Nsεnkyerεnee nso wͻ adesaeε ne adekyeε a εbͻ abira, ne deε Onyankopͻn siane firi soro a εyε akͻnhoma a Ɔde bɛnyane asaase wͻ ne wuo akyi, ne mframa a edi adaneadane no mu ma amanfoͻ a wͻn wͻ nteaseε.
Amanehunu gya da wͻn anim, na deε wͻanya no ensi wͻn hwee, na deε wͻn afri Nyankopͻn akyi de wͻn ayε akyitaafoͻ no nso (ho mma mfasoͻ mma wͻn), na wͻn wͻ asotwee a εsoo paa.