Ampa sε, Nyankopͻn dii Ne bͻhyε so maa mo, εberε a N’akwamma mu no mokunkum (abosomsomfoͻ no) kͻpem sε mogooeε, na mogyee akyinnye wͻ nhyehyεε (anaa dwumadie) no ho, na moyεε ho asoͻden wͻ akyire yi a Nyankopͻn de adeε a na anka mopε no kyerεε mo. Momu bi wͻhͻ a na wͻ’pε wiase, εna na momu bi nso pε Daakye no. Afei Ɔdanee mo firii wͻn so sεdeε Ɔbεsͻ mo ahwε; na ampa sɛ Ɔde (mo mfomsoɔ no) afri mo. Nyankopɔn adom a ɛwɔ agyidiefoɔ no soɔ no so paa.