पवित्र कुरअानको अर्थको अनुवाद - अकानी अनुवाद : अशान्ती - हारून इस्माईल ।

Al-Israa

external-link copy
1 : 17

سُبۡحَٰنَ ٱلَّذِيٓ أَسۡرَىٰ بِعَبۡدِهِۦ لَيۡلٗا مِّنَ ٱلۡمَسۡجِدِ ٱلۡحَرَامِ إِلَى ٱلۡمَسۡجِدِ ٱلۡأَقۡصَا ٱلَّذِي بَٰرَكۡنَا حَوۡلَهُۥ لِنُرِيَهُۥ مِنۡ ءَايَٰتِنَآۚ إِنَّهُۥ هُوَ ٱلسَّمِيعُ ٱلۡبَصِيرُ

Kronkron Hene no ne Nea Ɔde Na’koa (Muhammad) tuu kwan anadwo firi (Maka) Nyamedan kronkron no ho kͻͻ (Yerusalam) Aqsoa Nyamedan a nhyira atwa ho ahyia no ho no, sεdeε Yεbεkyerε no Yεn nsεnkyerεnee no mu bi. Nokorε sε Ɔne Otiefoͻ no a Ɔte biribiara na Ɔno ara nso na Ohunu biribiara. info
التفاسير:

external-link copy
2 : 17

وَءَاتَيۡنَا مُوسَى ٱلۡكِتَٰبَ وَجَعَلۡنَٰهُ هُدٗى لِّبَنِيٓ إِسۡرَٰٓءِيلَ أَلَّا تَتَّخِذُواْ مِن دُونِي وَكِيلٗا

Yεde Nwoma no maa Mose, na Yε’yεε no kwankyerε (Nwoma) demaa Israel mma no sε: ”Monhwε na moanfri M’akyi amfa okyitaafoͻ biara, info
التفاسير:

external-link copy
3 : 17

ذُرِّيَّةَ مَنۡ حَمَلۡنَا مَعَ نُوحٍۚ إِنَّهُۥ كَانَ عَبۡدٗا شَكُورٗا

(Agyidiefoͻ) a Yεsoaa wͻn (wͻ nhyεmma no mu) kaa Noa ho no asefoͻ!” Nokorε sε na Noa yε (Nyankopͻn) akoa a oyi ayε (anaasε ͻwͻ nkaeε). info
التفاسير:

external-link copy
4 : 17

وَقَضَيۡنَآ إِلَىٰ بَنِيٓ إِسۡرَٰٓءِيلَ فِي ٱلۡكِتَٰبِ لَتُفۡسِدُنَّ فِي ٱلۡأَرۡضِ مَرَّتَيۡنِ وَلَتَعۡلُنَّ عُلُوّٗا كَبِيرٗا

Yεdaa no adi maa Israel mma no wͻ Nwoma no mu sε: “Mobεyε bͻne wͻ asaase no so mprenu, na mobεyε asoͻden ne ahomasoͻ kεse”. info
التفاسير:

external-link copy
5 : 17

فَإِذَا جَآءَ وَعۡدُ أُولَىٰهُمَا بَعَثۡنَا عَلَيۡكُمۡ عِبَادٗا لَّنَآ أُوْلِي بَأۡسٖ شَدِيدٖ فَجَاسُواْ خِلَٰلَ ٱلدِّيَارِۚ وَكَانَ وَعۡدٗا مَّفۡعُولٗا

Ɛberε a kͻkͻbͻ no mmienu mu deε edikan no baeε no, Yεsomaa Yε nkoa a wͻn akodie mu yεden baa mo so. Wͻ’wurawuraa afie mu hwehwεε mu. Na εyε kͻkͻbͻ a εyεε hͻ. info
التفاسير:

external-link copy
6 : 17

ثُمَّ رَدَدۡنَا لَكُمُ ٱلۡكَرَّةَ عَلَيۡهِمۡ وَأَمۡدَدۡنَٰكُم بِأَمۡوَٰلٖ وَبَنِينَ وَجَعَلۡنَٰكُمۡ أَكۡثَرَ نَفِيرًا

Afei Yεmaa mo kwan bio maa modii wͻn so nkonim. Na Yεmaa mo sika ne mma, na yεmaa mo dͻͻso wͻ ahoͻden mu. info
التفاسير:

external-link copy
7 : 17

إِنۡ أَحۡسَنتُمۡ أَحۡسَنتُمۡ لِأَنفُسِكُمۡۖ وَإِنۡ أَسَأۡتُمۡ فَلَهَاۚ فَإِذَا جَآءَ وَعۡدُ ٱلۡأٓخِرَةِ لِيَسُـُٔواْ وُجُوهَكُمۡ وَلِيَدۡخُلُواْ ٱلۡمَسۡجِدَ كَمَا دَخَلُوهُ أَوَّلَ مَرَّةٖ وَلِيُتَبِّرُواْ مَا عَلَوۡاْ تَتۡبِيرًا

Sε moyε papa a, moyε papa ma mo kraa, sε moyε bͻne nso a etia no. Enti εberε a kͻkͻbͻ a etwa toͻ no baeε no (Yεmaa atamfoͻ no kwan) sεdeε wͻbεsεe moanim (anaa wͻbegu moanim aseε), na wͻbewuraa Nyame-dan no mu sεdeε wͻwuraa mu kane no, sεdeε wͻbεsεe deε wͻn nsa bεka biara korakorakora. info
التفاسير: