पवित्र कुरअानको अर्थको अनुवाद - अकानी अनुवाद : अशान्ती - हारून इस्माईल ।

Al–Anfal

external-link copy
1 : 8

يَسۡـَٔلُونَكَ عَنِ ٱلۡأَنفَالِۖ قُلِ ٱلۡأَنفَالُ لِلَّهِ وَٱلرَّسُولِۖ فَٱتَّقُواْ ٱللَّهَ وَأَصۡلِحُواْ ذَاتَ بَيۡنِكُمۡۖ وَأَطِيعُواْ ٱللَّهَ وَرَسُولَهُۥٓ إِن كُنتُم مُّؤۡمِنِينَ

(Nkͻmhyεni), wͻrebisa wo ͻkoo mu asadeε no ho asεm. Ka sε: “Asadeε no wͻ Nyankopͻn ne Nesomafoͻ no. Enti monsuro Nyankopͻn na monsiesie deε abεtͻ montam no, na monyε sotie mma Nyankopͻn ne Nesomafoͻ no, sε moyε agyidiefoͻ ampa a. info
التفاسير:

external-link copy
2 : 8

إِنَّمَا ٱلۡمُؤۡمِنُونَ ٱلَّذِينَ إِذَا ذُكِرَ ٱللَّهُ وَجِلَتۡ قُلُوبُهُمۡ وَإِذَا تُلِيَتۡ عَلَيۡهِمۡ ءَايَٰتُهُۥ زَادَتۡهُمۡ إِيمَٰنٗا وَعَلَىٰ رَبِّهِمۡ يَتَوَكَّلُونَ

Agyidiefoͻ no ne wͻn a sε yεbͻ Nyankopͻn din a wͻnya hubͻ bi wͻ wͻn akoma mu, na sε yεrekenkan Ne nsεm no kyerε wͻn a εde gyidie foforͻ bεka wͻn gyidie ho, na wͻn Wura Nyankopͻn so na wͻde wͻn ho toͻ. info
التفاسير:

external-link copy
3 : 8

ٱلَّذِينَ يُقِيمُونَ ٱلصَّلَوٰةَ وَمِمَّا رَزَقۡنَٰهُمۡ يُنفِقُونَ

Wͻn a wͻfrε Nyame wͻ ne brε mu, na deε Yεde akyε wͻn no wͻyi mu bi dema. info
التفاسير:

external-link copy
4 : 8

أُوْلَٰٓئِكَ هُمُ ٱلۡمُؤۡمِنُونَ حَقّٗاۚ لَّهُمۡ دَرَجَٰتٌ عِندَ رَبِّهِمۡ وَمَغۡفِرَةٞ وَرِزۡقٞ كَرِيمٞ

Saa nkorͻfoͻ no ne agyidiefoͻ paa no. Wͻwͻ gyinabrε (a εsom bo) ne bͻnefakyε ne akyεdeε a edi mmu paa wͻ wͻn Wura Nyankopͻn hͻ. info
التفاسير:

external-link copy
5 : 8

كَمَآ أَخۡرَجَكَ رَبُّكَ مِنۢ بَيۡتِكَ بِٱلۡحَقِّ وَإِنَّ فَرِيقٗا مِّنَ ٱلۡمُؤۡمِنِينَ لَكَٰرِهُونَ

Sεdeε wo Wura Nyankopͻn maa wofirii wo fie wͻ nokorε mu no, na agyidiefoͻ no mu bi mpε, info
التفاسير:

external-link copy
6 : 8

يُجَٰدِلُونَكَ فِي ٱلۡحَقِّ بَعۡدَ مَا تَبَيَّنَ كَأَنَّمَا يُسَاقُونَ إِلَى ٱلۡمَوۡتِ وَهُمۡ يَنظُرُونَ

Wͻregye wo akyinnye wͻ nokorε no ho wͻ akyire yi a ada adi pefee, tesε deε yεreka wͻn so akͻ owuo mu a wͻn ani tua. info
التفاسير:

external-link copy
7 : 8

وَإِذۡ يَعِدُكُمُ ٱللَّهُ إِحۡدَى ٱلطَّآئِفَتَيۡنِ أَنَّهَا لَكُمۡ وَتَوَدُّونَ أَنَّ غَيۡرَ ذَاتِ ٱلشَّوۡكَةِ تَكُونُ لَكُمۡ وَيُرِيدُ ٱللَّهُ أَن يُحِقَّ ٱلۡحَقَّ بِكَلِمَٰتِهِۦ وَيَقۡطَعَ دَابِرَ ٱلۡكَٰفِرِينَ

Kae εberε a Nyankopͻn de akuo mmienu no mu baako hyεε mo (Muslimfoͻ no) bͻ sε εbεyε mo dea; na mopεε sε deε nkasεε (anaasε ͻkoo) nni ho no mmom na εnyε mo dea, na Nyankopͻn pεsε Ɔnam N’asεm so ma nokorε no si pie, na Ɔtwa boniayεfoͻ no nhini (firi hͻ). info
التفاسير:

external-link copy
8 : 8

لِيُحِقَّ ٱلۡحَقَّ وَيُبۡطِلَ ٱلۡبَٰطِلَ وَلَوۡ كَرِهَ ٱلۡمُجۡرِمُونَ

Sεdeε Nyankopͻn bεma Nokorε no ayε nokorε na Wasεe nkontompo no, sε abͻneεfoͻ no mpε mpo a. info
التفاسير: