আল-কোৰআনুল কাৰীমৰ অৰ্থানুবাদ - আকান অনুবাদ- আশ্বান্তি- হাৰুন ইছমাঈল

পৃষ্ঠা নং:close

external-link copy
60 : 23

وَٱلَّذِينَ يُؤۡتُونَ مَآ ءَاتَواْ وَّقُلُوبُهُمۡ وَجِلَةٌ أَنَّهُمۡ إِلَىٰ رَبِّهِمۡ رَٰجِعُونَ

Ne wͻn a deε Yεde ama wͻn no wͻyi bi dema, na wͻbͻ hu wͻ wͻn akoma mu sε wͻn Wura Nyankopͻn hͻ na wͻbεsan akͻ, info
التفاسير:

external-link copy
61 : 23

أُوْلَٰٓئِكَ يُسَٰرِعُونَ فِي ٱلۡخَيۡرَٰتِ وَهُمۡ لَهَا سَٰبِقُونَ

Saa nkorͻfoͻ no na wͻkeka wͻn ho wͻ papa biara mu, na wͻne (papa yε) ho akansifoͻ no. info
التفاسير:

external-link copy
62 : 23

وَلَا نُكَلِّفُ نَفۡسًا إِلَّا وُسۡعَهَاۚ وَلَدَيۡنَا كِتَٰبٞ يَنطِقُ بِٱلۡحَقِّ وَهُمۡ لَا يُظۡلَمُونَ

Yεmfa adesoa nsoa ͻkra bi, gyesε deε n’ahoͻden betumi; na Yεn hͻ na Nwoma a εka nokorε no wͻ, na yɛnsisi wͻn. info
التفاسير:

external-link copy
63 : 23

بَلۡ قُلُوبُهُمۡ فِي غَمۡرَةٖ مِّنۡ هَٰذَا وَلَهُمۡ أَعۡمَٰلٞ مِّن دُونِ ذَٰلِكَ هُمۡ لَهَا عَٰمِلُونَ

Daabi, wͻn akoma nni nimdeε biara fa (Qur’aan) woi ho, na ԑno akyi no, wͻn wͻ nnwuma (sononko) a wͻyε. info
التفاسير:

external-link copy
64 : 23

حَتَّىٰٓ إِذَآ أَخَذۡنَا مُتۡرَفِيهِم بِٱلۡعَذَابِ إِذَا هُمۡ يَجۡـَٔرُونَ

(Wͻbεkͻ so saa ara) akɔsi εberε a Yεde asotwee bεsͻ wͻn mu adefoͻ no mu, na wobɛhunu sε wͻresu tea mu pa kyεw. info
التفاسير:

external-link copy
65 : 23

لَا تَجۡـَٔرُواْ ٱلۡيَوۡمَۖ إِنَّكُم مِّنَّا لَا تُنصَرُونَ

Monhwε na moantea mu ampa kyεw nnε da yi. Nokorε sε Yεn deε Yεmmoa mo. info
التفاسير:

external-link copy
66 : 23

قَدۡ كَانَتۡ ءَايَٰتِي تُتۡلَىٰ عَلَيۡكُمۡ فَكُنتُمۡ عَلَىٰٓ أَعۡقَٰبِكُمۡ تَنكِصُونَ

Ampa sε na yεkenkan Me nsεm no kyerε mo, ɛna modanee moakyi mae wͻ mo nantin so. info
التفاسير:

external-link copy
67 : 23

مُسۡتَكۡبِرِينَ بِهِۦ سَٰمِرٗا تَهۡجُرُونَ

(Moyεε) ho ahomasoͻ (sε mo na moyε Maka kuro no adehyeɛ, na Ka’aba Kronkron hyε mo nsa), sirii pε anadwo too (Me nsεm no) ho. info
التفاسير:

external-link copy
68 : 23

أَفَلَمۡ يَدَّبَّرُواْ ٱلۡقَوۡلَ أَمۡ جَآءَهُم مَّا لَمۡ يَأۡتِ ءَابَآءَهُمُ ٱلۡأَوَّلِينَ

Enti (saa nnipa yi) mmfa (Nyankopͻn) Asεm no nnkͻ adwendwen mu, anaasε biribi aba wͻn hͻ a ebi amma wͻ wͻn agyanom tetefoͻ no hͻ? info
التفاسير:

external-link copy
69 : 23

أَمۡ لَمۡ يَعۡرِفُواْ رَسُولَهُمۡ فَهُمۡ لَهُۥ مُنكِرُونَ

Anaasε (Makafoͻ no) nnim wͻn Somafoͻ (Muhammad dada) enti na wͻrepo no? info
التفاسير:

external-link copy
70 : 23

أَمۡ يَقُولُونَ بِهِۦ جِنَّةُۢۚ بَلۡ جَآءَهُم بِٱلۡحَقِّ وَأَكۡثَرُهُمۡ لِلۡحَقِّ كَٰرِهُونَ

Anaasε wͻka sε, εdam bi na abͻ no? Daabi, nokorε na ͻde aberε wͻn no, nanso wͻn mu dodoͻ no ara kyiri nokorε no. info
التفاسير:

external-link copy
71 : 23

وَلَوِ ٱتَّبَعَ ٱلۡحَقُّ أَهۡوَآءَهُمۡ لَفَسَدَتِ ٱلسَّمَٰوَٰتُ وَٱلۡأَرۡضُ وَمَن فِيهِنَّۚ بَلۡ أَتَيۡنَٰهُم بِذِكۡرِهِمۡ فَهُمۡ عَن ذِكۡرِهِم مُّعۡرِضُونَ

Sε Nokorε no redi wͻn apεdeε akyi a, nokorε sε, anka ͻsoro ne asaase ne deε εwͻ mu (nyinaa) bεsεe. Aane, Yεde wͻn afutusεm no aberε wͻn, nanso wͻtwe wͻn ho fri wͻn afutusεm no ho. info
التفاسير:

external-link copy
72 : 23

أَمۡ تَسۡـَٔلُهُمۡ خَرۡجٗا فَخَرَاجُ رَبِّكَ خَيۡرٞۖ وَهُوَ خَيۡرُ ٱلرَّٰزِقِينَ

Anaasε (Ɔkͻmhyεni), wobisa wͻn akatua bi? Wo Wura Nyankopͻn akatua no ne akatua pa, na Ɔno na N’akyɛdeɛ yɛ kyɛn wɔn a wɔkyε adeε no (nyinaa). info
التفاسير:

external-link copy
73 : 23

وَإِنَّكَ لَتَدۡعُوهُمۡ إِلَىٰ صِرَٰطٖ مُّسۡتَقِيمٖ

Nokorε ampa sε, worefrε wͻn akͻ kwan tenenee no so. info
التفاسير:

external-link copy
74 : 23

وَإِنَّ ٱلَّذِينَ لَا يُؤۡمِنُونَ بِٱلۡأٓخِرَةِ عَنِ ٱلصِّرَٰطِ لَنَٰكِبُونَ

Nokorε nso sε, wͻn a wͻnnye Daakye no nnie no amane afri kwan (pa) no so. info
التفاسير: