Traduction des sens du Noble Coran - La traduction akan - asante - Hârûn Ismâ'îl

Numéro de la page:close

external-link copy
154 : 2

وَلَا تَقُولُواْ لِمَن يُقۡتَلُ فِي سَبِيلِ ٱللَّهِ أَمۡوَٰتُۢۚ بَلۡ أَحۡيَآءٞ وَلَٰكِن لَّا تَشۡعُرُونَ

Monhwε na moanka amfa wͻn a yaku wͻn wͻ Nyankopͻn kwan soͻ no ho sε: “Wͻn awu”. Daabi, wͻn wͻ nkwa mu, nanso monnhu nti. info
التفاسير:

external-link copy
155 : 2

وَلَنَبۡلُوَنَّكُم بِشَيۡءٖ مِّنَ ٱلۡخَوۡفِ وَٱلۡجُوعِ وَنَقۡصٖ مِّنَ ٱلۡأَمۡوَٰلِ وَٱلۡأَنفُسِ وَٱلثَّمَرَٰتِۗ وَبَشِّرِ ٱلصَّٰبِرِينَ

Ampa sε, Yεde biribi a εyε huu, ne ͻkͻm, ne agyapadeε ne nkwa (hwereε) ne nnuaba (sεeε) bεyε mo nsͻhwε. Na fa anigyesεm no hyε aboterεfoͻ no bͻ; info
التفاسير:

external-link copy
156 : 2

ٱلَّذِينَ إِذَآ أَصَٰبَتۡهُم مُّصِيبَةٞ قَالُوٓاْ إِنَّا لِلَّهِ وَإِنَّآ إِلَيۡهِ رَٰجِعُونَ

Wͻn a sε mmusuo bi to wͻn a deε wͻ’ka ne sε: “Yε’yε Nyankopͻn dea, na Nehͻ na yεbεsan akͻ ” info
التفاسير:

external-link copy
157 : 2

أُوْلَٰٓئِكَ عَلَيۡهِمۡ صَلَوَٰتٞ مِّن رَّبِّهِمۡ وَرَحۡمَةٞۖ وَأُوْلَٰٓئِكَ هُمُ ٱلۡمُهۡتَدُونَ

Saa nkorͻfoͻ no na nhyira ne ahummͻborͻ a efiri wͻn Wura (Nyankopͻn) hͻ no wͻ wͻn soɔ, na saa nkorͻfoͻ no ne ateneneefoͻ no. info
التفاسير:

external-link copy
158 : 2

۞ إِنَّ ٱلصَّفَا وَٱلۡمَرۡوَةَ مِن شَعَآئِرِ ٱللَّهِۖ فَمَنۡ حَجَّ ٱلۡبَيۡتَ أَوِ ٱعۡتَمَرَ فَلَا جُنَاحَ عَلَيۡهِ أَن يَطَّوَّفَ بِهِمَاۚ وَمَن تَطَوَّعَ خَيۡرٗا فَإِنَّ ٱللَّهَ شَاكِرٌ عَلِيمٌ

Nokorε sε, Safa ne Marwa ka Nyankopͻn nsεnkyerεnee no ho, enti obi a ͻbεyε (Ka’aba) Fie no ho Haji, anaa ɔbεkͻ hͻ akɔyɛ Umura no, bɔne biara nni ne so sε ɔbetwa ne mmienu no ho ahyia. Na obi a, ɔbefiri ɔno ara ne pε mu ayε papa bi no, nokorε sε Nyankopͻn na Oyi ayε, na Ɔne Onimdefoɔ. info
التفاسير:

external-link copy
159 : 2

إِنَّ ٱلَّذِينَ يَكۡتُمُونَ مَآ أَنزَلۡنَا مِنَ ٱلۡبَيِّنَٰتِ وَٱلۡهُدَىٰ مِنۢ بَعۡدِ مَا بَيَّنَّٰهُ لِلنَّاسِ فِي ٱلۡكِتَٰبِ أُوْلَٰٓئِكَ يَلۡعَنُهُمُ ٱللَّهُ وَيَلۡعَنُهُمُ ٱللَّٰعِنُونَ

Nokorε sε, wͻn a wͻ’de adeε a Y’asiane aba a εyε nyinasoͻ pefee ne kwankyerε no sie wͻ akyire yi a Y’ada no adi akyerε nnipa wͻ Nwoma no mu no, saa nkorͻfoͻ no na Nyankopͻn nnomee ne obiara a ͻdome no nnomee wͻ wͻn soͻ. info
التفاسير:

external-link copy
160 : 2

إِلَّا ٱلَّذِينَ تَابُواْ وَأَصۡلَحُواْ وَبَيَّنُواْ فَأُوْلَٰٓئِكَ أَتُوبُ عَلَيۡهِمۡ وَأَنَا ٱلتَّوَّابُ ٱلرَّحِيمُ

Gyesε wͻn a wͻ’sakra wͻn adwen na wͻ’toto ntotoeε pa, na wͻ’da (Nsεm no) adi (kyerε amanfoͻ), saa nkorͻfoͻ no deε Metie wͻn adwen sakra no (efrisε) Me na Metie obi a ͻsakra n’adwen no adwen sakra, (na Mene) Mmͻborͻhunufoͻ Hene no. info
التفاسير:

external-link copy
161 : 2

إِنَّ ٱلَّذِينَ كَفَرُواْ وَمَاتُواْ وَهُمۡ كُفَّارٌ أُوْلَٰٓئِكَ عَلَيۡهِمۡ لَعۡنَةُ ٱللَّهِ وَٱلۡمَلَٰٓئِكَةِ وَٱلنَّاسِ أَجۡمَعِينَ

Nokorε sε wͻn a wͻ’po nokorε no, na wͻ’wu wͻ (Kaafir) boniayε mu no, saa nkorͻfoͻ no na Nyankopͻn ne Soro abͻfoͻ ne nnipa nyinaa nnomee wͻ wͻn soͻ. info
التفاسير:

external-link copy
162 : 2

خَٰلِدِينَ فِيهَا لَا يُخَفَّفُ عَنۡهُمُ ٱلۡعَذَابُ وَلَا هُمۡ يُنظَرُونَ

Emu na wͻ’bεtena, na asotwee no mu nnyε mmerε mma wͻn koraa, na yεmma wͻn (ahomegye) berε nso. info
التفاسير:

external-link copy
163 : 2

وَإِلَٰهُكُمۡ إِلَٰهٞ وَٰحِدٞۖ لَّآ إِلَٰهَ إِلَّا هُوَ ٱلرَّحۡمَٰنُ ٱلرَّحِيمُ

Mo Awurade Nyankopͻn no Ɔyε Awurade baako, Awurade (foforͻ) biara nni hͻ gyesε Ɔno nko ara. Ɔne Ahummͻborͻ Hene no, Ɔdεεfoͻ Hene no. info
التفاسير: