Muhammad gyinaberε ara ne sε, ͻyε Ɔsomafoͻ. Asomafoͻ no pii na adi n’anim kan atwa mu kͻ. Enti sε owu, anaasε yeku no a, mobεdane moho wͻ monantini so (anaa mobegyae Islam asan akͻ moakyi)? Obi a ͻbεdane ne ho wͻ nenantini soͻ no, ontumi nyε Nyankopͻn hwee. Na Nyankopͻn deε Ɔbetua wͻn a wͻ’yi (no) ayε no (dwumadi pa) no so ka.
Na εmma sε ᴐkra bi bewu, gyesε Nyankopͻn ma ho kwan, (owuo) yε berε a yahyehyε ato hͻ. Obi a ͻpε wiase akatua no Yε’de ma no, obi a ͻpε Daakye akatua no nso Yε’de bεma no, na Y’ebetua wͻn a wͻ’yi (Nyame) ayε no ka.
Nkͻmhyεfoͻ pii na wͻn ako (wͻ Nyame kwan so) a nwomanimfoͻ Nyame-somfoͻ pii ka wͻn ho. Nanso wͻn ampa aba wͻ deε εtoo wͻn wͻ Nyame kwan soͻ no ho, na amma wͻn ammrε wͻn ho ase nso (amma abͻneεfoͻ no). Nyankopͻn deε Ɔpε aboterεfoͻ anaa wͻn a wͻ’gyina pintinn no asεm.
Wͻn asεm a wͻ’kaeε ara nesε: “Ye’ Wura Nyankopͻn, fa yεn bͻne, ne yεn nyuma a aboro soͻ ne deε atͻ sin (ho mfomsoͻ) kyε yεn, na ma yenyina pintinn wͻ yεn nnan so, na boa yεn ma yeni boniayεfoͻ no so nkonim”.