Traducción de los significados del Sagrado Corán - Traducción akan - ashanti - Haroun Ismaeel

Número de página:close

external-link copy
46 : 18

ٱلۡمَالُ وَٱلۡبَنُونَ زِينَةُ ٱلۡحَيَوٰةِ ٱلدُّنۡيَاۖ وَٱلۡبَٰقِيَٰتُ ٱلصَّٰلِحَٰتُ خَيۡرٌ عِندَ رَبِّكَ ثَوَابٗا وَخَيۡرٌ أَمَلٗا

Sika anaa ahonyadeε ne mma yε wiase yi mu afεεfεdeε; na deε εwͻ hͻ daa ne dwumadi pa; εno na εyε wͻ wo Wura (Nyankopͻn) hͻ, na εno nso na εwͻ akatua pa ne anidaasoͻ pa. info
التفاسير:

external-link copy
47 : 18

وَيَوۡمَ نُسَيِّرُ ٱلۡجِبَالَ وَتَرَى ٱلۡأَرۡضَ بَارِزَةٗ وَحَشَرۡنَٰهُمۡ فَلَمۡ نُغَادِرۡ مِنۡهُمۡ أَحَدٗا

Ɛda a Yεbεma mmepͻ atutu afri hͻ no, wobɛhunu sε asaase bεda so frεtεtεtεtε, na Yεbεboa wͻn nyinaa ano na Yɛnnya wͻn mu biara wͻ akyire. info
التفاسير:

external-link copy
48 : 18

وَعُرِضُواْ عَلَىٰ رَبِّكَ صَفّٗا لَّقَدۡ جِئۡتُمُونَا كَمَا خَلَقۡنَٰكُمۡ أَوَّلَ مَرَّةِۭۚ بَلۡ زَعَمۡتُمۡ أَلَّن نَّجۡعَلَ لَكُم مَّوۡعِدٗا

Yεde wͻn bεba wͻ wo Wura Nyankopͻn anim a wͻn ato santen. (Nyankopͻn bεka sε): “Nokorε sε moaba Yεn hͻ sεdeε Yɛdii kan bͻͻ mo no ara. Daabi, na modwen sε, Yεnhyεε εberε biara mmaa mo. info
التفاسير:

external-link copy
49 : 18

وَوُضِعَ ٱلۡكِتَٰبُ فَتَرَى ٱلۡمُجۡرِمِينَ مُشۡفِقِينَ مِمَّا فِيهِ وَيَقُولُونَ يَٰوَيۡلَتَنَا مَالِ هَٰذَا ٱلۡكِتَٰبِ لَا يُغَادِرُ صَغِيرَةٗ وَلَا كَبِيرَةً إِلَّآ أَحۡصَىٰهَاۚ وَوَجَدُواْ مَا عَمِلُواْ حَاضِرٗاۗ وَلَا يَظۡلِمُ رَبُّكَ أَحَدٗا

Yεde (mo dwumadie ho) Nwoma no bεto (mo anim) na wobehunu sε, abͻnefoͻ no bεbͻ hu wͻ deε εwͻ mu no ho, na wͻbεka sε: “Adi ayε yεn! Nwoma bεn na ennya (asεm) ketewa anaa kεseε (biara) na mmom gyesε εsese (ne nyinaa yi)? Wͻbɛhunu deε wͻyͻeε nyinaa sε abεda wͻn anim. Wo Wura Nyankopͻn deε Onni obiara amim. info
التفاسير:

external-link copy
50 : 18

وَإِذۡ قُلۡنَا لِلۡمَلَٰٓئِكَةِ ٱسۡجُدُواْ لِأٓدَمَ فَسَجَدُوٓاْ إِلَّآ إِبۡلِيسَ كَانَ مِنَ ٱلۡجِنِّ فَفَسَقَ عَنۡ أَمۡرِ رَبِّهِۦٓۗ أَفَتَتَّخِذُونَهُۥ وَذُرِّيَّتَهُۥٓ أَوۡلِيَآءَ مِن دُونِي وَهُمۡ لَكُمۡ عَدُوُّۢۚ بِئۡسَ لِلظَّٰلِمِينَ بَدَلٗا

Kae εberε a Yɛka kyerεε Soro abͻfoͻ no sε: ”Momfa mo anim mmutu fͻm mmerε mo ho ase ma Adam“. wͻn (nyinaa) de wͻn anim butuu fͻm (maa no), gyesε Iblis nko ara. Na ͻka Jinnifoͻ no ho; na ͻyεε ne Wura (Nyankopͻn) ahyεdeε ho asoͻden. Enti morebɛfri M’akyi afa ͻno ne n’asefoͻ no ayͻnkoͻ aberε a wͻyε mo atanfoͻ? Ɛyε nsesaeε bͻne paa ma abͻneεfoͻ no (sε wͻasesa Nyankopͻn som resom ͻbonsam). info
التفاسير:

external-link copy
51 : 18

۞ مَّآ أَشۡهَدتُّهُمۡ خَلۡقَ ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَٱلۡأَرۡضِ وَلَا خَلۡقَ أَنفُسِهِمۡ وَمَا كُنتُ مُتَّخِذَ ٱلۡمُضِلِّينَ عَضُدٗا

Mamma (Jinnfoͻ no) anhunu ͻsoro ne asaase mmͻeε, anaasε wͻn ara wͻn mmͻeε, anaasε Mεfa wͻn a wͻyera (nnipa no) aboafoͻ. info
التفاسير:

external-link copy
52 : 18

وَيَوۡمَ يَقُولُ نَادُواْ شُرَكَآءِيَ ٱلَّذِينَ زَعَمۡتُمۡ فَدَعَوۡهُمۡ فَلَمۡ يَسۡتَجِيبُواْ لَهُمۡ وَجَعَلۡنَا بَيۡنَهُم مَّوۡبِقٗا

Kae Ɛda a (Nyankopͻn) bεka sε: “Monfrε wͻn a modwen sε wͻka Me ho no. Wͻbεfrε wͻn deε, nanso wͻnnye wͻn so, na Yεde εhyeε anaa ekuu bi bεto wͻn ntεm. info
التفاسير:

external-link copy
53 : 18

وَرَءَا ٱلۡمُجۡرِمُونَ ٱلنَّارَ فَظَنُّوٓاْ أَنَّهُم مُّوَاقِعُوهَا وَلَمۡ يَجِدُواْ عَنۡهَا مَصۡرِفٗا

Abͻneεfoͻ no behunu Ogya no, na wͻbɛhunu sε wͻrete ahwe mu, na wͻnnya εho kwati kwan biara (nnwane). info
التفاسير: