Sε mosan ba bεto wͻn a, wͻbεba abεpa mo kyεw. (Nkͻmhyεni), ka sε: “Monhwε na moampa kyεw (efirisε) yεnnye mo nni; nokorε sε, Nyankopͻn abͻ moho amaneε akyerԑ yԑn. Nyankopͻn ne Ne Somafoͻ no bɛhu mo nneyεε, na yεde mo bεba Nsumaeε mu ne Badwa mu Nimdefoͻ no anim, na Waka dwuma a modiiε ho asεm akyerε mo .“
Wͻde Nyankopͻn bɛdi nse akyerε mo wͻ εberε a mobεsan abεto wͻn sεdeε mobԑgye wͻn adie. Enti gyae wͻn, efirisε wͻn ho wͻ fii, na wͻn fie ne Amanehunu gyem, deε wͻn nsa kaeε ho akatua ne no.
Ԑserԑ so Arabfoͻ no boniayε ne (wͻn) nkͻnkͻnsa mu yε den papaapa, na εyε mmrε ma wͻn sε wͻbεyε sεdeε wͻnnim mmra ne ahyεdeε a Nyankopͻn asane ama Ne Somafoͻ no. Nyankopͻn ne Biribiara ho Nimdefoͻ, Ɔne Onyansafoͻ.
Ԑserԑ so Arabfoͻ no bi wͻhͻ a wͻfa deε wͻyi (no Nyame kwan soͻ) no sε (εyε) ka (na mode wͻn), wͻretwεn sε (εberε bᴐne bi) bεdane atia mo. Wͻn so na (εberε bͻne) bεdane aba. Nyankopͻn ne Otiefoͻ a Ɔte biribiara, Ɔne Onimdefoͻ a Ɔnim biribiara.
Ԑserԑ so Arabfoͻ no mu bi wͻ hͻ a wͻgye Nyankopͻn ne Da a edi akyire no di, na wͻfa deε wͻyi (no Nyame kwan soͻ no) ne Ɔsomafoͻ no mpaebͻ no sε εde wͻn bεn Nyankopͻn. Nokorε sε εde wͻn bεn (Nyankopͻn) ampa; Nyankopͻn de wͻn bɛwura N’ahummͻborͻ mu. Nokorε sε Nyankopͻn ne Bͻnefakyε Hene, na Ɔne Mmͻborͻhunufoͻ Hene.