クルアーンの対訳 - アカン語対訳 - アシャンティ語 - Haroun Ismaeel

Al-Inshiqaaq

external-link copy
1 : 84

إِذَا ٱلسَّمَآءُ ٱنشَقَّتۡ

Sε ͻsoro sunsuan asin-asin, info
التفاسير:

external-link copy
2 : 84

وَأَذِنَتۡ لِرَبِّهَا وَحُقَّتۡ

Na ɔtie ne Wura Nyankopͻn ahyεdeε a, εyε n’asεde (sε ͻyε sotie de ma ne Wura Nyankopͻn ahyεdeε). info
التفاسير:

external-link copy
3 : 84

وَإِذَا ٱلۡأَرۡضُ مُدَّتۡ

Na sε asaase no mu twe, info
التفاسير:

external-link copy
4 : 84

وَأَلۡقَتۡ مَا فِيهَا وَتَخَلَّتۡ

Na ɔyi deε εwͻ ne mu nyinaa firi adi, na εda mpan, info
التفاسير:

external-link copy
5 : 84

وَأَذِنَتۡ لِرَبِّهَا وَحُقَّتۡ

Na ɔtie ne Wura Nyankopͻn ahyεdeε a, εyε n’asεde (sε ͻyε sotie de ma ne Wura Nyankopͻn ahyεdeε). info
التفاسير:

external-link copy
6 : 84

يَٰٓأَيُّهَا ٱلۡإِنسَٰنُ إِنَّكَ كَادِحٌ إِلَىٰ رَبِّكَ كَدۡحٗا فَمُلَٰقِيهِ

Onipa dasani, bͻ mmͻden paa (di dwuma) a εkͻ wo Wura Nyankopͻn hͻ, na nokorε sε wobɛhyia no, (anaasε wobɛhyia wo dwumadie no so akatua, sε εyε papa anaasε bͻne). info
التفاسير:

external-link copy
7 : 84

فَأَمَّا مَنۡ أُوتِيَ كِتَٰبَهُۥ بِيَمِينِهِۦ

(Saa Da no) obi a, yεde ne (Dwumadie ho) Nwoma bεma no wͻ ne nsa nifa mu no, info
التفاسير:

external-link copy
8 : 84

فَسَوۡفَ يُحَاسَبُ حِسَابٗا يَسِيرٗا

(Saa nipa no) bɛbu nkonta a εyε mmrε, info
التفاسير:

external-link copy
9 : 84

وَيَنقَلِبُ إِلَىٰٓ أَهۡلِهِۦ مَسۡرُورٗا

Na ͻbεdane ne ho akͻ n’abusuafoͻ hͻ wͻ anigyeε mu. info
التفاسير:

external-link copy
10 : 84

وَأَمَّا مَنۡ أُوتِيَ كِتَٰبَهُۥ وَرَآءَ ظَهۡرِهِۦ

Na mmom obi a yεde ne Nwoma bεfa n’akyi ama no wͻ n’akyi no, info
التفاسير:

external-link copy
11 : 84

فَسَوۡفَ يَدۡعُواْ ثُبُورٗا

Ɔbɛsu afrε owuo, info
التفاسير:

external-link copy
12 : 84

وَيَصۡلَىٰ سَعِيرًا

Na ͻbεkͻ Ogya frama mu. info
التفاسير:

external-link copy
13 : 84

إِنَّهُۥ كَانَ فِيٓ أَهۡلِهِۦ مَسۡرُورًا

(Ԑberε a na ͻwͻ wiaseε no) na n’ani gye wͻ n’abusuafoͻ mu. info
التفاسير:

external-link copy
14 : 84

إِنَّهُۥ ظَنَّ أَن لَّن يَحُورَ

Nokorε sε na ͻdwen sε ͻnsan nkͻ (Nyankopͻn) hͻ bio. info
التفاسير:

external-link copy
15 : 84

بَلَىٰٓۚ إِنَّ رَبَّهُۥ كَانَ بِهِۦ بَصِيرٗا

Aane, nokorε sε na ne Wura Nyankopͻn hu no (abrε biara). info
التفاسير:

external-link copy
16 : 84

فَلَآ أُقۡسِمُ بِٱلشَّفَقِ

Mede tͻ-wia, anaasε εberε a awia akͻtͻ ama ewiem ayε kͻͻ no, info
التفاسير:

external-link copy
17 : 84

وَٱلَّيۡلِ وَمَا وَسَقَ

Ne Anadwo, ne adeε biara a anadwo ka no soͻ, anaasε εboa ano wͻ faako, info
التفاسير:

external-link copy
18 : 84

وَٱلۡقَمَرِ إِذَا ٱتَّسَقَ

Ne εberε a bosome bɛnyini atwa kanko no di nse sε: info
التفاسير:

external-link copy
19 : 84

لَتَرۡكَبُنَّ طَبَقًا عَن طَبَقٖ

“Nokorε, mobεforo afri gyinabrε mu, akͻ gyinabrε mu (wͻ wiase ne Daakye), info
التفاسير:

external-link copy
20 : 84

فَمَا لَهُمۡ لَا يُؤۡمِنُونَ

Na afei εdeεn na εha wͻn a enti wͻnnye (Nokorε no) nnie, info
التفاسير:

external-link copy
21 : 84

وَإِذَا قُرِئَ عَلَيۡهِمُ ٱلۡقُرۡءَانُ لَا يَسۡجُدُونَۤ۩

Na sε yεrekenkan Qur’aan kyerε wͻn a wͻmmfa wͻn anim mmutu fͻm? info
التفاسير:

external-link copy
22 : 84

بَلِ ٱلَّذِينَ كَفَرُواْ يُكَذِّبُونَ

Aane, wͻn a wͻnnye nnie no fa no sε atorͻsεm. info
التفاسير:

external-link copy
23 : 84

وَٱللَّهُ أَعۡلَمُ بِمَا يُوعُونَ

Nyankopͻn deε Ɔnim deε wͻde suma. info
التفاسير:

external-link copy
24 : 84

فَبَشِّرۡهُم بِعَذَابٍ أَلِيمٍ

Enti fa asotwee yaaya no ho anohoba no bͻ wͻn. info
التفاسير:

external-link copy
25 : 84

إِلَّا ٱلَّذِينَ ءَامَنُواْ وَعَمِلُواْ ٱلصَّٰلِحَٰتِ لَهُمۡ أَجۡرٌ غَيۡرُ مَمۡنُونِۭ

Na mmom wͻn a wͻagye (Nokorε no) adie na wͻdi dwuma pa no deε, wͻn wͻ akatua a enni awieε. info
التفاسير: