《古兰经》译解 - 阿坎语翻译 - 阿散蒂语 - 哈伦·易斯梅尔

页码:close

external-link copy
11 : 42

فَاطِرُ ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَٱلۡأَرۡضِۚ جَعَلَ لَكُم مِّنۡ أَنفُسِكُمۡ أَزۡوَٰجٗا وَمِنَ ٱلۡأَنۡعَٰمِ أَزۡوَٰجٗا يَذۡرَؤُكُمۡ فِيهِۚ لَيۡسَ كَمِثۡلِهِۦ شَيۡءٞۖ وَهُوَ ٱلسَّمِيعُ ٱلۡبَصِيرُ

Ɔsoro ne asaase Yεfoͻ no, Wayε mo mmienu mmienu (ͻbaa ne ͻbarima) firi mo ara mo mu ama mo, nyεmmoa nso onini ne ͻbedeε, (saa kwan yi) so na Wama mo adͻͻso. Biribiara ntesε Ɔno. Ɔne Otiefoͻ no a Ɔte biribiara no, na Ɔno ara nso na Ɔhu biribiara. info
التفاسير:

external-link copy
12 : 42

لَهُۥ مَقَالِيدُ ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَٱلۡأَرۡضِۖ يَبۡسُطُ ٱلرِّزۡقَ لِمَن يَشَآءُ وَيَقۡدِرُۚ إِنَّهُۥ بِكُلِّ شَيۡءٍ عَلِيمٞ

Ɔsoro ne asaase so akoradeε safoa wͻ no, Ɔbae N’adom no mu ma obi a Ɔpε, εna Ɔsusu nso (ma obi a Ɔpε). Nokorε sε Ɔne biribiara ho Nimdefoͻ. info
التفاسير:

external-link copy
13 : 42

۞ شَرَعَ لَكُم مِّنَ ٱلدِّينِ مَا وَصَّىٰ بِهِۦ نُوحٗا وَٱلَّذِيٓ أَوۡحَيۡنَآ إِلَيۡكَ وَمَا وَصَّيۡنَا بِهِۦٓ إِبۡرَٰهِيمَ وَمُوسَىٰ وَعِيسَىٰٓۖ أَنۡ أَقِيمُواْ ٱلدِّينَ وَلَا تَتَفَرَّقُواْ فِيهِۚ كَبُرَ عَلَى ٱلۡمُشۡرِكِينَ مَا تَدۡعُوهُمۡ إِلَيۡهِۚ ٱللَّهُ يَجۡتَبِيٓ إِلَيۡهِ مَن يَشَآءُ وَيَهۡدِيٓ إِلَيۡهِ مَن يُنِيبُ

Wakyerε mu pefee akyerε mo fa Nyamesom no a Ɔde maa Noah ne deε Yɛayi de ama woͻ yi, ne deε Yεde maa Abraham ne Mose ne Yesu. Yεka kyerεε wͻn sε: “Monfa ͻsom no nsi hͻ na monhwε na moanyε mpaepaemu wͻ ho. Ԑyε asεm a εyε den ma abosomsomfoͻ no wͻ deε worefrε wͻn akͻ no. Onyankopͻn yi obia Ɔpε dema Neho, na Ɔkyerε obia Ɔdane neho ba Nehͻ no kwan. info
التفاسير:

external-link copy
14 : 42

وَمَا تَفَرَّقُوٓاْ إِلَّا مِنۢ بَعۡدِ مَا جَآءَهُمُ ٱلۡعِلۡمُ بَغۡيَۢا بَيۡنَهُمۡۚ وَلَوۡلَا كَلِمَةٞ سَبَقَتۡ مِن رَّبِّكَ إِلَىٰٓ أَجَلٖ مُّسَمّٗى لَّقُضِيَ بَيۡنَهُمۡۚ وَإِنَّ ٱلَّذِينَ أُورِثُواْ ٱلۡكِتَٰبَ مِنۢ بَعۡدِهِمۡ لَفِي شَكّٖ مِّنۡهُ مُرِيبٖ

(Mfitiaseԑ no) na wͻn mu ampaepae kͻpem akyire yi a nimdeε baa wͻn hͻ, εnam ahoͻyaa a εwͻ wͻn mu no nti. Sε εnyε asεm a adi kan afiri wo Wura Nyankopͻn hͻ de ama Ɛberε a yɛahyε no a, nka yɛabu wͻn ntam atεn. Nokorε sε wͻn a wͻbɛdii Nwoma no akonwa wͻ wͻn (a wͻbaa wͻn a wͻdii Nkͻmhyεfoͻ no) akyiri no adwen nsipi wͻ ho koraa. info
التفاسير:

external-link copy
15 : 42

فَلِذَٰلِكَ فَٱدۡعُۖ وَٱسۡتَقِمۡ كَمَآ أُمِرۡتَۖ وَلَا تَتَّبِعۡ أَهۡوَآءَهُمۡۖ وَقُلۡ ءَامَنتُ بِمَآ أَنزَلَ ٱللَّهُ مِن كِتَٰبٖۖ وَأُمِرۡتُ لِأَعۡدِلَ بَيۡنَكُمُۖ ٱللَّهُ رَبُّنَا وَرَبُّكُمۡۖ لَنَآ أَعۡمَٰلُنَا وَلَكُمۡ أَعۡمَٰلُكُمۡۖ لَا حُجَّةَ بَيۡنَنَا وَبَيۡنَكُمُۖ ٱللَّهُ يَجۡمَعُ بَيۡنَنَاۖ وَإِلَيۡهِ ٱلۡمَصِيرُ

Enti (Islam som) so na frε (amanfoͻ kᴐ), na gyina pintinn sεdeε yɛahyε woͻ no, na ɛnni wͻn apεdeε akyi, na kasε: “Megye deε Nyankopͻn asane no wͻ Nwoma no mu no di, na yɛahyε me sε menni nokorε wͻ montεm. Onyankopͻn ne yεn Wura, Ɔne monso mo Wura. Yεn nwuma wͻ yεn, monso monwuma wͻ mo. Akyinyeε biara nna yεn ne mo ntam. Onyankopͻn bεboa yεn nyinaa ano, na Nehͻ ne biribiara nkyi “. info
التفاسير: