ترجمة معاني القرآن الكريم - الترجمة الأكانية - الأشانتية - هارون إسماعيل

سورة الدخان - Ad-Dukhaan

external-link copy
1 : 44

حمٓ

Haa – Miim. info
التفاسير:

external-link copy
2 : 44

وَٱلۡكِتَٰبِ ٱلۡمُبِينِ

Mede Nwoma no a εda (biribiara) adi pefee no di nse sε: info
التفاسير:

external-link copy
3 : 44

إِنَّآ أَنزَلۡنَٰهُ فِي لَيۡلَةٖ مُّبَٰرَكَةٍۚ إِنَّا كُنَّا مُنذِرِينَ

Nokorε, Yɛsanee (Qur’aan) no wͻ nhyira anadwo (Lailatul Qadr) no mu. Nokorε sε Yεn na Yεbͻ (nnipa) kͻkͻ. info
التفاسير:

external-link copy
4 : 44

فِيهَا يُفۡرَقُ كُلُّ أَمۡرٍ حَكِيمٍ

(Saa anadwo no) mu na yεtoto dwumadie a edi mu biara ho ntotoeε- info
التفاسير:

external-link copy
5 : 44

أَمۡرٗا مِّنۡ عِندِنَآۚ إِنَّا كُنَّا مُرۡسِلِينَ

Ahyεdeε a ɛfiri Yεn hͻ. Nokorε sε Yεn na Yεsoma Asomafoͻ. info
التفاسير:

external-link copy
6 : 44

رَحۡمَةٗ مِّن رَّبِّكَۚ إِنَّهُۥ هُوَ ٱلسَّمِيعُ ٱلۡعَلِيمُ

(Ɛyε) ahummͻborͻ firi wo Wura Nyankopͻn hͻ. Nokorε sε Ɔne Otiefoͻ no a Ɔte biribiara no, na Ɔne Onimdefoͻ no. info
التفاسير:

external-link copy
7 : 44

رَبِّ ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَٱلۡأَرۡضِ وَمَا بَيۡنَهُمَآۖ إِن كُنتُم مُّوقِنِينَ

Ɔsoro ne asaase ne deε εwͻ mfimfini Wura no, sε moadwen si mo pi ampa a. info
التفاسير:

external-link copy
8 : 44

لَآ إِلَٰهَ إِلَّا هُوَ يُحۡيِۦ وَيُمِيتُۖ رَبُّكُمۡ وَرَبُّ ءَابَآئِكُمُ ٱلۡأَوَّلِينَ

Awurade foforͻ biara nni hͻ gyesε Ɔno nko ara, Ɔma nkwa εna Ɔkum; (Ɔne) mo Wura Nyankopͻn ne moagyanom tetefoͻ no nso Wura Nyankopͻn no. info
التفاسير:

external-link copy
9 : 44

بَلۡ هُمۡ فِي شَكّٖ يَلۡعَبُونَ

Aane, wͻn adwen nsi wͻn pi, εna wͻredi agorͻ. info
التفاسير:

external-link copy
10 : 44

فَٱرۡتَقِبۡ يَوۡمَ تَأۡتِي ٱلسَّمَآءُ بِدُخَانٖ مُّبِينٖ

Enti twεn εda no a wisie kumoo a εda adi pefee bεba ewiem no, info
التفاسير:

external-link copy
11 : 44

يَغۡشَى ٱلنَّاسَۖ هَٰذَا عَذَابٌ أَلِيمٞ

Ɛbεkata nnipa so. (Boniayεfoͻ no bεka sε): “Wei yε asotwee a εyε ya paa. info
التفاسير:

external-link copy
12 : 44

رَّبَّنَا ٱكۡشِفۡ عَنَّا ٱلۡعَذَابَ إِنَّا مُؤۡمِنُونَ

YɛWura, yi asotwee no firi yεn so, Nokorε sε (afei deε) yεyε agyediefoͻ. info
التفاسير:

external-link copy
13 : 44

أَنَّىٰ لَهُمُ ٱلذِّكۡرَىٰ وَقَدۡ جَآءَهُمۡ رَسُولٞ مُّبِينٞ

Afutuo bεn bio, wͻ ԑberε a Ɔsomafoͻ aba wͻn hͻ rekyerεkyerε biribiara mu pefee, info
التفاسير:

external-link copy
14 : 44

ثُمَّ تَوَلَّوۡاْ عَنۡهُ وَقَالُواْ مُعَلَّمٞ مَّجۡنُونٌ

Nanso wͻdane wͻn ho firi ne ho, na wͻka sε: obi na ɛkyerε no, ͻyε bͻdamfoͻ? info
التفاسير:

external-link copy
15 : 44

إِنَّا كَاشِفُواْ ٱلۡعَذَابِ قَلِيلًاۚ إِنَّكُمۡ عَآئِدُونَ

Nokorε sε, Yɛbɛyi asotwee no (kakra). Nokorε sε mobεsan akͻ (mo bͻne no) mu. info
التفاسير:

external-link copy
16 : 44

يَوۡمَ نَبۡطِشُ ٱلۡبَطۡشَةَ ٱلۡكُبۡرَىٰٓ إِنَّا مُنتَقِمُونَ

Ɛda a Yεbεpari asͻ (wͻn) mu nsͻdene no, nokorε sε Yεbɛtua wͻn bͻne no so ka info
التفاسير:

external-link copy
17 : 44

۞ وَلَقَدۡ فَتَنَّا قَبۡلَهُمۡ قَوۡمَ فِرۡعَوۡنَ وَجَآءَهُمۡ رَسُولٞ كَرِيمٌ

Nokorε sε Yεsͻͻ Faro nkorͻfoͻ a wͻdii wͻn anim kan no hwεɛe; na Ɔsomafoͻ Onimuonyamfoͻ no baa wͻn hͻ- info
التفاسير:

external-link copy
18 : 44

أَنۡ أَدُّوٓاْ إِلَيَّ عِبَادَ ٱللَّهِۖ إِنِّي لَكُمۡ رَسُولٌ أَمِينٞ

(Bεka kyerεε wͻn) sε: ”Fa Onyankopͻn nkoa no ma me“. Nokorε meyε Ɔsomafoͻ nokwafoͻ ma mo. info
التفاسير: