Na hyehyε papa ma yεn wͻ wiase yi mu ne Daakye no mu nso, nokorε sε Wo hͻ na yεdane yɛn ani kyerε“. Nyankopͻn kaa sε: “M’asotwee no Mede bεtwe obi a Mepε aso, na M’ahummͻborͻ atwa biribiara ho ahyia. Enti Mεhyehyε (papa) ama wͻn a wͻsuro Nyame na wͻyε ahwεyie, na wͻyi Zaka, ne wͻn a wͻgye Yεn Nsεm no die.