Kilniojo Korano reikšmių vertimas - Vertimas į akanų k. - ašančių k. - Harūn Ismail

An-Nahl

external-link copy
1 : 16

أَتَىٰٓ أَمۡرُ ٱللَّهِ فَلَا تَسۡتَعۡجِلُوهُۚ سُبۡحَٰنَهُۥ وَتَعَٰلَىٰ عَمَّا يُشۡرِكُونَ

Onyankopͻn ahyεdeε no aba, enti εmma mo mpere ho. Kronkron Hene ne no; Ɔkorͻn kyεn deε wͻde bata Ne ho no. info
التفاسير:

external-link copy
2 : 16

يُنَزِّلُ ٱلۡمَلَٰٓئِكَةَ بِٱلرُّوحِ مِنۡ أَمۡرِهِۦ عَلَىٰ مَن يَشَآءُ مِنۡ عِبَادِهِۦٓ أَنۡ أَنذِرُوٓاْ أَنَّهُۥ لَآ إِلَٰهَ إِلَّآ أَنَا۠ فَٱتَّقُونِ

Ɔnam N’ahyԑdeԑ so ma Soro abͻfoͻ no de Honhom (Adiyisεm) no sane ba Ne nkoa no mu nea Ɔpε so sε: “Mommͻ (adasamma) kͻkͻ sε: “Awurade foforͻ biara nni hͻ ka Me ho, enti monsuro Me”. info
التفاسير:

external-link copy
3 : 16

خَلَقَ ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَٱلۡأَرۡضَ بِٱلۡحَقِّۚ تَعَٰلَىٰ عَمَّا يُشۡرِكُونَ

Ɔde nokorε no na abͻ soro ne asaase, Ɔyε Okokuroko korͻn paa kyεn deε wͻde bata Ne ho no. info
التفاسير:

external-link copy
4 : 16

خَلَقَ ٱلۡإِنسَٰنَ مِن نُّطۡفَةٖ فَإِذَا هُوَ خَصِيمٞ مُّبِينٞ

Ɔbͻͻ nipa firi ahobaeε mu, na hwε sε ͻno ne otiafoɔ pefee. info
التفاسير:

external-link copy
5 : 16

وَٱلۡأَنۡعَٰمَ خَلَقَهَاۖ لَكُمۡ فِيهَا دِفۡءٞ وَمَنَٰفِعُ وَمِنۡهَا تَأۡكُلُونَ

Ɛna Wabͻ nyεmmoa nso ama mo; wͻn ho no monya (ntaadeε a) εma mo ͻhyew, san (nya) mfasoͻ pii firi wͻn ho; na wͻn mu bi nso mowe (wͻn nnam). info
التفاسير:

external-link copy
6 : 16

وَلَكُمۡ فِيهَا جَمَالٌ حِينَ تُرِيحُونَ وَحِينَ تَسۡرَحُونَ

Monya wͻn ho anigyeε nso wͻ berε a mode wͻn reba fie anwummerε ne εberε a mode wͻn rekͻ adidie anͻpa. info
التفاسير: