Übersetzung der Bedeutungen von dem heiligen Quran - Akanische Übersetzung - Aschantische - Harun Ismail

Nummer der Seite:close

external-link copy
122 : 3

إِذۡ هَمَّت طَّآئِفَتَانِ مِنكُمۡ أَن تَفۡشَلَا وَٱللَّهُ وَلِيُّهُمَاۗ وَعَلَى ٱللَّهِ فَلۡيَتَوَكَّلِ ٱلۡمُؤۡمِنُونَ

Kae εberε a momu fekuo mmienu bi (Banu Salima ne Banu Haaris) yεε wͻn adwen sε anka wͻ’reyi ehuu adie no, na Nyankopͻn ne wͻn mmienu Kyitaafoͻ. Na Nyankopͻn so na εsεsε agyidiefoͻ no de wͻn ho toͻ. info
التفاسير:

external-link copy
123 : 3

وَلَقَدۡ نَصَرَكُمُ ٱللَّهُ بِبَدۡرٖ وَأَنتُمۡ أَذِلَّةٞۖ فَٱتَّقُواْ ٱللَّهَ لَعَلَّكُمۡ تَشۡكُرُونَ

Nokorε sε, Nyankopͻn boaa mo wͻ Badar (koo no mu) εberε a na monni ahoͻden. Enti monsuro Nyankopͻn sεdeε mobeyi (no) ayε. info
التفاسير:

external-link copy
124 : 3

إِذۡ تَقُولُ لِلۡمُؤۡمِنِينَ أَلَن يَكۡفِيَكُمۡ أَن يُمِدَّكُمۡ رَبُّكُم بِثَلَٰثَةِ ءَالَٰفٖ مِّنَ ٱلۡمَلَٰٓئِكَةِ مُنزَلِينَ

Kae εberε a wo ka kyerεε agyidiefoͻ no sε: “Enti εnsom bo mma mo sε, mo Wura Nyankopͻn besiane Soro abͻfoͻ mpem mmiεnsa abεboa mo?” info
التفاسير:

external-link copy
125 : 3

بَلَىٰٓۚ إِن تَصۡبِرُواْ وَتَتَّقُواْ وَيَأۡتُوكُم مِّن فَوۡرِهِمۡ هَٰذَا يُمۡدِدۡكُمۡ رَبُّكُم بِخَمۡسَةِ ءَالَٰفٖ مِّنَ ٱلۡمَلَٰٓئِكَةِ مُسَوِّمِينَ

Aane, sε monya aboterε na mo suro Nyame, na sε atamfoᴐ no de wͻn abufuhyeε ba moso a, mo Wura Nyankopͻn de Soro abͻfoͻ mpem nnum a wɔ’ko wɔ anibere soɔ, (anaa) yahyε wɔn nso bεboa mo. info
التفاسير:

external-link copy
126 : 3

وَمَا جَعَلَهُ ٱللَّهُ إِلَّا بُشۡرَىٰ لَكُمۡ وَلِتَطۡمَئِنَّ قُلُوبُكُم بِهِۦۗ وَمَا ٱلنَّصۡرُ إِلَّا مِنۡ عِندِ ٱللَّهِ ٱلۡعَزِيزِ ٱلۡحَكِيمِ

Onyankopͻn yεε (saa bͻhyε yi) anigyesεm demaa mo, sεdeε moakoma bεtͻ moyεm wͻ ho. Na nkonimdie deε Nyankopͻn Tumfoͻ a Ɔso ade nyinaa yε, Onyansafoͻ no hͻ nko ara na ɛwɔ. info
التفاسير:

external-link copy
127 : 3

لِيَقۡطَعَ طَرَفٗا مِّنَ ٱلَّذِينَ كَفَرُوٓاْ أَوۡ يَكۡبِتَهُمۡ فَيَنقَلِبُواْ خَآئِبِينَ

Sεdeε Ɔbetwa boniayεfoͻ no bi atwene, anaasε Ɔbεma wͻn adi nkoguo na wͻ’asan akͻ na wͻn botaeε ayε kwa. info
التفاسير:

external-link copy
128 : 3

لَيۡسَ لَكَ مِنَ ٱلۡأَمۡرِ شَيۡءٌ أَوۡ يَتُوبَ عَلَيۡهِمۡ أَوۡ يُعَذِّبَهُمۡ فَإِنَّهُمۡ ظَٰلِمُونَ

Sε Nyankopͻn de wͻn bͻne bεkyε wͻn, anaasε Ɔbεtwe wͻn aso, εno deε εnyε w’asεm. Nokorε sε, wͻ’yε abͻneεfoͻ. info
التفاسير:

external-link copy
129 : 3

وَلِلَّهِ مَا فِي ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَمَا فِي ٱلۡأَرۡضِۚ يَغۡفِرُ لِمَن يَشَآءُ وَيُعَذِّبُ مَن يَشَآءُۚ وَٱللَّهُ غَفُورٞ رَّحِيمٞ

Deε εwͻ soro ne deε εwͻ asaase so (nyinaa) wͻ Nyankopͻn; Ɔde obi a Ɔpε bͻne kyε no, εna ͻtwe obi a Ɔpε nso aso. Nokorε sε, Nyankopͻn ne Bͻnefakyε Hene, Ɔne Mmͻborͻhunufoͻ Hene. info
التفاسير:

external-link copy
130 : 3

يَٰٓأَيُّهَا ٱلَّذِينَ ءَامَنُواْ لَا تَأۡكُلُواْ ٱلرِّبَوٰٓاْ أَضۡعَٰفٗا مُّضَٰعَفَةٗۖ وَٱتَّقُواْ ٱللَّهَ لَعَلَّكُمۡ تُفۡلِحُونَ

Mo a moagye adie, monhwε na moani bosea nsihoo mmͻhoo-mmͻhoo; na monsuro Nyankopͻn sεdeε mobedi nkonim. info
التفاسير:

external-link copy
131 : 3

وَٱتَّقُواْ ٱلنَّارَ ٱلَّتِيٓ أُعِدَّتۡ لِلۡكَٰفِرِينَ

Na monsuro Amanehunu gya no a yasiesie ama boniayεfoͻ no. info
التفاسير:

external-link copy
132 : 3

وَأَطِيعُواْ ٱللَّهَ وَٱلرَّسُولَ لَعَلَّكُمۡ تُرۡحَمُونَ

Na monyε sotie ma Nyankopͻn ne Ɔsomafoͻ no sεdeε (Nyankopͻn) behu mo mmͻbͻ. info
التفاسير: