Prijevod značenja časnog Kur'ana - Prijevod na akan i ašantski jezik - Harun Ismail.

Broj stranice:close

external-link copy
36 : 21

وَإِذَا رَءَاكَ ٱلَّذِينَ كَفَرُوٓاْ إِن يَتَّخِذُونَكَ إِلَّا هُزُوًا أَهَٰذَا ٱلَّذِي يَذۡكُرُ ءَالِهَتَكُمۡ وَهُم بِذِكۡرِ ٱلرَّحۡمَٰنِ هُمۡ كَٰفِرُونَ

Sε wͻn a wͻpo nokorε no hu wo a, deε wͻyε fa wo ho ara ne sε wͻbɛdi wo ho fεw (aka sε): “Woi na ͻrekasa fa mo abosom no ho no?” Ahummͻborͻ Hene abodin no deε wͻmpε. info
التفاسير:

external-link copy
37 : 21

خُلِقَ ٱلۡإِنسَٰنُ مِنۡ عَجَلٖۚ سَأُوْرِيكُمۡ ءَايَٰتِي فَلَا تَسۡتَعۡجِلُونِ

Yεbͻͻ onipa wͻ ntԑmpԑ suban mu. Mεkyerε mo Me nsεnkyerεnee, enti εmma mommisa Me sε εmmra ntεm info
التفاسير:

external-link copy
38 : 21

وَيَقُولُونَ مَتَىٰ هَٰذَا ٱلۡوَعۡدُ إِن كُنتُمۡ صَٰدِقِينَ

Deԑ wͻka ne sε: “Ɛberε bεn na saa bͻhyε no besie, sε moyε nokwafoͻ ampa a?” info
التفاسير:

external-link copy
39 : 21

لَوۡ يَعۡلَمُ ٱلَّذِينَ كَفَرُواْ حِينَ لَا يَكُفُّونَ عَن وُجُوهِهِمُ ٱلنَّارَ وَلَا عَن ظُهُورِهِمۡ وَلَا هُمۡ يُنصَرُونَ

Sε wͻn a wͻyi boniayε no nim εberε a wͻntumi nnyi egya no mfri wͻn anim anaa wͻn akyi na yεmmoa wͻn no (siteε) a- info
التفاسير:

external-link copy
40 : 21

بَلۡ تَأۡتِيهِم بَغۡتَةٗ فَتَبۡهَتُهُمۡ فَلَا يَسۡتَطِيعُونَ رَدَّهَا وَلَا هُمۡ يُنظَرُونَ

Daabi, εbεba wͻn so mpofirem, na wͻbεyε basaa, na wͻntumi nsi ano kwan, na yεmma wͻn ahomegye berε nso. info
التفاسير:

external-link copy
41 : 21

وَلَقَدِ ٱسۡتُهۡزِئَ بِرُسُلٖ مِّن قَبۡلِكَ فَحَاقَ بِٱلَّذِينَ سَخِرُواْ مِنۡهُم مَّا كَانُواْ بِهِۦ يَسۡتَهۡزِءُونَ

Ampa sε wͻdii asomafoͻ a wͻdii w’annim kan no ho fεw, na wͻn a wͻdii fεw no, deε wͻdii ho fεw no bɛtwaa wͻn ho hyiae. info
التفاسير:

external-link copy
42 : 21

قُلۡ مَن يَكۡلَؤُكُم بِٱلَّيۡلِ وَٱلنَّهَارِ مِنَ ٱلرَّحۡمَٰنِۚ بَلۡ هُمۡ عَن ذِكۡرِ رَبِّهِم مُّعۡرِضُونَ

Kasε: “Hwan na obetumi abͻ mo ho ban afri Ahummͻborͻ Hene no nsam wͻ anadwo ne adekyeε mu? Daabi, (obiara nnihͻ), nanso wͻdane wͻn ho fri wͻn Wura Nyankopͻn abodin ne Ne nkaekaeε ho. info
التفاسير:

external-link copy
43 : 21

أَمۡ لَهُمۡ ءَالِهَةٞ تَمۡنَعُهُم مِّن دُونِنَاۚ لَا يَسۡتَطِيعُونَ نَصۡرَ أَنفُسِهِمۡ وَلَا هُم مِّنَّا يُصۡحَبُونَ

Anaasε wͻn wͻ anyame a wͻbεbͻ wͻn ho ban afri Yεn hͻ? Wͻnni tumi a wͻde boa wͻn ho na kampεsε wͻabͻ wͻn ho ban afri Yεn (asotwee) mu. info
التفاسير:

external-link copy
44 : 21

بَلۡ مَتَّعۡنَا هَٰٓؤُلَآءِ وَءَابَآءَهُمۡ حَتَّىٰ طَالَ عَلَيۡهِمُ ٱلۡعُمُرُۗ أَفَلَا يَرَوۡنَ أَنَّا نَأۡتِي ٱلۡأَرۡضَ نَنقُصُهَا مِنۡ أَطۡرَافِهَآۚ أَفَهُمُ ٱلۡغَٰلِبُونَ

Daabi, Yεbͻͻ woi nom ne wͻn agyanom akͻnhoma kͻpem sε nkwa (nna no) yεε (wͻn ani so) tenten maa wͻn. Enti (boniayεfoͻ no) nhunuu sε Yεrete nsaase (a na wͻdi so tumi no) so nkakrankakra firi ahyeε no soͻ? Enti wͻn na wͻbɛdi nkonim? info
التفاسير: