আল-কোৰআনুল কাৰীমৰ অৰ্থানুবাদ - আকান অনুবাদ- আশ্বান্তি- হাৰুন ইছমাঈল

পৃষ্ঠা নং:close

external-link copy
105 : 23

أَلَمۡ تَكُنۡ ءَايَٰتِي تُتۡلَىٰ عَلَيۡكُمۡ فَكُنتُم بِهَا تُكَذِّبُونَ

(Yɛbɛbisa wͻn sε): Enti yɛankenkan Me nsεm no ankyerε mo εna mobuu no atorͻsεm? info
التفاسير:

external-link copy
106 : 23

قَالُواْ رَبَّنَا غَلَبَتۡ عَلَيۡنَا شِقۡوَتُنَا وَكُنَّا قَوۡمٗا ضَآلِّينَ

Wͻbεka sε: ”Yɛ Wura Nyankopͻn, y'ahokyere anaa ohia broo yεn so, εna yεbεyεε nnipa a wͻn ayera. info
التفاسير:

external-link copy
107 : 23

رَبَّنَآ أَخۡرِجۡنَا مِنۡهَا فَإِنۡ عُدۡنَا فَإِنَّا ظَٰلِمُونَ

Yɛ Wura Nyankopͻn, (yεsrε Wo sε): Yi yεn fri (Amanehunu gya yi ) mu, na sε yεsan kͻ (yε bͻne) bio a, nokorε sε na yεyε abͻneεfoͻ ampa. info
التفاسير:

external-link copy
108 : 23

قَالَ ٱخۡسَـُٔواْ فِيهَا وَلَا تُكَلِّمُونِ

Nyankopͻn bεka sε: ”Momfri hͻ nkͻ (Ogya no) mu, na monkasa Me ho “ info
التفاسير:

external-link copy
109 : 23

إِنَّهُۥ كَانَ فَرِيقٞ مِّنۡ عِبَادِي يَقُولُونَ رَبَّنَآ ءَامَنَّا فَٱغۡفِرۡ لَنَا وَٱرۡحَمۡنَا وَأَنتَ خَيۡرُ ٱلرَّٰحِمِينَ

Nokorε sε na Me nkoa no mu bi ka sε: “Ye Wura Yɛagye adi, enti fa (yε bͻne) kyε yεn na hu yεn mmͻbͻ na ampa sε, Wone ahummͻborͻfoͻ no mu Mmͻborͻhunu Hene no. info
التفاسير:

external-link copy
110 : 23

فَٱتَّخَذۡتُمُوهُمۡ سِخۡرِيًّا حَتَّىٰٓ أَنسَوۡكُمۡ ذِكۡرِي وَكُنتُم مِّنۡهُمۡ تَضۡحَكُونَ

Nanso modii wͻn ho fεw kͻpem sε mowerε frii Me ho nkaekaeε na moseree wͻn. info
التفاسير:

external-link copy
111 : 23

إِنِّي جَزَيۡتُهُمُ ٱلۡيَوۡمَ بِمَا صَبَرُوٓاْ أَنَّهُمۡ هُمُ ٱلۡفَآئِزُونَ

Wͻn aboterε a wͻnyaeε no ho nti, Matua wͻn so ka nnε, nokorε sε wͻne nkonimdifoͻ no”. info
التفاسير:

external-link copy
112 : 23

قَٰلَ كَمۡ لَبِثۡتُمۡ فِي ٱلۡأَرۡضِ عَدَدَ سِنِينَ

(Nyankopͻn) bεka sε: ”Mfi dodoͻ sεn na mode tenaa asaase no soͻ?” info
التفاسير:

external-link copy
113 : 23

قَالُواْ لَبِثۡنَا يَوۡمًا أَوۡ بَعۡضَ يَوۡمٖ فَسۡـَٔلِ ٱلۡعَآدِّينَ

Wͻbεka sε: ”Yεtenaa dakoro anaasε dakoro mu fa bi”. Ɛneε bisa wͻn a wͻbu (εberε no ho) akonta no. info
التفاسير:

external-link copy
114 : 23

قَٰلَ إِن لَّبِثۡتُمۡ إِلَّا قَلِيلٗاۖ لَّوۡ أَنَّكُمۡ كُنتُمۡ تَعۡلَمُونَ

(Nyankopͻn) bεka sε: “Ɛberε tiaa bi na mode tenaa (wiaseε) nokorε sε na anka monim a”. info
التفاسير:

external-link copy
115 : 23

أَفَحَسِبۡتُمۡ أَنَّمَا خَلَقۡنَٰكُمۡ عَبَثٗا وَأَنَّكُمۡ إِلَيۡنَا لَا تُرۡجَعُونَ

Enti modwen sε Yεbͻͻ mo kwa a enti monsan mma Yεn hͻ (mmebu akonta?) info
التفاسير:

external-link copy
116 : 23

فَتَعَٰلَى ٱللَّهُ ٱلۡمَلِكُ ٱلۡحَقُّۖ لَآ إِلَٰهَ إِلَّا هُوَ رَبُّ ٱلۡعَرۡشِ ٱلۡكَرِيمِ

Okokuroko ne Nyankopͻn, Ɔhene Nokwafoͻ no, Nyankopͻn biara nni hͻ gyesε Ɔno nko ara, Ɔno ne Animuonyam Ahennwa Wura no. info
التفاسير:

external-link copy
117 : 23

وَمَن يَدۡعُ مَعَ ٱللَّهِ إِلَٰهًا ءَاخَرَ لَا بُرۡهَٰنَ لَهُۥ بِهِۦ فَإِنَّمَا حِسَابُهُۥ عِندَ رَبِّهِۦٓۚ إِنَّهُۥ لَا يُفۡلِحُ ٱلۡكَٰفِرُونَ

Obi a obɛsu afrε nyame foforͻ bi aka Nyankopͻn ho, abrԑ a onni nyinasoͻ bi saa no, n’akontabuo deԑ ԑwͻ ne Wura Nyankopͻn hͻ. Nokorε sε boniayεfoͻ no deε wͻnni nkonim. info
التفاسير:

external-link copy
118 : 23

وَقُل رَّبِّ ٱغۡفِرۡ وَٱرۡحَمۡ وَأَنتَ خَيۡرُ ٱلرَّٰحِمِينَ

(Ɔkͻmhyεni), kasε: “Me Wura Nyankopͻn, fakyε (yεn) na hu (yεn) mmͻbͻ, na Wone Mmͻborͻhunufoͻ no mu Mmͻborͻhunu Hene papa no. info
التفاسير: