ترجمة معاني القرآن الكريم - الترجمة الأكانية - الأشانتية - هارون إسماعيل

سورة القمر - Al-Qamar

external-link copy
1 : 54

ٱقۡتَرَبَتِ ٱلسَّاعَةُ وَٱنشَقَّ ٱلۡقَمَرُ

Dͻnhwere no abεn, na bosome no mu apae. info
التفاسير:

external-link copy
2 : 54

وَإِن يَرَوۡاْ ءَايَةٗ يُعۡرِضُواْ وَيَقُولُواْ سِحۡرٞ مُّسۡتَمِرّٞ

Na sε wͻhunu nsεnkyerεnee bi a wͻtwe wͻn ho (fri ho), na wͻka sε: ”Woi yε nkonyaa anaa naadaasεm a εbɛtwa mu“. info
التفاسير:

external-link copy
3 : 54

وَكَذَّبُواْ وَٱتَّبَعُوٓاْ أَهۡوَآءَهُمۡۚ وَكُلُّ أَمۡرٖ مُّسۡتَقِرّٞ

Wͻfa no atorɔsɛm, na wͻdi wͻn apεdeε hunu akyi. Na asεm biara wͻ ne berε. info
التفاسير:

external-link copy
4 : 54

وَلَقَدۡ جَآءَهُم مِّنَ ٱلۡأَنۢبَآءِ مَا فِيهِ مُزۡدَجَرٌ

Ampa sε (Qur’aan) de amanebͻ a afutuo ne adesua (ahodoͻ pii) wͻ mu abrε wͻn, - info
التفاسير:

external-link copy
5 : 54

حِكۡمَةُۢ بَٰلِغَةٞۖ فَمَا تُغۡنِ ٱلنُّذُرُ

Adwen ne nimdeε a εkͻ aso mu (wͻ mu), nanso afutuo no ho amma wͻn mfasoͻ. info
التفاسير:

external-link copy
6 : 54

فَتَوَلَّ عَنۡهُمۡۘ يَوۡمَ يَدۡعُ ٱلدَّاعِ إِلَىٰ شَيۡءٖ نُّكُرٍ

Enti twe wo ho fri wͻn ho. Ɛda a Ɔfrεfoͻ (Israafiil) bεfrε (wͻn) akͻ asεm kεseε mu no, info
التفاسير:

external-link copy
7 : 54

خُشَّعًا أَبۡصَٰرُهُمۡ يَخۡرُجُونَ مِنَ ٱلۡأَجۡدَاثِ كَأَنَّهُمۡ جَرَادٞ مُّنتَشِرٞ

(Aniwuo bεma) wabrε wͻn ani ase; wͻbɛpue afiri adakamena no mu tesε mmεbε a wͻabͻ asanteε, info
التفاسير:

external-link copy
8 : 54

مُّهۡطِعِينَ إِلَى ٱلدَّاعِۖ يَقُولُ ٱلۡكَٰفِرُونَ هَٰذَا يَوۡمٌ عَسِرٞ

Wͻde mmirika tεntε na εbεkͻ Ɔfrεfoͻ no hͻ. (Saa Da no) boniayεfoͻ no bεka sε: ”Saa Da yi yε Ɛda a emu yε den! “ info
التفاسير:

external-link copy
9 : 54

۞ كَذَّبَتۡ قَبۡلَهُمۡ قَوۡمُ نُوحٖ فَكَذَّبُواْ عَبۡدَنَا وَقَالُواْ مَجۡنُونٞ وَٱزۡدُجِرَ

Noa nkorͻfoͻ dii wͻn anim kan buu Y’akoa no ᴐtorofo. Wͻkaa sε: “Bͻdamfoͻ.“ Wͻkasa tiaa no, hunahunaa no, poo no. info
التفاسير:

external-link copy
10 : 54

فَدَعَا رَبَّهُۥٓ أَنِّي مَغۡلُوبٞ فَٱنتَصِرۡ

Enti osu frεε ne Wura Nyankopͻn sε: (Awurade) “Wͻabu afa me so, enti boa (me)“. info
التفاسير:

external-link copy
11 : 54

فَفَتَحۡنَآ أَبۡوَٰبَ ٱلسَّمَآءِ بِمَآءٖ مُّنۡهَمِرٖ

Enti Yɛbuee ͻsoro apono maa nsuo hwie guu pii, info
التفاسير:

external-link copy
12 : 54

وَفَجَّرۡنَا ٱلۡأَرۡضَ عُيُونٗا فَٱلۡتَقَى ٱلۡمَآءُ عَلَىٰٓ أَمۡرٖ قَدۡ قُدِرَ

Yεmaa nsuwa-nsuwa nso puee wͻ asaase no so, na (ͻsoro ne asaase so) nsuo no hyia bͻͻ mu sεdeε yɛahyehyε ato hͻ no. info
التفاسير:

external-link copy
13 : 54

وَحَمَلۡنَٰهُ عَلَىٰ ذَاتِ أَلۡوَٰحٖ وَدُسُرٖ

Enti Yεsoaa no wͻ (nsuom hyεn a) yεde nnua ne nnadewa na ayε so. info
التفاسير:

external-link copy
14 : 54

تَجۡرِي بِأَعۡيُنِنَا جَزَآءٗ لِّمَن كَانَ كُفِرَ

Na (nsuom hyεn no) nam (nsuo no so) a Y’ani hwε. (Saa nsuyire yi yε) akatua ma obia wannye annie. info
التفاسير:

external-link copy
15 : 54

وَلَقَد تَّرَكۡنَٰهَآ ءَايَةٗ فَهَلۡ مِن مُّدَّكِرٖ

Ampa sε, Yɛagya de ayε nsεnkyerεnee. Enti obi wͻ hͻ a ͻde bɛtu ne ho foͻ? info
التفاسير:

external-link copy
16 : 54

فَكَيۡفَ كَانَ عَذَابِي وَنُذُرِ

Sεdeε M’asotwee ne Me kͻkͻbͻ (huu) siteε. info
التفاسير:

external-link copy
17 : 54

وَلَقَدۡ يَسَّرۡنَا ٱلۡقُرۡءَانَ لِلذِّكۡرِ فَهَلۡ مِن مُّدَّكِرٖ

Ampa sε Yɛama Qur’aan yi nkaekaeε ne emu afutusεm no ayε mmrε. Enti obi wͻ hͻ a ͻde betu ne ho foͻ? info
التفاسير:

external-link copy
18 : 54

كَذَّبَتۡ عَادٞ فَكَيۡفَ كَانَ عَذَابِي وَنُذُرِ

Aad (Nkorͻfoͻ no) faa no atorᴐsԑm. Na sεdeε M’asotwee ne Me kͻkͻbͻ (huu) siteε? info
التفاسير:

external-link copy
19 : 54

إِنَّآ أَرۡسَلۡنَا عَلَيۡهِمۡ رِيحٗا صَرۡصَرٗا فِي يَوۡمِ نَحۡسٖ مُّسۡتَمِرّٖ

Nokorε sε, Yεsomaa mframa denden bi a εbͻ toatoaso baa wͻn so wͻ da bͻne bi mu. info
التفاسير:

external-link copy
20 : 54

تَنزِعُ ٱلنَّاسَ كَأَنَّهُمۡ أَعۡجَازُ نَخۡلٖ مُّنقَعِرٖ

Ɛtetee nnipa maa wͻyεε sε akyiresua dua bi a yɛatu aseε da hͻ. info
التفاسير:

external-link copy
21 : 54

فَكَيۡفَ كَانَ عَذَابِي وَنُذُرِ

Sεdeε M’asotwee ne Me kͻkͻbͻ (huu) siteε. info
التفاسير:

external-link copy
22 : 54

وَلَقَدۡ يَسَّرۡنَا ٱلۡقُرۡءَانَ لِلذِّكۡرِ فَهَلۡ مِن مُّدَّكِرٖ

Ampa sε Yɛama Qur’aan yi nkaekaeε ne emu afutusεm no ayε mmrε. Enti obi wͻ hͻ a ͻde bɛtu ne ho foͻ? info
التفاسير:

external-link copy
23 : 54

كَذَّبَتۡ ثَمُودُ بِٱلنُّذُرِ

Samuudfoͻ no faa kͻkͻbͻ no atorᴐsԑm. info
التفاسير:

external-link copy
24 : 54

فَقَالُوٓاْ أَبَشَرٗا مِّنَّا وَٰحِدٗا نَّتَّبِعُهُۥٓ إِنَّآ إِذٗا لَّفِي ضَلَٰلٖ وَسُعُرٍ

Deε wͻkaeε ne sε: “Onipa baako pε a ͻwͻ yεn mu na yɛnni n’akyi? Nokorε sε, εneε na yεwͻ ͻyera ne abͻdamsεm paa mu. info
التفاسير:

external-link copy
25 : 54

أَءُلۡقِيَ ٱلذِّكۡرُ عَلَيۡهِ مِنۢ بَيۡنِنَا بَلۡ هُوَ كَذَّابٌ أَشِرٞ

Enti yεn (dodoͻ yi) mu no, ͻno nko ara na εsεsε yεde Afutusεm no ma no? Daabi, ͻyε nkontomponi, asoͻden (nipa)”. info
التفاسير:

external-link copy
26 : 54

سَيَعۡلَمُونَ غَدٗا مَّنِ ٱلۡكَذَّابُ ٱلۡأَشِرُ

Ɔkyena wͻbɛhunu nea ͻyε nkontomponi, asoͻden (nipa) no. info
التفاسير:

external-link copy
27 : 54

إِنَّا مُرۡسِلُواْ ٱلنَّاقَةِ فِتۡنَةٗ لَّهُمۡ فَٱرۡتَقِبۡهُمۡ وَٱصۡطَبِرۡ

Nokorε sε Yεresoma yoma bedeε de ayε wͻn nsͻhwε. Enti wodeε hwε wͻn na si aboterε. info
التفاسير:

external-link copy
28 : 54

وَنَبِّئۡهُمۡ أَنَّ ٱلۡمَآءَ قِسۡمَةُۢ بَيۡنَهُمۡۖ كُلُّ شِرۡبٖ مُّحۡتَضَرٞ

Na ka kyerε wͻn sε, yɛakyε nsuo no mu ama (wͻn ne yoma no), obiara bεkͻ nsuo no mu wͻ ne berε (a yɛahyε ama no) mu. info
التفاسير:

external-link copy
29 : 54

فَنَادَوۡاْ صَاحِبَهُمۡ فَتَعَاطَىٰ فَعَقَرَ

Nanso wͻfrεε wͻn yͻnko no na ͻfaa (sekan) de wͻͻ (yoma) no kum no. info
التفاسير:

external-link copy
30 : 54

فَكَيۡفَ كَانَ عَذَابِي وَنُذُرِ

Sεdeε M’asotwee ne Me kͻkͻbͻ (huu) siteε. info
التفاسير:

external-link copy
31 : 54

إِنَّآ أَرۡسَلۡنَا عَلَيۡهِمۡ صَيۡحَةٗ وَٰحِدَةٗ فَكَانُواْ كَهَشِيمِ ٱلۡمُحۡتَظِرِ

Nokorε sε, Yεsomaa nteamu baako pε na εbaa wͻn soͻ, na wͻbεyεε gͻsͻͻ tesε mmabaa a awoͻ na abubu asin-asin a εwͻ mmoa adidieε. info
التفاسير:

external-link copy
32 : 54

وَلَقَدۡ يَسَّرۡنَا ٱلۡقُرۡءَانَ لِلذِّكۡرِ فَهَلۡ مِن مُّدَّكِرٖ

Ampa sε Yɛama Qur’aan yi nkaekaeε ne emu afutusεm no ayε mmrε. Enti obi wͻ hͻ a ͻde bɛtu ne ho foͻ? info
التفاسير:

external-link copy
33 : 54

كَذَّبَتۡ قَوۡمُ لُوطِۭ بِٱلنُّذُرِ

Lut nkorͻfoͻ no anye kͻkͻbͻ no anni. info
التفاسير:

external-link copy
34 : 54

إِنَّآ أَرۡسَلۡنَا عَلَيۡهِمۡ حَاصِبًا إِلَّآ ءَالَ لُوطٖۖ نَّجَّيۡنَٰهُم بِسَحَرٖ

Nokorε sε Yεsomaa aboͻ nsuo tͻ guu wͻn so, gyesε Lut abusuafoͻ nko ara (na asotwee no bi anka wͻn), Yεgyee wͻn wͻ anadwo a etwa toᴐ no mu. info
التفاسير:

external-link copy
35 : 54

نِّعۡمَةٗ مِّنۡ عِندِنَاۚ كَذَٰلِكَ نَجۡزِي مَن شَكَرَ

(Ɛyε) adom a ɛfiri Yεn hͻ. Saa ara na Yɛtua wͻn a wͻyi (Nyankopͻn) ayε no ka. info
التفاسير:

external-link copy
36 : 54

وَلَقَدۡ أَنذَرَهُم بَطۡشَتَنَا فَتَمَارَوۡاْ بِٱلنُّذُرِ

Ampa sε (Lut) bͻͻ wͻn kͻkͻ wͻ Y’asotwee no ho, nanso wͻn adwen ansi wͻn pi wͻ kͻkͻ bͻ no ho. info
التفاسير:

external-link copy
37 : 54

وَلَقَدۡ رَٰوَدُوهُ عَن ضَيۡفِهِۦ فَطَمَسۡنَآ أَعۡيُنَهُمۡ فَذُوقُواْ عَذَابِي وَنُذُرِ

Ampa sε wͻpεε sε wͻhwim n’ahͻhoͻ firi ne nsam. Na Yɛfiraa wͻn ani (kaa sε): “Ɛneε monka M’asotwee ne Me kͻkͻbͻ no nhwε “. info
التفاسير:

external-link copy
38 : 54

وَلَقَدۡ صَبَّحَهُم بُكۡرَةً عَذَابٞ مُّسۡتَقِرّٞ

Ampa sε, daa asotwee no sͻͻ wͻn mu ahomakye paa. info
التفاسير:

external-link copy
39 : 54

فَذُوقُواْ عَذَابِي وَنُذُرِ

Enti monka M’asotwee ne Mekͻkͻbͻ no nhwε. info
التفاسير:

external-link copy
40 : 54

وَلَقَدۡ يَسَّرۡنَا ٱلۡقُرۡءَانَ لِلذِّكۡرِ فَهَلۡ مِن مُّدَّكِرٖ

Ampa sε Yɛayε Qur’aan yi nkaekaeε ne emu afutusεm no mmrε. Enti obi wͻ hͻ a ͻde bɛtu ne ho foͻ? info
التفاسير:

external-link copy
41 : 54

وَلَقَدۡ جَآءَ ءَالَ فِرۡعَوۡنَ ٱلنُّذُرُ

Ampa sε kͻkͻbͻ no baa Farao nkorͻfoͻ no hͻ. info
التفاسير:

external-link copy
42 : 54

كَذَّبُواْ بِـَٔايَٰتِنَا كُلِّهَا فَأَخَذۡنَٰهُمۡ أَخۡذَ عَزِيزٖ مُّقۡتَدِرٍ

Wͻfaa Yε nsεnkyerεnee no nyinaa atorᴐsԑm. Enti Yεde Otumfoͻ a Ɔtumi ade nyinaa yε no Tumi no pari sͻͻ wͻn mu dendeenden. info
التفاسير:

external-link copy
43 : 54

أَكُفَّارُكُمۡ خَيۡرٞ مِّنۡ أُوْلَٰٓئِكُمۡ أَمۡ لَكُم بَرَآءَةٞ فِي ٱلزُّبُرِ

Enti mo (mu) boniayεfoͻ no kyεn woi nom (a yɛaseε wͻn no)? Anaasε modeε moanya (bͻhyε) wͻ Twerεsεm no mu sε yɛayi mu afiri (asotwee no) mu? info
التفاسير:

external-link copy
44 : 54

أَمۡ يَقُولُونَ نَحۡنُ جَمِيعٞ مُّنتَصِرٞ

Anaasε deε wͻka ne sε: ”Yεdeε yεyε dͻm (kεseε) enti yεbɛdi nkonim? info
التفاسير:

external-link copy
45 : 54

سَيُهۡزَمُ ٱلۡجَمۡعُ وَيُوَلُّونَ ٱلدُّبُرَ

Yεbεka wͻn dͻm no agu ama wͻadane wͻn akyi adwane. info
التفاسير:

external-link copy
46 : 54

بَلِ ٱلسَّاعَةُ مَوۡعِدُهُمۡ وَٱلسَّاعَةُ أَدۡهَىٰ وَأَمَرُّ

Aane, Dͻnhwere no ne εberε a yεde ahyε wͻn bͻ; na Dͻnhwere no ano yε den na (εyε berε nso) a emu (nsɛm) yε nyono. info
التفاسير:

external-link copy
47 : 54

إِنَّ ٱلۡمُجۡرِمِينَ فِي ضَلَٰلٖ وَسُعُرٖ

Nokorε sε, abͻneεfoͻ no wͻ ͻyera ne abͻdamsεm paa mu. info
التفاسير:

external-link copy
48 : 54

يَوۡمَ يُسۡحَبُونَ فِي ٱلنَّارِ عَلَىٰ وُجُوهِهِمۡ ذُوقُواْ مَسَّ سَقَرَ

Ɛda a yεbεtwe wͻn ase wͻ fͻm wͻ wͻn anim so akͻ egya no mu no, (yεbεka akyerε wͻn sε): ”Monka Ogya no atenka no nhwε “. info
التفاسير:

external-link copy
49 : 54

إِنَّا كُلَّ شَيۡءٍ خَلَقۡنَٰهُ بِقَدَرٖ

Nokorε sε Yεde nhyehyεeε na abͻ biribiara. info
التفاسير:

external-link copy
50 : 54

وَمَآ أَمۡرُنَآ إِلَّا وَٰحِدَةٞ كَلَمۡحِۭ بِٱلۡبَصَرِ

Na Y’ahyεdeε no deε εyε baako pε, εtesε wabͻ w’ani prε. info
التفاسير:

external-link copy
51 : 54

وَلَقَدۡ أَهۡلَكۡنَآ أَشۡيَاعَكُمۡ فَهَلۡ مِن مُّدَّكِرٖ

Ampa sε Yɛasεe (amanfoͻ bi) a na wͻte sε mo. Enti obi wͻ hͻ a ͻde bɛtu ne ho foͻ? info
التفاسير:

external-link copy
52 : 54

وَكُلُّ شَيۡءٖ فَعَلُوهُ فِي ٱلزُّبُرِ

Dwuma a wͻdie biara no nso yɛatwerε no wͻ Nwoma no mu. info
التفاسير:

external-link copy
53 : 54

وَكُلُّ صَغِيرٖ وَكَبِيرٖ مُّسۡتَطَرٌ

Biribiara, ketewa ne kεseε nyinaa yɛatwerε. info
التفاسير:

external-link copy
54 : 54

إِنَّ ٱلۡمُتَّقِينَ فِي جَنَّٰتٖ وَنَهَرٖ

Nokorε sε, Nyamesurofoͻ no wͻ Aheman mu ne nsubͻnten ho, info
التفاسير:

external-link copy
55 : 54

فِي مَقۡعَدِ صِدۡقٍ عِندَ مَلِيكٖ مُّقۡتَدِرِۭ

Wͻ Nokorε Ahennwa no ho wͻ Ɔhene Tumfoͻ no a, Ɔtumi adeε nyinaa yε no hͻ. info
التفاسير: