Onyankopͻn na Wapagya soro a adum biara nnihͻ (a ekuta mu) a mohunu, εna afei Ɔde Neho sii Tumi ahennwa no soͻ, εna W’ama awia ne bosome aberε wͻn ho ase (ama mo). Emu biara nam (ne kwan so) wͻ berε a yahyehyε (ama no mu). Ɔno na Ɔtoto ntotoeε nyinaa, Ɔkyerεkyerε nsεm no mu sεdeε mobεgye mo Wura Nyankopͻn nhyiamu no adie.
Ɔno na Watrε asaase mu, εna Ɔde mmepͻ asisi so pintinn asan ayε nsubͻnten, εna nnuaba biara nso Wayε no mmienu mmienu (onini ne ͻbedeε) wͻ (asaase no) so. Ɔma adesaeε kata adekyeε so. Nokorε sε, nsεnkyerεnee wͻ woi nom mu dema nnipa a wͻdwen.
Sε εyε wo nwanwa a, εneε (boniayεfoͻ no) asεm a wͻse “Enti sε (yewu na) yεyε nεteε a yεbεsan (anyane) wͻ abͻdeε foforͻ mu no”, εno na ma εnyε wo nwanwa. Saa nkorͻfoͻ no na wͻ nnye wͻn Wura Nyankopͻn nnie no, na wͻn na (yεde) dadewεnfoͻ begu wͻn kͻn mu no, na wͻ ne Ogya no mu foͻ no, emu na wͻ’bεtena afe bͻͻ.