(Nkͻmhyεni), wonhunuu obi a ͻgyee Abraham akyinnyeε wͻ ne Wura Nyankopͻn ho, sε Nyankopͻn ama no ahennie nti no? Ɛberε a Abraham kaa sε: “Me Wura Nyankopͻn na Ɔma nkwa εna Okum”. (Ɔhene no) kaa sε: “Mema nkwa san kum”. Abraham kaa sε: “Ɛneε nokorε sε, Nyankopͻn na Ɔma awia pue firi apueε, enti ma no mpue mfri atͻeε. Enti (ͻhene) no a ͻpo nokorε no ho dwirii no a onhu asεm a ͻnka. Onyankopͻn deε Ɔnkyerε abͻneεfoͻ no kwan.