(Ya’aquub) kaa sε: “Memfa no nhyε mo nsa, εneε na mede no rehyε mo nsa (ama moayε no) sεdeε mede nenua dii kan hyεε mo nsa no ara. Onyankopͻn ne Ɔbanbͻfoͻ papa, Ɔne ahummͻborͻ mu Ahumͻborͻ Hene no”.
Ԑberε a wͻbuee wͻn nneεma soͻ no, wͻhunuu sε yasan de wͻn sika no ama wͻn. Wͻkaa sε: “Papa, εdeεn na yεrehwehwε bio? Yɛsika no nie, yasan de ama yεn, na yεbɛnya aduane pii ama y’abusuafoͻ na yɛabͻ yɛnua no nso ho ban, na yɛanya yoma adesoa nsusueε baako bio aka ho. Wei yε adesoa a εyε mmrε (sε ͻhene no de bεma yεn)”.
(Ya’aquub) kaa sε: “Memma mo ne no nkͻ, gyesε mode Nyankopͻn di nse kyerε me sε, mode no bεsan aberε me; gyesε (atanfoͻ) twa monyinaa ho hyia”. Ԑberε a wͻdii nse no, ͻkaa sε: “Onyankopͻn ne asεm a yεreka yi ho Kyitaafoͻ”.
Ͻkaa sε: “Memma, (sε moduru Misrim a), monhwε na (mo nyinaa) moanwura ͻpono baako mu, na mmom momfa apono sononko-sononko mu na enwura mu. Na meho mma mfasoͻ biara mma mo wͻ (adeε a) Nyankopͻn (ahyehyε ama mo) ho. Nokorε sε, atemmuo no deε Onyankopͻn na εwͻ no, na Neso na mede meho toͻ,na Ne mu na wͻn a wͻwͻ awerεhyemu no mfa wͻn werε nhyε”.
Ԑberε a wͻwuraa (kuro no) mu sεdeε wͻn papa hyεε wͻn no, εso amma mfasoͻ biara amma wͻn antia deε Onyankopͻn (ahyehyε); mmom Ya’aquub no ara ahiasεm na ͻhyehyε (maa ne mma no). Nokorε sε, ͻwͻ nimdeε a emu dͻ a Yɛakyerε no, nanso nnipa pii nnim.
Ɛberε a wͻwuraa mu kͻͻ Yuusuf hͻ no, ͻfaa nenua no baa ne nkyεn ka kyerεε no sε: “Nokorε, mene wo nua (Yuusuf), na εmma wo werε nho wͻ deε (yɛnuanom) yͻeε no ho”.