Traducción de los significados del Sagrado Corán - Traducción akan - ashanti - Haroun Ismaeel

Número de página:close

external-link copy
53 : 8

ذَٰلِكَ بِأَنَّ ٱللَّهَ لَمۡ يَكُ مُغَيِّرٗا نِّعۡمَةً أَنۡعَمَهَا عَلَىٰ قَوۡمٍ حَتَّىٰ يُغَيِّرُواْ مَا بِأَنفُسِهِمۡ وَأَنَّ ٱللَّهَ سَمِيعٌ عَلِيمٞ

Saa na εteε, efirisε, Nyankopͻn nsesa adom bi a Ɔde ama amanfoͻ bi gyesε wͻn ara sesa no. Nokorε sε Nyankopͻn ne Otiefoͻ a Ɔte biribiara, Ɔne Onimdefoͻ a Ɔnim biribiara. info
التفاسير:

external-link copy
54 : 8

كَدَأۡبِ ءَالِ فِرۡعَوۡنَ وَٱلَّذِينَ مِن قَبۡلِهِمۡۚ كَذَّبُواْ بِـَٔايَٰتِ رَبِّهِمۡ فَأَهۡلَكۡنَٰهُم بِذُنُوبِهِمۡ وَأَغۡرَقۡنَآ ءَالَ فِرۡعَوۡنَۚ وَكُلّٞ كَانُواْ ظَٰلِمِينَ

Wͻtesε Farao nkorͻfoͻ no, ne wͻn a wͻdii wͻn anim kan no. Wͻfaa wͻn Wura Nyankopͻn Nsεm no atorͻsεm, enti Yεde wͻn bͻne no sεee wͻn. Yεmaa nsuo faa Farao nkorͻfoͻ. Na wͻn nyinaa yε abͻneεfoͻ. info
التفاسير:

external-link copy
55 : 8

إِنَّ شَرَّ ٱلدَّوَآبِّ عِندَ ٱللَّهِ ٱلَّذِينَ كَفَرُواْ فَهُمۡ لَا يُؤۡمِنُونَ

Nokorε sε, abͻdeε bͻne wͻ Nyankopͻn anim ne wͻn a wͻyi boniayε na wͻnnye (Nyankopͻn Nsεm no) nnie. info
التفاسير:

external-link copy
56 : 8

ٱلَّذِينَ عَٰهَدتَّ مِنۡهُمۡ ثُمَّ يَنقُضُونَ عَهۡدَهُمۡ فِي كُلِّ مَرَّةٖ وَهُمۡ لَا يَتَّقُونَ

(Nkͻmhyεni), wͻn a wone wͻn yε apam a aberε biara wͻbu wͻn apam no soͻ no, wͻnsuro Nyame. info
التفاسير:

external-link copy
57 : 8

فَإِمَّا تَثۡقَفَنَّهُمۡ فِي ٱلۡحَرۡبِ فَشَرِّدۡ بِهِم مَّنۡ خَلۡفَهُمۡ لَعَلَّهُمۡ يَذَّكَّرُونَ

Enti sε wodi wͻn so nkonim wͻ ͻkoo mu a, twe wͻn aso papaapa na fa pamo wͻn a wͻwͻ wͻn akyire no, sεdeε wͻde bεyε afutuo. info
التفاسير:

external-link copy
58 : 8

وَإِمَّا تَخَافَنَّ مِن قَوۡمٍ خِيَانَةٗ فَٱنۢبِذۡ إِلَيۡهِمۡ عَلَىٰ سَوَآءٍۚ إِنَّ ٱللَّهَ لَا يُحِبُّ ٱلۡخَآئِنِينَ

(Nkͻmhyεni), sε wonya suro wͻ amanfoͻ bi ho sε wͻbɛdi wo hwammͻ a, to (wͻn apam no) san ma wͻn (wͻ nhyehyεε) pa so, efirisε Nyankopͻn mpε wͻn a wͻdi hwammͻ no asεm. info
التفاسير:

external-link copy
59 : 8

وَلَا يَحۡسَبَنَّ ٱلَّذِينَ كَفَرُواْ سَبَقُوٓاْۚ إِنَّهُمۡ لَا يُعۡجِزُونَ

Ɛmma wͻn a wͻyi (Nyankopͻn Asεm no ho) boniayε no adwen nyε wͻn sε wͻbɛtumi asan (Yεn ho), nokorε sε wͻntumi mma (Nyankopͻn nhyehyεε) nyε kwa. info
التفاسير:

external-link copy
60 : 8

وَأَعِدُّواْ لَهُم مَّا ٱسۡتَطَعۡتُم مِّن قُوَّةٖ وَمِن رِّبَاطِ ٱلۡخَيۡلِ تُرۡهِبُونَ بِهِۦ عَدُوَّ ٱللَّهِ وَعَدُوَّكُمۡ وَءَاخَرِينَ مِن دُونِهِمۡ لَا تَعۡلَمُونَهُمُ ٱللَّهُ يَعۡلَمُهُمۡۚ وَمَا تُنفِقُواْ مِن شَيۡءٖ فِي سَبِيلِ ٱللَّهِ يُوَفَّ إِلَيۡكُمۡ وَأَنتُمۡ لَا تُظۡلَمُونَ

Monfa apͻnkͻ a yεde kͻ koo (ne atuo ne akodeε ahodoͻ biara) a moahoͻden bɛtumi nyε ahoboa ntwεn wͻn, mfa mmͻ Nyankopͻn atamfoͻ ne moatamfoͻ no ne wͻn a wͻka wͻn ho no hu; monnim wͻn, Nyankopͻn na Ɔnim wͻn. Biribiara a mobɛyi de ama wͻ Nyankopͻn kwan soͻ no, Yεbɛtua no pεpεεpε ama mo, na Yɛnsisi mo. info
التفاسير:

external-link copy
61 : 8

۞ وَإِن جَنَحُواْ لِلسَّلۡمِ فَٱجۡنَحۡ لَهَا وَتَوَكَّلۡ عَلَى ٱللَّهِۚ إِنَّهُۥ هُوَ ٱلسَّمِيعُ ٱلۡعَلِيمُ

Sε wͻdane wͻn ho kͻ asomdwoeε so a, dane woho kͻ so bi, na fa wo ho to Nyankopͻn so, nokorε sε, Ɔne Otiefoͻ a Ɔte biribiara no, Ɔne Onimdefoͻ no. info
التفاسير: