Enti εyε nnipa nwanwa sε, Yɛayi Adiyisεm ama onipa a ɔfiri wͻn mu sε: “Bͻ adasamma kͻkͻ, na bͻ wͻn a wͻagye adie no anohoba sε, wͻwͻ nkͻso pa bi wͻ wͻn Wura Nyankopͻn hͻ?” Deε (Kaafirfoͻ) boniayεfoͻ no ka ne sε: ”Nokorε sε, wei deε εyε nkonyaa anaa naadaasεm pefee “.
Nokorε sε, mo Wura Nyankopͻn no na Ɔbͻͻ soro ne asaase wͻ nna nsia mu, εna Ɔde Neho sii Tumi ahennwa no soͻ; Ɔno na Ɔtoto ntotoeε (biara). Ͻgyefoͻ biara nni hͻ, gyesε Ɔma kwan ansa. Mo Wura Nyankopͻn no Ɔne no, enti monsom no. Enti momfa (saa asɛm yi) nnyε afutuo?
Monyinaa Nehͻ ne monkyi. Onyankopͻn bͻhyε yε nokorε. Nokorε sε Ɔno na Ɔfitii abͻdeε no aseε, εna Ɔbεsan de no aba (nkwa mu) bio, sεdeε Ɔbɛtua wͻn a wͻagye adie na wͻdi dwuma pa no ka pεpεεpε; na wͻn a wͻyi boniayε no wͻ nsuohyeε a wͻbεnom ne asotwee a εyε ya paa, εnam wͻn boniayε no ho nti.
Onyankopͻn na Wama awia nhyerεnee εna (Wama) bosome nso nhyerεnee, εna Wahyehyε so εbrε ama no, sεdeε mobɛhunu mfeɛ dodoͻ ne nkontabuo no. Onyankopͻn ammͻ wei (kwa), na mmom (Ɔbͻͻ no) nokorε nti, Ɔkyerεkyerε Ne nsεm no mu dema amanfoͻ a wͻnim.
Nokorε sε abirabͻ a εwͻ adesaeε ne adekyeε mu, ne nneεma a Nyankopͻn abͻ a εwͻ soro ne asaase soͻ no (nyinaa) yε nsεnkyerεnee dema amanfoͻ a wͻsuro Nyame yε ahwεyie.