വിശുദ്ധ ഖുർആൻ പരിഭാഷ - അകാൻ പരിഭാഷ - അഷന്തി - ഹാരൂൻ ഇസ്മാഈൽ

പേജ് നമ്പർ:close

external-link copy
49 : 34

قُلۡ جَآءَ ٱلۡحَقُّ وَمَا يُبۡدِئُ ٱلۡبَٰطِلُ وَمَا يُعِيدُ

Kasε: “Nokorε no aba, na nkontompo nsan nhyε aseε, na εnsan nkͻ so bio“. info
التفاسير:

external-link copy
50 : 34

قُلۡ إِن ضَلَلۡتُ فَإِنَّمَآ أَضِلُّ عَلَىٰ نَفۡسِيۖ وَإِنِ ٱهۡتَدَيۡتُ فَبِمَا يُوحِيٓ إِلَيَّ رَبِّيٓۚ إِنَّهُۥ سَمِيعٞ قَرِيبٞ

(Nkͻmhyεni), ka sε: “Sε mayera (mpo) a meyera me ara meho, na sε manya kwankyerε nso a εnam deε me Wura Nyankopͻn ayi ama me no so. Nokorε sε, Ɔne Mpaebͻ Tiefoͻ, na Ɔno na Ɔbεn (Na’koa biara). info
التفاسير:

external-link copy
51 : 34

وَلَوۡ تَرَىٰٓ إِذۡ فَزِعُواْ فَلَا فَوۡتَ وَأُخِذُواْ مِن مَّكَانٖ قَرِيبٖ

Sε anka worehunu sεdeε ehu bεsi abͻ wͻn, (na saa berε no) dwane kͻbea (biara) nni hͻ a; yεbεsͻ wͻn mu wͻ bea bi a εbεn paa. info
التفاسير:

external-link copy
52 : 34

وَقَالُوٓاْ ءَامَنَّا بِهِۦ وَأَنَّىٰ لَهُمُ ٱلتَّنَاوُشُ مِن مَّكَانِۭ بَعِيدٖ

(Saa Da no) wͻbεka sε (afei deε) yɛagye adi; na εbεyε dεn na wͻbɛnya (gyidie) wͻ baabi akyirikyiri (saa)? info
التفاسير:

external-link copy
53 : 34

وَقَدۡ كَفَرُواْ بِهِۦ مِن قَبۡلُۖ وَيَقۡذِفُونَ بِٱلۡغَيۡبِ مِن مَّكَانِۭ بَعِيدٖ

Nokorε sε wͻannye (Asεm) no anni wͻ mfitiaseε no, na wͻde (wͻn) adwen ka nsumaeε mu nsεm a ɛfiri baabi akyirikyiri no ho asεm. info
التفاسير:

external-link copy
54 : 34

وَحِيلَ بَيۡنَهُمۡ وَبَيۡنَ مَا يَشۡتَهُونَ كَمَا فُعِلَ بِأَشۡيَاعِهِم مِّن قَبۡلُۚ إِنَّهُمۡ كَانُواْ فِي شَكّٖ مُّرِيبِۭ

Ntwaremu bɛtware wͻn ne deε wͻpε paa no ntam sεdeε yεde yεε wͻn sεso foͻ no a wͻdii kan no. Nokorε sε (εberε a na wͻn wͻ wiaseε no) na wͻn adwen nsipi koraa (wͻ Wusͻreε no ho). info
التفاسير: