আল-কোৰআনুল কাৰীমৰ অৰ্থানুবাদ - আকান অনুবাদ- আশ্বান্তি- হাৰুন ইছমাঈল

পৃষ্ঠা নং:close

external-link copy
131 : 7

فَإِذَا جَآءَتۡهُمُ ٱلۡحَسَنَةُ قَالُواْ لَنَا هَٰذِهِۦۖ وَإِن تُصِبۡهُمۡ سَيِّئَةٞ يَطَّيَّرُواْ بِمُوسَىٰ وَمَن مَّعَهُۥٓۗ أَلَآ إِنَّمَا طَٰٓئِرُهُمۡ عِندَ ٱللَّهِ وَلَٰكِنَّ أَكۡثَرَهُمۡ لَا يَعۡلَمُونَ

Nanso sε papa bi ba wͻn so a, deɛ wͻka ne sɛ: “Wei deε yε dea,” na sε bͻne bi nso to wͻn a wͻde tibͻne no (ho soboɔ) bɔ Mose ne wͻn a wͻka ne ho no. Nokorε sε, wͻn tibͻne no firi Nyankopͻn hͻ, nanso wͻn mu pii nnim. info
التفاسير:

external-link copy
132 : 7

وَقَالُواْ مَهۡمَا تَأۡتِنَا بِهِۦ مِنۡ ءَايَةٖ لِّتَسۡحَرَنَا بِهَا فَمَا نَحۡنُ لَكَ بِمُؤۡمِنِينَ

Wͻkaa sε: “Nsεnkyerεnee biara a wode bεba yεn hͻ de abɛbiri yɛn ani soͻ no yεnnye wo nni”. info
التفاسير:

external-link copy
133 : 7

فَأَرۡسَلۡنَا عَلَيۡهِمُ ٱلطُّوفَانَ وَٱلۡجَرَادَ وَٱلۡقُمَّلَ وَٱلضَّفَادِعَ وَٱلدَّمَ ءَايَٰتٖ مُّفَصَّلَٰتٖ فَٱسۡتَكۡبَرُواْ وَكَانُواْ قَوۡمٗا مُّجۡرِمِينَ

Enti Yεde owudͻm, anaa nsutᴐ a ano yԑ den, ne mmεbε ne edwie ne mponkyerεne ne mogya baa wͻn so ; (wei nom yε) nsεnkyerεnee pefee. Nanso wͻyεε ahomasoͻ; na wͻyε nnipa nnebͻneεfoͻ. info
التفاسير:

external-link copy
134 : 7

وَلَمَّا وَقَعَ عَلَيۡهِمُ ٱلرِّجۡزُ قَالُواْ يَٰمُوسَى ٱدۡعُ لَنَا رَبَّكَ بِمَا عَهِدَ عِندَكَۖ لَئِن كَشَفۡتَ عَنَّا ٱلرِّجۡزَ لَنُؤۡمِنَنَّ لَكَ وَلَنُرۡسِلَنَّ مَعَكَ بَنِيٓ إِسۡرَٰٓءِيلَ

Ɛberε a ͻhaw no bεtͻͻ wͻn soͻ no wͻkaa sε: “Mose, frε wo Wura no ma yεn sεdeε Ɔne wo ayε apam no. Sε Ɔyi ͻhaw no firi yεn so a nokorε sε, yεbεgye wo adi na yɛama Israel mma no ne wo akͻ “. info
التفاسير:

external-link copy
135 : 7

فَلَمَّا كَشَفۡنَا عَنۡهُمُ ٱلرِّجۡزَ إِلَىٰٓ أَجَلٍ هُم بَٰلِغُوهُ إِذَا هُمۡ يَنكُثُونَ

Nanso εberε (biara) a Yεbɛyi ͻhaw no afiri wͻn so akosi εberε a εsεsε wͻdi (wͻn bͻhyε no) soͻ no pε, na wͻn abu (bɔhyɛ no) so. info
التفاسير:

external-link copy
136 : 7

فَٱنتَقَمۡنَا مِنۡهُمۡ فَأَغۡرَقۡنَٰهُمۡ فِي ٱلۡيَمِّ بِأَنَّهُمۡ كَذَّبُواْ بِـَٔايَٰتِنَا وَكَانُواْ عَنۡهَا غَٰفِلِينَ

Enti Yɛtuaa wͻn so ka, maa nsuo faa wͻn wͻ ɛpo no mu, efirisε wͻbuu Yεn nsεnkyerεnee no nkontonposεm, na wͻbuu wͻn ani nso guu so. info
التفاسير:

external-link copy
137 : 7

وَأَوۡرَثۡنَا ٱلۡقَوۡمَ ٱلَّذِينَ كَانُواْ يُسۡتَضۡعَفُونَ مَشَٰرِقَ ٱلۡأَرۡضِ وَمَغَٰرِبَهَا ٱلَّتِي بَٰرَكۡنَا فِيهَاۖ وَتَمَّتۡ كَلِمَتُ رَبِّكَ ٱلۡحُسۡنَىٰ عَلَىٰ بَنِيٓ إِسۡرَٰٓءِيلَ بِمَا صَبَرُواْۖ وَدَمَّرۡنَا مَا كَانَ يَصۡنَعُ فِرۡعَوۡنُ وَقَوۡمُهُۥ وَمَا كَانُواْ يَعۡرِشُونَ

Yεde nnipa a wͻfaa wͻn sε wͻyε mmerε (anaa wͻnni ahoͻden) no dii adeε wͻ asaase a Yɛahyira soͻ no apueε ne n’atͻeε. Saa na wo Wura Nyankopͻn bᴐhyԑ anaa asԑmpa no hyεε ma wͻ Israel mma no so, εnam wͻn aboterε nti. Yεsεee deε Farao ne ne nkorͻfoͻ no yͻeε no ne deε wͻsisiieε no. info
التفاسير: