पवित्र कुरअानको अर्थको अनुवाद - अकानी अनुवाद : अशान्ती - हारून इस्माईल ।

رقم الصفحة:close

external-link copy
44 : 7

وَنَادَىٰٓ أَصۡحَٰبُ ٱلۡجَنَّةِ أَصۡحَٰبَ ٱلنَّارِ أَن قَدۡ وَجَدۡنَا مَا وَعَدَنَا رَبُّنَا حَقّٗا فَهَلۡ وَجَدتُّم مَّا وَعَدَ رَبُّكُمۡ حَقّٗاۖ قَالُواْ نَعَمۡۚ فَأَذَّنَ مُؤَذِّنُۢ بَيۡنَهُمۡ أَن لَّعۡنَةُ ٱللَّهِ عَلَى ٱلظَّٰلِمِينَ

Soro Aheman no mu foͻ no bεfrε Ogya no mufoͻ no sε: “Nokorε sε, yεn nsa aka deε yɛ’Wura Nyankopͻn hyεε yεn ho bͻ no ampa; enti monso monsa aka deε mo Wura hyεε mo ho bͻ no ampa?” Wͻbεka sε: “Aane!” Ɔfrεfrεni bi bεfrε afiri wͻn mu hͻ sε: “Onyankopͻn nnomee wͻ abͻneεfoͻ no so; info
التفاسير:

external-link copy
45 : 7

ٱلَّذِينَ يَصُدُّونَ عَن سَبِيلِ ٱللَّهِ وَيَبۡغُونَهَا عِوَجٗا وَهُم بِٱلۡأٓخِرَةِ كَٰفِرُونَ

Wͻn a wͻsi (amanfoͻ kwan) firi Nyankopͻn kwan no so hwehwε sε εbεkyea, na wͻpo Daakye no. info
التفاسير:

external-link copy
46 : 7

وَبَيۡنَهُمَا حِجَابٞۚ وَعَلَى ٱلۡأَعۡرَافِ رِجَالٞ يَعۡرِفُونَ كُلَّۢا بِسِيمَىٰهُمۡۚ وَنَادَوۡاْ أَصۡحَٰبَ ٱلۡجَنَّةِ أَن سَلَٰمٌ عَلَيۡكُمۡۚ لَمۡ يَدۡخُلُوهَا وَهُمۡ يَطۡمَعُونَ

Ntwaremu bi bɛtware wͻn mmienu no (aheman mu foͻ no ne Ogya no mu foͻ) no ntam. Mmarima bi wͻ fasuo no sorosoro a wᴐde (abᴐnefoᴐ no mu) biara nsohyε deε na ɛbɛhu wͻn; na wͻbεfrε Aheman no mufoͻ no sε: “Asomdwoeε nka mo.” Wͻnnya nwuraa (Aheman no) mu deε, nanso wͻwͻ ho anidaasoͻ. info
التفاسير:

external-link copy
47 : 7

۞ وَإِذَا صُرِفَتۡ أَبۡصَٰرُهُمۡ تِلۡقَآءَ أَصۡحَٰبِ ٱلنَّارِ قَالُواْ رَبَّنَا لَا تَجۡعَلۡنَا مَعَ ٱلۡقَوۡمِ ٱلظَّٰلِمِينَ

Sε wͻn ani twa kͻhwε Ogya no mufoͻ no a, deε wͻka nesε: “Yɛn Wura Nyankopͻn, (yεsrε Wo sε), εmfa yεn nka abͻneεfoͻ no ho “ info
التفاسير:

external-link copy
48 : 7

وَنَادَىٰٓ أَصۡحَٰبُ ٱلۡأَعۡرَافِ رِجَالٗا يَعۡرِفُونَهُم بِسِيمَىٰهُمۡ قَالُواْ مَآ أَغۡنَىٰ عَنكُمۡ جَمۡعُكُمۡ وَمَا كُنتُمۡ تَسۡتَكۡبِرُونَ

Mmarima a wͻwͻ (fasuo) no soro hͻ no bεfrε mmarima a wͻde wͻn nsohyε-deε na ɛhu wͻn no sε: “Moahonya dodoͻ ne ahomasoͻ a na moyε no ansi mo hwee?’’ info
التفاسير:

external-link copy
49 : 7

أَهَٰٓؤُلَآءِ ٱلَّذِينَ أَقۡسَمۡتُمۡ لَا يَنَالُهُمُ ٱللَّهُ بِرَحۡمَةٍۚ ٱدۡخُلُواْ ٱلۡجَنَّةَ لَا خَوۡفٌ عَلَيۡكُمۡ وَلَآ أَنتُمۡ تَحۡزَنُونَ

(Saa agyidiefoͻ) wei nom ho na mokaa ntam sε: “Nyankopͻn mfa N’ahummͻborͻ ngu wͻn soͻ no?” (Yεbεka akyerε agyidiefoͻ no sε): “Monwura ͻsoro Aheman no mu; suro biara nni mo so na mowerε nso nho”. info
التفاسير:

external-link copy
50 : 7

وَنَادَىٰٓ أَصۡحَٰبُ ٱلنَّارِ أَصۡحَٰبَ ٱلۡجَنَّةِ أَنۡ أَفِيضُواْ عَلَيۡنَا مِنَ ٱلۡمَآءِ أَوۡ مِمَّا رَزَقَكُمُ ٱللَّهُۚ قَالُوٓاْ إِنَّ ٱللَّهَ حَرَّمَهُمَا عَلَى ٱلۡكَٰفِرِينَ

Amanehunu gya no mu foͻ no bεfrε ͻsoro Aheman no mu foͻ no sε: “Monhwie nsuo anaa deε Nyankopͻn de ama mo no mu bi ngu yεn so!” Wͻbεka sε: “Nokorɛ sɛ, Nyankopͻn ayε (deε wͻrebisa) no mmienu (nyinaa) akyiwadeε ama (kaafirfoͻ) boniayεfoͻ no:- info
التفاسير:

external-link copy
51 : 7

ٱلَّذِينَ ٱتَّخَذُواْ دِينَهُمۡ لَهۡوٗا وَلَعِبٗا وَغَرَّتۡهُمُ ٱلۡحَيَوٰةُ ٱلدُّنۡيَاۚ فَٱلۡيَوۡمَ نَنسَىٰهُمۡ كَمَا نَسُواْ لِقَآءَ يَوۡمِهِمۡ هَٰذَا وَمَا كَانُواْ بِـَٔايَٰتِنَا يَجۡحَدُونَ

Wͻn a wͻfaa wͻn Nyamesom ahuhu-sεm ne agodie, na wiase asetena daadaa wͻn no. Enti εnnε Da yi Yεn werε bɛfiri wͻn sεdeε wͻn werε firii wͻn Da wei no, ne sεdeε wͻko tiaa Yεn Nsεm no“. info
التفاسير: