مَلَكُوتُ كُلِّ شَيۡءٖ وَإِلَيۡهِ تُرۡجَعُونَ

Enti Kronkron Hene ne Nea biribiara ho tumi wͻ Ne nsa mu no, na Ne hͻ na mo mobεsan akͻ. info
التفاسير: