クルアーンの対訳 - アカン語対訳 - アシャンティ語 - Haroun Ismaeel

Toahaa

external-link copy
1 : 20

طه

Toaa - Haa info
التفاسير:

external-link copy
2 : 20

مَآ أَنزَلۡنَا عَلَيۡكَ ٱلۡقُرۡءَانَ لِتَشۡقَىٰٓ

(Nkͻmhyεni) Yɛansiane Qur’aan amma wo sεdeε wobεsopa. info
التفاسير:

external-link copy
3 : 20

إِلَّا تَذۡكِرَةٗ لِّمَن يَخۡشَىٰ

Na mmom εyε afutusεm dema obi a osuro Nyankopͻn. info
التفاسير:

external-link copy
4 : 20

تَنزِيلٗا مِّمَّنۡ خَلَقَ ٱلۡأَرۡضَ وَٱلسَّمَٰوَٰتِ ٱلۡعُلَى

Ɛyε Adiyisεm a efri Nea Ɔbͻͻ asaase ne ͻsoro a εkorͻn no hͻ. info
التفاسير:

external-link copy
5 : 20

ٱلرَّحۡمَٰنُ عَلَى ٱلۡعَرۡشِ ٱسۡتَوَىٰ

Ahummͻborͻ Hene no a, Ɔte tumi ahennwa no soͻ no. info
التفاسير:

external-link copy
6 : 20

لَهُۥ مَا فِي ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَمَا فِي ٱلۡأَرۡضِ وَمَا بَيۡنَهُمَا وَمَا تَحۡتَ ٱلثَّرَىٰ

Deε εwͻ soro ne deε εwͻ asaase so, ne deε εwͻ ne mmienu mfinifii ne deε εwͻ asaase ase nyinaa yε Ne dea. info
التفاسير:

external-link copy
7 : 20

وَإِن تَجۡهَرۡ بِٱلۡقَوۡلِ فَإِنَّهُۥ يَعۡلَمُ ٱلسِّرَّ وَأَخۡفَى

Sε woka asεm bi ma no pue a, nokorε sε Onim kokoa mu asԑm ne deε asuma kyԑn saa (nyinaa). info
التفاسير:

external-link copy
8 : 20

ٱللَّهُ لَآ إِلَٰهَ إِلَّا هُوَۖ لَهُ ٱلۡأَسۡمَآءُ ٱلۡحُسۡنَىٰ

Onyankopͻn, awurade foforͻ biara nnihͻ gyesε Ɔno nko ara. Ɔno na abodin pa nyinaa wͻ no. info
التفاسير:

external-link copy
9 : 20

وَهَلۡ أَتَىٰكَ حَدِيثُ مُوسَىٰٓ

Enti Mose ho asεm no abɛduru wo hͻ? info
التفاسير:

external-link copy
10 : 20

إِذۡ رَءَا نَارٗا فَقَالَ لِأَهۡلِهِ ٱمۡكُثُوٓاْ إِنِّيٓ ءَانَسۡتُ نَارٗا لَّعَلِّيٓ ءَاتِيكُم مِّنۡهَا بِقَبَسٍ أَوۡ أَجِدُ عَلَى ٱلنَّارِ هُدٗى

Ɛberε a ohunuu egya bi, ͻka kyerεε n’abusuafoͻ no sε: “Montwεn, nokorε sε mahunu egya bi, na ebia mede gya-sramma bi befri mu abrε mo, anaasε menya kwan kyerε bi wͻ ogya no ho. info
التفاسير:

external-link copy
11 : 20

فَلَمَّآ أَتَىٰهَا نُودِيَ يَٰمُوسَىٰٓ

Ԑberε a ͻbaa (egya no) ho no, εnee bi frεε (no) sε: “ Musa !” info
التفاسير:

external-link copy
12 : 20

إِنِّيٓ أَنَا۠ رَبُّكَ فَٱخۡلَعۡ نَعۡلَيۡكَ إِنَّكَ بِٱلۡوَادِ ٱلۡمُقَدَّسِ طُوٗى

Nokorε sε, Me ne wo Wura Nyankopͻn no, enti worͻ wo mpaboa no, efrisε wo wͻ eku anaasε bonhwa kronkron Tuwa no mu. info
التفاسير: