Wonhunuu Israelfoͻ mpanimfoͻ no a, (wͻ’baa) Mose akyi no? Ɛberε a wͻ’ka kyerεε wͻn Nkͻmhyεni (Samuel) sε: ”Yi ͻhene ma yεn sεdeε (obedi y’anim) ama ya’ko wͻ Nyankopͻn kwan no soͻ”. (Nkͻmhyεni Samuel)) kaa sε: “Anhwε a na yεhyehyε ͻkoo ma mo a na moanko”. Wͻ’kaa sε: “Ɛdeεn nti na yε’nnko wͻ Nyankopͻn kwan no soͻ aberε a yatu yεn ne yε’mma afiri y’afie mu?” Nanso εberε a yεhyehyεε ͻkoo maa wͻn no (wͻn mu dodoͻ no) danee wͻn ho, gyesε wͻn mu kakraabi. Onyankopͻn deε Onim abͻneεfoͻ no.
Wͻn Nkͻmhyεni no ka kyerεε wͻn sε: “Nyankopͻn ayi Taaluut (Saul) ama mo sε oni moso hene”. Asεm a wͻ’kaeε ne sε: “Ɛyε dεn na watumi adi yεn so hene aberε a yεn na ahennie no fata yεn kyεn no, afei onni sika a εboro soͻ?” Nkͻmhyεni no kaa sε: “Nyankopͻn ayi no sε oni mo so (hene), asan de nimdeε aka no ho (ama no) honam mu (ahoͻden). Onyankopͻn deε Ɔde N’ahennie ma obi a Ɔpε. Onyankopͻn deε N’adom so paa, na Ɔne Onimdefoͻ.
Wͻn Nkͻmhyεni no ka kyerεε wͻn sε: “N’ahennie no ho nsεnkyerεnee ne sε: “Yε’bεsan de Apam adaka a awerεkyekyerε a efri mo Wura Nyankopͻn hͻ no wͻ mu a εyε agyapadeε a Mose nkorͻfoͻ ne Aaron nkorɔfoɔ no de gyaaeε no ama Soro Abͻfoͻ asoa abrε mo. Nokorε sε, nsεnkyerεnee wͻ woi mu dema mo, sε moyε agyidiefoͻ ampa a.