Übersetzung der Bedeutungen von dem heiligen Quran - Akanische Übersetzung - Aschantische - Harun Ismail

Nummer der Seite:close

external-link copy
23 : 42

ذَٰلِكَ ٱلَّذِي يُبَشِّرُ ٱللَّهُ عِبَادَهُ ٱلَّذِينَ ءَامَنُواْ وَعَمِلُواْ ٱلصَّٰلِحَٰتِۗ قُل لَّآ أَسۡـَٔلُكُمۡ عَلَيۡهِ أَجۡرًا إِلَّا ٱلۡمَوَدَّةَ فِي ٱلۡقُرۡبَىٰۗ وَمَن يَقۡتَرِفۡ حَسَنَةٗ نَّزِدۡ لَهُۥ فِيهَا حُسۡنًاۚ إِنَّ ٱللَّهَ غَفُورٞ شَكُورٌ

Wei ne bͻhyԑ a Nyankopͻn dehyԑ nenkoa a wͻagye adie na wͻdi dwuma pa. (Nkͻmhyεni), ka sε: “Memmisaa mo (nsεmpa a mereka kyerε mo no) so akatua, na mmom (deε merehwehwε ne) abusua dͻ. Obi a ɔbɛnya papa no, Yεde papa no bi bεka ho ama no. Nokorε sε Onyankopͻn ne Bͻnefakyε Hene, Ɔne Ayɛyie Wura “. info
التفاسير:

external-link copy
24 : 42

أَمۡ يَقُولُونَ ٱفۡتَرَىٰ عَلَى ٱللَّهِ كَذِبٗاۖ فَإِن يَشَإِ ٱللَّهُ يَخۡتِمۡ عَلَىٰ قَلۡبِكَۗ وَيَمۡحُ ٱللَّهُ ٱلۡبَٰطِلَ وَيُحِقُّ ٱلۡحَقَّ بِكَلِمَٰتِهِۦٓۚ إِنَّهُۥ عَلِيمُۢ بِذَاتِ ٱلصُّدُورِ

Anaasε (Nkͻmhyεni), wͻn (a wͻnnye nnie no) ka sε, wabͻ wotirim atwa nkontompo ato Onyankopͻn so? Sε Ɔpε a nka Ͻbɛsi w’akoma ano (ama wo werε afri deε wonim no wͻ Qur’aan yi ho). Onyankopͻn pepa nkontompo na Ɔde Nekasaa ama nokorε agyina. Nokorε Ɔne deε εwͻ akoma mu no ho Nimdefoͻ. info
التفاسير:

external-link copy
25 : 42

وَهُوَ ٱلَّذِي يَقۡبَلُ ٱلتَّوۡبَةَ عَنۡ عِبَادِهِۦ وَيَعۡفُواْ عَنِ ٱلسَّيِّـَٔاتِ وَيَعۡلَمُ مَا تَفۡعَلُونَ

Ɔno na Ɔgye N’akoa adwen sakra soͻ, εna Ɔde bͻne firie, Ɔnim dwuma a modie nyinaa. info
التفاسير:

external-link copy
26 : 42

وَيَسۡتَجِيبُ ٱلَّذِينَ ءَامَنُواْ وَعَمِلُواْ ٱلصَّٰلِحَٰتِ وَيَزِيدُهُم مِّن فَضۡلِهِۦۚ وَٱلۡكَٰفِرُونَ لَهُمۡ عَذَابٞ شَدِيدٞ

Ɔtie wͻn a wͻagye adie na wͻdi dwuma pa no sufrε, na Ɔde N’adom no bi ka wͻn ho. Boniayεfoͻ no deε wͻbɛnya asotwee a ano yε den paa. info
التفاسير:

external-link copy
27 : 42

۞ وَلَوۡ بَسَطَ ٱللَّهُ ٱلرِّزۡقَ لِعِبَادِهِۦ لَبَغَوۡاْ فِي ٱلۡأَرۡضِ وَلَٰكِن يُنَزِّلُ بِقَدَرٖ مَّا يَشَآءُۚ إِنَّهُۥ بِعِبَادِهِۦ خَبِيرُۢ بَصِيرٞ

Sε Nyankopͻn rebae N’akͻnhoma mu paa ama Nenkoa a, anka wͻbεte atua wͻ asaase so, na mmom Ɔsane no nkakra nkakra (dema wͻn) sεdeε Ɔpε. Nokorε sε Onim Nenkoa yie, na Ɔhu wͻn nso. info
التفاسير:

external-link copy
28 : 42

وَهُوَ ٱلَّذِي يُنَزِّلُ ٱلۡغَيۡثَ مِنۢ بَعۡدِ مَا قَنَطُواْ وَيَنشُرُ رَحۡمَتَهُۥۚ وَهُوَ ٱلۡوَلِيُّ ٱلۡحَمِيدُ

Ɔno na Ɔsane nsuo wͻ akyire yi a wͻn aba mu abuo, na Wahwete N’ahummͻborͻ (ama Nenkoa). Ɔne Okyitaafoͻ, Ɔne Ayɛyie Wura no. info
التفاسير:

external-link copy
29 : 42

وَمِنۡ ءَايَٰتِهِۦ خَلۡقُ ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَٱلۡأَرۡضِ وَمَا بَثَّ فِيهِمَا مِن دَآبَّةٖۚ وَهُوَ عَلَىٰ جَمۡعِهِمۡ إِذَا يَشَآءُ قَدِيرٞ

Nensεnkyerεnee no bi ne ͻsoro ne asaase mmͻeε, εna (ͻsoro ne asaase no) mmienu no so Ɔde abͻdeε ahwete wͻ soͻ. Ɔwͻ ho tumi sε, Ɔpε a Ɔbεboa wͻn ano (wͻ wͻn wuo akyi). info
التفاسير:

external-link copy
30 : 42

وَمَآ أَصَٰبَكُم مِّن مُّصِيبَةٖ فَبِمَا كَسَبَتۡ أَيۡدِيكُمۡ وَيَعۡفُواْ عَن كَثِيرٖ

Mmusuo a εbεto mo biara no gyina dwuma a monsa adie so, na pii mpo Ɔde kyε. info
التفاسير:

external-link copy
31 : 42

وَمَآ أَنتُم بِمُعۡجِزِينَ فِي ٱلۡأَرۡضِۖ وَمَا لَكُم مِّن دُونِ ٱللَّهِ مِن وَلِيّٖ وَلَا نَصِيرٖ

Montumi nsi (Nyankopͻn nhyehyεε) ho kwan wͻ asaase so, na Onyankopͻn akyiri no monni okyitaafoͻ anaasε ͻboafoͻ (biara). info
التفاسير: