আল-কোৰআনুল কাৰীমৰ অৰ্থানুবাদ - আকান অনুবাদ- আশ্বান্তি- হাৰুন ইছমাঈল

পৃষ্ঠা নং:close

external-link copy
31 : 7

۞ يَٰبَنِيٓ ءَادَمَ خُذُواْ زِينَتَكُمۡ عِندَ كُلِّ مَسۡجِدٖ وَكُلُواْ وَٱشۡرَبُواْ وَلَا تُسۡرِفُوٓاْۚ إِنَّهُۥ لَا يُحِبُّ ٱلۡمُسۡرِفِينَ

Adam mma, monfa mo afεεfεdeε nsiesie mo ho wͻ Nyamefrε bea biara mu, na monnidi na monom, na (mmom) εmma monsεe (no), efirisε Ɔmpε nsεmͻnefoͻ no asεm. info
التفاسير:

external-link copy
32 : 7

قُلۡ مَنۡ حَرَّمَ زِينَةَ ٱللَّهِ ٱلَّتِيٓ أَخۡرَجَ لِعِبَادِهِۦ وَٱلطَّيِّبَٰتِ مِنَ ٱلرِّزۡقِۚ قُلۡ هِيَ لِلَّذِينَ ءَامَنُواْ فِي ٱلۡحَيَوٰةِ ٱلدُّنۡيَا خَالِصَةٗ يَوۡمَ ٱلۡقِيَٰمَةِۗ كَذَٰلِكَ نُفَصِّلُ ٱلۡأٓيَٰتِ لِقَوۡمٖ يَعۡلَمُونَ

(Nkͻmhyεni) ka sε: “Hwan na wabra Nyankopͻn afεεfεdeε ne akͻnhoma pa no a Wayi ama ne nkoa no? Ka sε: “(Saa nnepa no) wͻ wͻn a wͻagye adie no wͻ wiase asetena yi mu, (na εbεwͻ agyidiefoͻ no) nko ara wͻ Owusͻreε Da no. Saa ara na Yεkyerεkyerε nsεm no mu dema amanfoͻ a wͻnim. info
التفاسير:

external-link copy
33 : 7

قُلۡ إِنَّمَا حَرَّمَ رَبِّيَ ٱلۡفَوَٰحِشَ مَا ظَهَرَ مِنۡهَا وَمَا بَطَنَ وَٱلۡإِثۡمَ وَٱلۡبَغۡيَ بِغَيۡرِ ٱلۡحَقِّ وَأَن تُشۡرِكُواْ بِٱللَّهِ مَا لَمۡ يُنَزِّلۡ بِهِۦ سُلۡطَٰنٗا وَأَن تَقُولُواْ عَلَى ٱللَّهِ مَا لَا تَعۡلَمُونَ

Ka sε: “Deε me Wura Nyankopͻn abra ne ahohwisεm, emu deε εda adie ne deε asuma, εna bͻne, ne asisie a enni ho kwan (sε onipa yε), εna afei mode adeε a Ɔnsanee ho tumi bi mmaeε bεbata Nyankopͻn ho, εna mobεka asεm a monnim de ato Nyankopͻn soͻ. info
التفاسير:

external-link copy
34 : 7

وَلِكُلِّ أُمَّةٍ أَجَلٞۖ فَإِذَا جَآءَ أَجَلُهُمۡ لَا يَسۡتَأۡخِرُونَ سَاعَةٗ وَلَا يَسۡتَقۡدِمُونَ

Nnipa kuo biara wͻ εberε (a yɛahyehyε ama wͻn sε wͻde firi wiase); enti sε wͻn berε no so a, wͻnka akyi dͻnhwere baako koraa, na wͻnkͻ animu nso (dͻnhwere baako). info
التفاسير:

external-link copy
35 : 7

يَٰبَنِيٓ ءَادَمَ إِمَّا يَأۡتِيَنَّكُمۡ رُسُلٞ مِّنكُمۡ يَقُصُّونَ عَلَيۡكُمۡ ءَايَٰتِي فَمَنِ ٱتَّقَىٰ وَأَصۡلَحَ فَلَا خَوۡفٌ عَلَيۡهِمۡ وَلَا هُمۡ يَحۡزَنُونَ

Adasamma, sε asomafoͻ a wͻfiri mo mu ba mo hͻ bεkenkan Mensεm kyerε mo a, obi a ͻbεgye adie na wayε ntotoeε pa no, ehuu mmͻ wͻn na wͻn werε nso nho. info
التفاسير:

external-link copy
36 : 7

وَٱلَّذِينَ كَذَّبُواْ بِـَٔايَٰتِنَا وَٱسۡتَكۡبَرُواْ عَنۡهَآ أُوْلَٰٓئِكَ أَصۡحَٰبُ ٱلنَّارِۖ هُمۡ فِيهَا خَٰلِدُونَ

Na wͻn a wͻbu Yεn Nsεm no atorͻsεm, na wͻyε ho ahomasoͻ no, wͻnom ne egya no mufoͻ no; emu na wͻbεtena afe bͻͻ. info
التفاسير:

external-link copy
37 : 7

فَمَنۡ أَظۡلَمُ مِمَّنِ ٱفۡتَرَىٰ عَلَى ٱللَّهِ كَذِبًا أَوۡ كَذَّبَ بِـَٔايَٰتِهِۦٓۚ أُوْلَٰٓئِكَ يَنَالُهُمۡ نَصِيبُهُم مِّنَ ٱلۡكِتَٰبِۖ حَتَّىٰٓ إِذَا جَآءَتۡهُمۡ رُسُلُنَا يَتَوَفَّوۡنَهُمۡ قَالُوٓاْ أَيۡنَ مَا كُنتُمۡ تَدۡعُونَ مِن دُونِ ٱللَّهِۖ قَالُواْ ضَلُّواْ عَنَّا وَشَهِدُواْ عَلَىٰٓ أَنفُسِهِمۡ أَنَّهُمۡ كَانُواْ كَٰفِرِينَ

Enti hwan na ͻyε (nipa) bͻneni kyεn obi a ͻbͻ ne tirim twa nkontompo to Nyankopͻn soͻ, anaa ɔfa N’asεm no nkontompo sɛm? Saa nkorͻfoͻ no nsa bεka wͻn kyεfa a εwͻ Nwoma no mu; kͻpem sε Y’abͻfoͻ no bεba wͻn hͻ abɛyi wͻn nkwa; (Abͻfoͻ no) bεka sε: “Deε na mofiri Nyankopͻn akyi sufrε wͻn no wͻ hen?” Wͻbεka sε: “Yɛahwere wͻn”. Wͻbɛdi adanseε atia wͻn ho sε nokorε, wͻyε (kaafirfoͻ) boniayεfoͻ. info
التفاسير: