Yudafoͻ no ka sε: “Kristofoͻ no nni hwee (a wͻ’gyina so desom Nyame), εna Kristofoͻ no nso se: “Yudafoͻ no nni hwee (a wͻ’gyina so desom Nyame)” aberε nso a wͻn nyinaa kenkan Nwoma (baako) no. Saa ara na wͻn a wͻ’nnim no keka wͻn nsεm no ara bie. Enti Nyankopͻn bebu deε wͻ’gye ho akyinnyeε no ho atεn Atemmuda.