വിശുദ്ധ ഖുർആൻ പരിഭാഷ - അകാൻ പരിഭാഷ - അഷന്തി - ഹാരൂൻ ഇസ്മാഈൽ

external-link copy
3 : 66

وَإِذۡ أَسَرَّ ٱلنَّبِيُّ إِلَىٰ بَعۡضِ أَزۡوَٰجِهِۦ حَدِيثٗا فَلَمَّا نَبَّأَتۡ بِهِۦ وَأَظۡهَرَهُ ٱللَّهُ عَلَيۡهِ عَرَّفَ بَعۡضَهُۥ وَأَعۡرَضَ عَنۢ بَعۡضٖۖ فَلَمَّا نَبَّأَهَا بِهِۦ قَالَتۡ مَنۡ أَنۢبَأَكَ هَٰذَاۖ قَالَ نَبَّأَنِيَ ٱلۡعَلِيمُ ٱلۡخَبِيرُ

Ɛberε a Nkͻmhyεni ne ne yere mu baako (Hafsa) dii asomsεm nkͻmmͻ bi, na (ͻbaa no) kͻbͻͻ (ͻbaa foforͻ, Aisha) amaneε no, Nyankopͻn bͻͻ no (deε ͻbaa no ayε no) ho amaneε; (Nkͻmhyεni) daa (asεm no) bi adi na ͻbͻ faa ebi nso so. Na εberε a (Nkͻmhyεni) de εhoo amaneε bͻͻ (Hafsa) no, ͻkaa sε: “Hwan na ͻbͻͻ wo woi ho amaneε?” (Nkͻmhyεni) kaa sε: ”Onimdefoͻ no a Ɔbͻ biribiara ho amaneε no na Ɔbͻͻ me amaneε “. info
التفاسير: