Übersetzung der Bedeutungen von dem heiligen Quran - Akanische Übersetzung - Aschantische - Harun Ismail

Nummer der Seite:close

external-link copy
88 : 20

فَأَخۡرَجَ لَهُمۡ عِجۡلٗا جَسَدٗا لَّهُۥ خُوَارٞ فَقَالُواْ هَٰذَآ إِلَٰهُكُمۡ وَإِلَٰهُ مُوسَىٰ فَنَسِيَ

Oyii nantwi bedeε honam a εwͻ nnee (frii ogya no mu) maa wͻn, ԑna wͻkaa sε: ”Woi ne mo nyame no ne Mose nyame no, nanso (Mose) werε afi “ info
التفاسير:

external-link copy
89 : 20

أَفَلَا يَرَوۡنَ أَلَّا يَرۡجِعُ إِلَيۡهِمۡ قَوۡلٗا وَلَا يَمۡلِكُ لَهُمۡ ضَرّٗا وَلَا نَفۡعٗا

Enti wͻnhunu sε (nantwie no) mma wͻn asεm biara ho mmuaeε, na enni tumi bi a εde ͻhaw anaasε mfasoͻ bi berε wͻn?” info
التفاسير:

external-link copy
90 : 20

وَلَقَدۡ قَالَ لَهُمۡ هَٰرُونُ مِن قَبۡلُ يَٰقَوۡمِ إِنَّمَا فُتِنتُم بِهِۦۖ وَإِنَّ رَبَّكُمُ ٱلرَّحۡمَٰنُ فَٱتَّبِعُونِي وَأَطِيعُوٓاْ أَمۡرِي

Ampa sε Aaron dii kan ka kyerεε wͻn sε: “Me nkorͻfoͻ, yεde woi ayε mo nsͻhwε, mo Wura no ne Ahummͻborͻ Hene no, enti moni m’akyi na moni m’ahyεdeε so “. info
التفاسير:

external-link copy
91 : 20

قَالُواْ لَن نَّبۡرَحَ عَلَيۡهِ عَٰكِفِينَ حَتَّىٰ يَرۡجِعَ إِلَيۡنَا مُوسَىٰ

Wͻkaa sε: “Yɛnnyae (nantwi bedeε) no som kͻpem sε, Mose bεsan aba yεn hͻ. info
التفاسير:

external-link copy
92 : 20

قَالَ يَٰهَٰرُونُ مَا مَنَعَكَ إِذۡ رَأَيۡتَهُمۡ ضَلُّوٓاْ

(Mose san baeε no) ͻkaa sε: “Aaron, εdeεn na esii wo kwan (na wantea wͻn) wͻ εberε a wohunuu sε wͻreyera, info
التفاسير:

external-link copy
93 : 20

أَلَّا تَتَّبِعَنِۖ أَفَعَصَيۡتَ أَمۡرِي

Na wanni m’akyi (sεdeε mehyεε woͻ)? Enti wabu m’ahyedeε so?” info
التفاسير:

external-link copy
94 : 20

قَالَ يَبۡنَؤُمَّ لَا تَأۡخُذۡ بِلِحۡيَتِي وَلَا بِرَأۡسِيٓۖ إِنِّي خَشِيتُ أَن تَقُولَ فَرَّقۡتَ بَيۡنَ بَنِيٓ إِسۡرَٰٓءِيلَ وَلَمۡ تَرۡقُبۡ قَوۡلِي

(Aaron) kaa sε: ”Eno ba, mpari nnsͻ meti anaa m'abͻdwesε mu. Nokorε sε, na mesuro sε, anhwε a waka sε: “Wama mpaepaemu aba Israel mma no ntεm, na woantwεn m’asεm a mεka “. info
التفاسير:

external-link copy
95 : 20

قَالَ فَمَا خَطۡبُكَ يَٰسَٰمِرِيُّ

(Mose) kaa sε: ”Saamiri, w’asεm ne sεn?” (Anaasε εdeεn nti na woyεε saa)? info
التفاسير:

external-link copy
96 : 20

قَالَ بَصُرۡتُ بِمَا لَمۡ يَبۡصُرُواْ بِهِۦ فَقَبَضۡتُ قَبۡضَةٗ مِّنۡ أَثَرِ ٱلرَّسُولِ فَنَبَذۡتُهَا وَكَذَٰلِكَ سَوَّلَتۡ لِي نَفۡسِي

Ɔkaa sε ”Mehunuu deε wͻn nhunuiε, enti me saa (mfuturo) me nsa mma frii ͻbͻfoͻ no anamͻn so, εna meto guu (ogya no a Farao nkorͻfoͻ no agudeε no wͻ mu no mu), na deε m'adwen kyerεε me ne no “. info
التفاسير:

external-link copy
97 : 20

قَالَ فَٱذۡهَبۡ فَإِنَّ لَكَ فِي ٱلۡحَيَوٰةِ أَن تَقُولَ لَا مِسَاسَۖ وَإِنَّ لَكَ مَوۡعِدٗا لَّن تُخۡلَفَهُۥۖ وَٱنظُرۡ إِلَىٰٓ إِلَٰهِكَ ٱلَّذِي ظَلۡتَ عَلَيۡهِ عَاكِفٗاۖ لَّنُحَرِّقَنَّهُۥ ثُمَّ لَنَنسِفَنَّهُۥ فِي ٱلۡيَمِّ نَسۡفًا

(Mose) kaa sε: “Ɛneε fri ha kͻ. (W’aso twee) wͻ asetena yi mu ne sε wobeka sε. “Ɛnsͻ me mu “. Wo wͻ bͻhyε a yɛmmu soͻ. Hwε wo nyame a wode wo ho ama no no, nokorε sε yεbεhye no na yɛato apete wͻ ͻpo no mu“. info
التفاسير:

external-link copy
98 : 20

إِنَّمَآ إِلَٰهُكُمُ ٱللَّهُ ٱلَّذِي لَآ إِلَٰهَ إِلَّا هُوَۚ وَسِعَ كُلَّ شَيۡءٍ عِلۡمٗا

Mo Awurade no deε Ɔne Nyankopͻn no a awurade biara nnihͻ gyesε Ɔno nko ara no, na (Ne) nimdeε trε (kata) biribiara soᴐ no. info
التفاسير: