Traduzione dei Significati del Sacro Corano - Traduzione akan - ashanti - Haarun Isma'il

Al-Mujaadila

external-link copy
1 : 58

قَدۡ سَمِعَ ٱللَّهُ قَوۡلَ ٱلَّتِي تُجَٰدِلُكَ فِي زَوۡجِهَا وَتَشۡتَكِيٓ إِلَى ٱللَّهِ وَٱللَّهُ يَسۡمَعُ تَحَاوُرَكُمَآۚ إِنَّ ٱللَّهَ سَمِيعُۢ بَصِيرٌ

(Nkͻmhyεni), ampa sε Nyankopͻn ate (ͻbaa) no a ͻne wo rekasa fa ne kunu ho na ͻde n’asεm ato Nyankopͻn anim no asεm no, na Nyankopͻn te mo mmienu nkͻmmͻ no. Nokorε sε Onyankopͻn ne Otiefoͻ a Ɔte biribiara, na Ɔno ara nso na Ohu biribiara. info
التفاسير:

external-link copy
2 : 58

ٱلَّذِينَ يُظَٰهِرُونَ مِنكُم مِّن نِّسَآئِهِم مَّا هُنَّ أُمَّهَٰتِهِمۡۖ إِنۡ أُمَّهَٰتُهُمۡ إِلَّا ٱلَّٰٓـِٔي وَلَدۡنَهُمۡۚ وَإِنَّهُمۡ لَيَقُولُونَ مُنكَرٗا مِّنَ ٱلۡقَوۡلِ وَزُورٗاۚ وَإِنَّ ٱللَّهَ لَعَفُوٌّ غَفُورٞ

Wͻn a wͻgyae wͻn yerenom wͻ mo mu sε wͻafrε wͻn sε wͻn maame nti no, εnyε wͻn maamenom ne wͻn. Wͻn maamenom ne wͻn a wͻwoo wͻn. Nokorε sε wͻkeka abususεm ne nkontomposεm. Nokorε sε Onyankopͻn ne Bͻnefafri Hene, Ɔne Bͻnefakyε Hene. info
التفاسير:

external-link copy
3 : 58

وَٱلَّذِينَ يُظَٰهِرُونَ مِن نِّسَآئِهِمۡ ثُمَّ يَعُودُونَ لِمَا قَالُواْ فَتَحۡرِيرُ رَقَبَةٖ مِّن قَبۡلِ أَن يَتَمَآسَّاۚ ذَٰلِكُمۡ تُوعَظُونَ بِهِۦۚ وَٱللَّهُ بِمَا تَعۡمَلُونَ خَبِيرٞ

Wͻn a wͻgyae wͻn yerenom sε wͻafrε wͻn sε wͻn maame nti, na afei wͻresan wͻn akyi wͻ asεm a wͻkaeε no ho no, εsεsε wͻma ͻdͻnkͻ faahodie ansa na wͻde wͻn ho aka wͻn ho. Woi ho na Nyankopͻn retu mo foͻ. Nyankopͻn ne dwuma a modie ho amanebᴐfoᴐ. info
التفاسير:

external-link copy
4 : 58

فَمَن لَّمۡ يَجِدۡ فَصِيَامُ شَهۡرَيۡنِ مُتَتَابِعَيۡنِ مِن قَبۡلِ أَن يَتَمَآسَّاۖ فَمَن لَّمۡ يَسۡتَطِعۡ فَإِطۡعَامُ سِتِّينَ مِسۡكِينٗاۚ ذَٰلِكَ لِتُؤۡمِنُواْ بِٱللَّهِ وَرَسُولِهِۦۚ وَتِلۡكَ حُدُودُ ٱللَّهِۗ وَلِلۡكَٰفِرِينَ عَذَابٌ أَلِيمٌ

Na obia ɔnnya (dͻnkͻ no), ͻbεkyene kͻm bosome mmienu atoatoa so ansa na wͻde wͻn ho aka wͻn ho, na obi a ɔntumi (akͻm kyene no) bεma ahiafoͻ aduosia aduane. Woi na εkyerε sε moagye Nyankopͻn ne Ne somafoͻ no adi. Na woinom ne Nyankopͻn mmra. Na wͻn a wͻnnye nnie no wͻ asotwee a εyε ya paa. info
التفاسير:

external-link copy
5 : 58

إِنَّ ٱلَّذِينَ يُحَآدُّونَ ٱللَّهَ وَرَسُولَهُۥ كُبِتُواْ كَمَا كُبِتَ ٱلَّذِينَ مِن قَبۡلِهِمۡۚ وَقَدۡ أَنزَلۡنَآ ءَايَٰتِۭ بَيِّنَٰتٖۚ وَلِلۡكَٰفِرِينَ عَذَابٞ مُّهِينٞ

Nokorε sε wͻn a wͻko tia Nyankopͻn ne Ne somafoͻ no, yεbɛgu wͻn anim ase sεdeε yɛguu wͻn a wͻdii wͻn anim kan no anim aseε no; na ampa sε Yɛasiane nsεnkyerεnee pefee. Na boniayεfoͻ no deε wͻn wͻ animguaseε asotwee. info
التفاسير:

external-link copy
6 : 58

يَوۡمَ يَبۡعَثُهُمُ ٱللَّهُ جَمِيعٗا فَيُنَبِّئُهُم بِمَا عَمِلُوٓاْۚ أَحۡصَىٰهُ ٱللَّهُ وَنَسُوهُۚ وَٱللَّهُ عَلَىٰ كُلِّ شَيۡءٖ شَهِيدٌ

Ɛda a Nyankopͻn bɛnyane wͻn nyinaa no, Ɔbɛbisa wͻn dwuma a wͻdiiε no ho asεm. Nyankopͻn atwerε ato hͻ, aberε a wͻn deε wͻn werε afire. Onyankopͻn deε Odi biribiara ho adanseε. info
التفاسير: