വിശുദ്ധ ഖുർആൻ പരിഭാഷ - അകാൻ പരിഭാഷ - അഷന്തി - ഹാരൂൻ ഇസ്മാഈൽ

പേജ് നമ്പർ:close

external-link copy
55 : 36

إِنَّ أَصۡحَٰبَ ٱلۡجَنَّةِ ٱلۡيَوۡمَ فِي شُغُلٖ فَٰكِهُونَ

Nokorε sε saa Da no, Soro Aheman no mu foͻ no bεgye wͻn ani papaapa (anaasε anigyeε bεgye wͻn adaagyeε). info
التفاسير:

external-link copy
56 : 36

هُمۡ وَأَزۡوَٰجُهُمۡ فِي ظِلَٰلٍ عَلَى ٱلۡأَرَآئِكِ مُتَّكِـُٔونَ

Wͻn ne wͻn ayerenom wͻ nwunu mu, tete ahennwa so. info
التفاسير:

external-link copy
57 : 36

لَهُمۡ فِيهَا فَٰكِهَةٞ وَلَهُم مَّا يَدَّعُونَ

Nnuaba (ahodoͻ nyinaa bi) wͻ hͻ ma wͻn, na wͻnsa bεka deε wͻbɛbisa biara. info
التفاسير:

external-link copy
58 : 36

سَلَٰمٞ قَوۡلٗا مِّن رَّبّٖ رَّحِيمٖ

‘Salaam!’ Asomdwoeε ne kasa a efiri Mmͻborͻhunufoͻ Hene no hͻ. info
التفاسير:

external-link copy
59 : 36

وَٱمۡتَٰزُواْ ٱلۡيَوۡمَ أَيُّهَا ٱلۡمُجۡرِمُونَ

Abͻneεfoͻ, εnnε Da yi montwe mo ho (mfri agyidiefoͻ no ho). info
التفاسير:

external-link copy
60 : 36

۞ أَلَمۡ أَعۡهَدۡ إِلَيۡكُمۡ يَٰبَنِيٓ ءَادَمَ أَن لَّا تَعۡبُدُواْ ٱلشَّيۡطَٰنَۖ إِنَّهُۥ لَكُمۡ عَدُوّٞ مُّبِينٞ

(Nyankopͻn bεka sε): “Adasamma Mantu mofo sε, monhwε yie na moansom ͻbonsam, efirisε ͻyε mo tamfo pefee? info
التفاسير:

external-link copy
61 : 36

وَأَنِ ٱعۡبُدُونِيۚ هَٰذَا صِرَٰطٞ مُّسۡتَقِيمٞ

Na mmom monsom Me, na εno ne ͻkwan tenenee no? info
التفاسير:

external-link copy
62 : 36

وَلَقَدۡ أَضَلَّ مِنكُمۡ جِبِلّٗا كَثِيرًاۖ أَفَلَمۡ تَكُونُواْ تَعۡقِلُونَ

Nokorε sε (ͻbonsam) ayera mo mu nnipa dͻm pii, enti monfa adwen? info
التفاسير:

external-link copy
63 : 36

هَٰذِهِۦ جَهَنَّمُ ٱلَّتِي كُنتُمۡ تُوعَدُونَ

Woi ne Amanehunugya no a yεhyεε mo ho bͻ no. info
التفاسير:

external-link copy
64 : 36

ٱصۡلَوۡهَا ٱلۡيَوۡمَ بِمَا كُنتُمۡ تَكۡفُرُونَ

Monwura mu nnε Da yi εnam sε moannye annie nti. info
التفاسير:

external-link copy
65 : 36

ٱلۡيَوۡمَ نَخۡتِمُ عَلَىٰٓ أَفۡوَٰهِهِمۡ وَتُكَلِّمُنَآ أَيۡدِيهِمۡ وَتَشۡهَدُ أَرۡجُلُهُم بِمَا كَانُواْ يَكۡسِبُونَ

Saa Da no Yɛbɛsi wͻn ano ho kwan, na wͻnsa bεkasa akyerε Yεn, na wͻn nnan nso bɛdi adanseε wͻ deε wɔnyɛeε no ho. info
التفاسير:

external-link copy
66 : 36

وَلَوۡ نَشَآءُ لَطَمَسۡنَا عَلَىٰٓ أَعۡيُنِهِمۡ فَٱسۡتَبَقُواْ ٱلصِّرَٰطَ فَأَنَّىٰ يُبۡصِرُونَ

Sε Yεpε a, anka yεbεma wͻn ani afira na wͻakeka apε kwan no, na sεn na anka wͻbɛsi ahunu (kwan)? info
التفاسير:

external-link copy
67 : 36

وَلَوۡ نَشَآءُ لَمَسَخۡنَٰهُمۡ عَلَىٰ مَكَانَتِهِمۡ فَمَا ٱسۡتَطَٰعُواْ مُضِيّٗا وَلَا يَرۡجِعُونَ

Sε Yεpε nso a anka Yεbεsesa wͻn wͻ wͻn tebea mu (ama wͻn adane tesε mmoa anaasε biribi) a wͻntumi nkeka wͻn ho na (wͻn nkͻ nso) wͻmma. info
التفاسير:

external-link copy
68 : 36

وَمَن نُّعَمِّرۡهُ نُنَكِّسۡهُ فِي ٱلۡخَلۡقِۚ أَفَلَا يَعۡقِلُونَ

Obia Yεma no nkwa tenten no Yεsan no ba akyire wͻ mmͻeε no mu (ma n’ahoͻden akyi no ͻbεyε mmrε). Enti wͻnni nteasε? info
التفاسير:

external-link copy
69 : 36

وَمَا عَلَّمۡنَٰهُ ٱلشِّعۡرَ وَمَا يَنۢبَغِي لَهُۥٓۚ إِنۡ هُوَ إِلَّا ذِكۡرٞ وَقُرۡءَانٞ مُّبِينٞ

Yɛankyerε (Muhammad) awensεm, na εmfata mma no, na mmom εyε afutusεm, εyε Qu’raan (a emu nsεm da adi) pefee, info
التفاسير:

external-link copy
70 : 36

لِّيُنذِرَ مَن كَانَ حَيّٗا وَيَحِقَّ ٱلۡقَوۡلُ عَلَى ٱلۡكَٰفِرِينَ

Sεdeε ͻde bεbͻ obi a ͻte aseε kͻkͻ, na asεm no ayε nyinasoᴐ atia boniayεfoͻ no. info
التفاسير: