Kae εberε a Mar’yam ba Yesu kaa sε: ”Israel mma, nokorε sε meyε Onyankopͻn Somafoͻ mamo, a merehyε Tora a edii manim kan no mma; na mede Ɔsomafoͻ a ͻbεba wͻ makyi a ne din ne Ahmad no (ho asεm) rehyε mo bͻ. . Nanso εberε a ( cno Ahmad no ) de nkyerεkyerεmu ne nyinaso pefee no berεε wͻn no, asεm a wͻkaeε ne sε: “Woi deε εyε nkonyaa pefee “.