Traducción de los significados del Sagrado Corán - Traducción akan - ashanti - Haroun Ismaeel

Número de página: 475:467 close

external-link copy
78 : 40

وَلَقَدۡ أَرۡسَلۡنَا رُسُلٗا مِّن قَبۡلِكَ مِنۡهُم مَّن قَصَصۡنَا عَلَيۡكَ وَمِنۡهُم مَّن لَّمۡ نَقۡصُصۡ عَلَيۡكَۗ وَمَا كَانَ لِرَسُولٍ أَن يَأۡتِيَ بِـَٔايَةٍ إِلَّا بِإِذۡنِ ٱللَّهِۚ فَإِذَا جَآءَ أَمۡرُ ٱللَّهِ قُضِيَ بِٱلۡحَقِّ وَخَسِرَ هُنَالِكَ ٱلۡمُبۡطِلُونَ

Ampa sε Yεsomaa asomafoͻ dii w’anim kan; wͻn mu bi wͻhͻ a Yɛaka wͻn ho abakᴐsεm akyerε woͻ, na wͻn mu bi nso wͻhͻ a Yεnkaa wͻn ho abakᴐsεm nkyerεε wo. Na εmma sε ͻsomafoͻ bi de nsεnkyerεnee bi bεba, gyesε Nyankopͻn ma ho kwan. Enti sε Nyankopͻn ahyεdeε no ba a, nokorε no na yεde bɛbu atεn, na εhͻ no wͻn a wͻdii atorͻsεm akyi no abrε agu. info
التفاسير:

external-link copy
79 : 40

ٱللَّهُ ٱلَّذِي جَعَلَ لَكُمُ ٱلۡأَنۡعَٰمَ لِتَرۡكَبُواْ مِنۡهَا وَمِنۡهَا تَأۡكُلُونَ

Onyankopͻn na Wayε nyεmmoa ama mo sεdeε mobεtena wͻn mu bi soᴐ, na wͻn mu bi nso moawe wͻn (nnam). info
التفاسير:

external-link copy
80 : 40

وَلَكُمۡ فِيهَا مَنَٰفِعُ وَلِتَبۡلُغُواْ عَلَيۡهَا حَاجَةٗ فِي صُدُورِكُمۡ وَعَلَيۡهَا وَعَلَى ٱلۡفُلۡكِ تُحۡمَلُونَ

Monya mfasoͻ (pii) nso firi wͻn so, sεdeε mobεtena wͻn so afa wͻn so aduru mobotaeε a εwͻ moakoma mu, εna nsuo mu hyεn nso a motena mu. info
التفاسير:

external-link copy
81 : 40

وَيُرِيكُمۡ ءَايَٰتِهِۦ فَأَيَّ ءَايَٰتِ ٱللَّهِ تُنكِرُونَ

Ɔrekyerε mo Nensεkyerεnee. Enti Onyankopͻn nsεnkyerεnee no mu deε εwͻ hen na mompε? info
التفاسير:

external-link copy
82 : 40

أَفَلَمۡ يَسِيرُواْ فِي ٱلۡأَرۡضِ فَيَنظُرُواْ كَيۡفَ كَانَ عَٰقِبَةُ ٱلَّذِينَ مِن قَبۡلِهِمۡۚ كَانُوٓاْ أَكۡثَرَ مِنۡهُمۡ وَأَشَدَّ قُوَّةٗ وَءَاثَارٗا فِي ٱلۡأَرۡضِ فَمَآ أَغۡنَىٰ عَنۡهُم مَّا كَانُواْ يَكۡسِبُونَ

Anaasε wͻntuu kwan wͻ asaase no so nhwεε sεdeε wͻn a wͻdii wͻn anim kan no awieeε si wieeε? Na wͻdͻͻso kyεn wͻn, na wͻn ho nso yε den kyεn wͻn, (wͻyεε) nsεnkyerεne-deε (pii) wͻ asaase no so. Nanso deε wͻn nsa kaeε no ho amma mfasoͻ amma wͻn. info
التفاسير:

external-link copy
83 : 40

فَلَمَّا جَآءَتۡهُمۡ رُسُلُهُم بِٱلۡبَيِّنَٰتِ فَرِحُواْ بِمَا عِندَهُم مِّنَ ٱلۡعِلۡمِ وَحَاقَ بِهِم مَّا كَانُواْ بِهِۦ يَسۡتَهۡزِءُونَ

Ԑberε a wͻn Asomafoͻ no de nyinasoͻ ne nkyerεkyerεmu pefee no brεε wͻn no, wͻn ani gyee nimdeε a na wͻn wͻ no ho, na deε wͻdii ho fεw no twaa wͻn ho hyiae. info
التفاسير:

external-link copy
84 : 40

فَلَمَّا رَأَوۡاْ بَأۡسَنَا قَالُوٓاْ ءَامَنَّا بِٱللَّهِ وَحۡدَهُۥ وَكَفَرۡنَا بِمَا كُنَّا بِهِۦ مُشۡرِكِينَ

Ɛberε a wͻhunuu Y’asotwee no, wͻkaa sε: “Yɛagye Onyankopͻn nko ara adi, na yɛapo deε yεde bata Neho no “. info
التفاسير:

external-link copy
85 : 40

فَلَمۡ يَكُ يَنفَعُهُمۡ إِيمَٰنُهُمۡ لَمَّا رَأَوۡاْ بَأۡسَنَاۖ سُنَّتَ ٱللَّهِ ٱلَّتِي قَدۡ خَلَتۡ فِي عِبَادِهِۦۖ وَخَسِرَ هُنَالِكَ ٱلۡكَٰفِرُونَ

Nanso wͻn gyidie no ho amma mfasoͻ amma wͻn wͻ εberε a wͻhunuu Y’asotwee no. (Saa na) Nyankopͻn kwan a watwa ato hͻ ama nenkoa no (siteε), na εhͻ deԑ na boniayεfoͻ no abrε agu. info
التفاسير: