وه‌رگێڕانی ماناكانی قورئانی پیرۆز - وەرگێڕاوی ئاکانی - ئەشانتی - هارون ئیسماعیل

ژمارەی پەڕە: 486:483 close

external-link copy
32 : 42

وَمِنۡ ءَايَٰتِهِ ٱلۡجَوَارِ فِي ٱلۡبَحۡرِ كَٱلۡأَعۡلَٰمِ

Nensεnkyerεnee no bi nso ne nsuo mu hyεn a εwͻ ɛpo so tesε mmepͻ. info
التفاسير:

external-link copy
33 : 42

إِن يَشَأۡ يُسۡكِنِ ٱلرِّيحَ فَيَظۡلَلۡنَ رَوَاكِدَ عَلَىٰ ظَهۡرِهِۦٓۚ إِنَّ فِي ذَٰلِكَ لَأٓيَٰتٖ لِّكُلِّ صَبَّارٖ شَكُورٍ

Sε Ɔpε a ͻbεma mframa no agyina na wͻn atεm dinn a wͻn nkeka wͻn ho koraa wͻ ɛpo no so. Nokorε sε nsεnkyerεnee wͻ wei mu dema obia ɔsi aboterε na ɔyi (Nyame) ayε. info
التفاسير:

external-link copy
34 : 42

أَوۡ يُوبِقۡهُنَّ بِمَا كَسَبُواْ وَيَعۡفُ عَن كَثِيرٖ

Anaasε (Ɔpε nso a) Ɔbεma wͻn amem εnam dwuma a wͻn nsa adie ho nti; Ɔde pii mpo kyε; info
التفاسير:

external-link copy
35 : 42

وَيَعۡلَمَ ٱلَّذِينَ يُجَٰدِلُونَ فِيٓ ءَايَٰتِنَا مَا لَهُم مِّن مَّحِيصٖ

Wͻn a wͻgye Yεn Nsεm no ho akyinnyeε no bɛhunu sε dwane-kͻbea biara nni hͻ ma wͻn. info
التفاسير:

external-link copy
36 : 42

فَمَآ أُوتِيتُم مِّن شَيۡءٖ فَمَتَٰعُ ٱلۡحَيَوٰةِ ٱلدُّنۡيَاۚ وَمَا عِندَ ٱللَّهِ خَيۡرٞ وَأَبۡقَىٰ لِلَّذِينَ ءَامَنُواْ وَعَلَىٰ رَبِّهِمۡ يَتَوَكَّلُونَ

Enti deε yεde ama mo biara no yε wiase asetena mu akͻnhoma, na deε εwͻ Nyankopͻn hͻ no, εno na εyε paa, na εno nso na εwͻ hͻ daa dema wͻn a wͻagye adie, na wͻn Wura Nyankopͻn so na wͻde wͻn ho toͻ- info
التفاسير:

external-link copy
37 : 42

وَٱلَّذِينَ يَجۡتَنِبُونَ كَبَٰٓئِرَ ٱلۡإِثۡمِ وَٱلۡفَوَٰحِشَ وَإِذَا مَا غَضِبُواْ هُمۡ يَغۡفِرُونَ

Ne wͻn a wͻtwe wͻn ho firi bͻne akεseε ne akohwi bra ho, na sε wͻn bofu mpo a, wͻde kyε. info
التفاسير:

external-link copy
38 : 42

وَٱلَّذِينَ ٱسۡتَجَابُواْ لِرَبِّهِمۡ وَأَقَامُواْ ٱلصَّلَوٰةَ وَأَمۡرُهُمۡ شُورَىٰ بَيۡنَهُمۡ وَمِمَّا رَزَقۡنَٰهُمۡ يُنفِقُونَ

Ne wͻn a wͻgye wͻn Wura Nyankopͻn frε no soͻ, na wͻfrε Nyame wͻ ne berε mu, na wͻn dwumadie (biara no wͻtena ase) kyerε wͻn adwen wͻ ho, na akyεdeε a Yεde akyε wͻn no wͻyi mu bi dema. info
التفاسير:

external-link copy
39 : 42

وَٱلَّذِينَ إِذَآ أَصَابَهُمُ ٱلۡبَغۡيُ هُمۡ يَنتَصِرُونَ

Ne wͻn a sε obi redi wͻn amim a (wͻngo wͻn ho mma saa nipa no, na mmom) wͻbͻ wͻn ho ban. info
التفاسير:

external-link copy
40 : 42

وَجَزَٰٓؤُاْ سَيِّئَةٖ سَيِّئَةٞ مِّثۡلُهَاۖ فَمَنۡ عَفَا وَأَصۡلَحَ فَأَجۡرُهُۥ عَلَى ٱللَّهِۚ إِنَّهُۥ لَا يُحِبُّ ٱلظَّٰلِمِينَ

Bͻne akatua ne bͻne no ara sεso; na mmom obi a ͻdebεkyε na wayε papa no, n’akatua wͻ Nyankopͻn hͻ. Nokorε sε (Onyankopͻn) mpε abͻneεfoͻ no asεm. info
التفاسير:

external-link copy
41 : 42

وَلَمَنِ ٱنتَصَرَ بَعۡدَ ظُلۡمِهِۦ فَأُوْلَٰٓئِكَ مَا عَلَيۡهِم مِّن سَبِيلٍ

Obia ͻbͻ ne ho ban wͻ εberε a obi adi no amim no, saa nkorͻfoͻ no deε εnsεsε yεfa kwan bi so tia wͻn (anaa yɛbɔ wͻn soboɔ). info
التفاسير:

external-link copy
42 : 42

إِنَّمَا ٱلسَّبِيلُ عَلَى ٱلَّذِينَ يَظۡلِمُونَ ٱلنَّاسَ وَيَبۡغُونَ فِي ٱلۡأَرۡضِ بِغَيۡرِ ٱلۡحَقِّۚ أُوْلَٰٓئِكَ لَهُمۡ عَذَابٌ أَلِيمٞ

(Wͻn a) εkwan wͻ hͻ (sε yɛbɔ wͻn soboɔ) ne wͻn a wͻdi amanfoͻ amim na wͻdi bͻne wͻ asaase no so a ɛnni ho kwan sε wͻyε (saa). Saa nkorͻfoͻ no na wͻbɛnya asotwee yaaya no. info
التفاسير:

external-link copy
43 : 42

وَلَمَن صَبَرَ وَغَفَرَ إِنَّ ذَٰلِكَ لَمِنۡ عَزۡمِ ٱلۡأُمُورِ

Nokorε sε obi a ɔbɛnya aboterε na ͻde bͻne afirie no, nokorε sε εno ne dwumadie a edi mmu (a Onyankopͻn pε). info
التفاسير:

external-link copy
44 : 42

وَمَن يُضۡلِلِ ٱللَّهُ فَمَا لَهُۥ مِن وَلِيّٖ مِّنۢ بَعۡدِهِۦۗ وَتَرَى ٱلظَّٰلِمِينَ لَمَّا رَأَوُاْ ٱلۡعَذَابَ يَقُولُونَ هَلۡ إِلَىٰ مَرَدّٖ مِّن سَبِيلٖ

Obi a Nyankopͻn ayera no no, ɔnni okyitaafoͻ (biara) wͻ N’akyi. Wobεhunu abͻneεfoͻ no wͻ εberε a wͻbɛhunu asotwee no sε, wͻreka sε: ”Enti εkwan biara nni hͻ a yεde bεsan (akͻ wiase bio)?” info
التفاسير: