Na fa anigyesεm no ho bͻhyε ma wͻn a wͻ’agye adie na wͻ’di dwuma pa no sε, nokorε, wͻn wͻ ͻsoro Aheman a nsubͻnten nenam aseε. Ɛberε biara a yεde emu aduaba no bi bεbͻ wͻn akͻnhoma no, deε wͻ’bεka ne sε: “Yεde woi bi abͻ yεn akͻnhoma pεn.” Yama wͻn nesεso. Wͻ’wͻ ayerenom ahotewfoͻ wͻ mu; na (Aheman no) mu na wͻ’bεtena afe bͻͻ.