വിശുദ്ധ ഖുർആൻ പരിഭാഷ - അകാൻ പരിഭാഷ - അഷന്തി - ഹാരൂൻ ഇസ്മാഈൽ

പേജ് നമ്പർ:close

external-link copy
60 : 28

وَمَآ أُوتِيتُم مِّن شَيۡءٖ فَمَتَٰعُ ٱلۡحَيَوٰةِ ٱلدُّنۡيَا وَزِينَتُهَاۚ وَمَا عِندَ ٱللَّهِ خَيۡرٞ وَأَبۡقَىٰٓۚ أَفَلَا تَعۡقِلُونَ

Adeε biara a yεde ama mo no yε wiase yi mu akͻnhoma ne emu afεεfεdeε. Deε εwͻ Nyankopͻn hͻ no εno mmom na εyε, na εno nso na εwͻ hͻ daa. Adεn, monte asεm ase anaa? info
التفاسير:

external-link copy
61 : 28

أَفَمَن وَعَدۡنَٰهُ وَعۡدًا حَسَنٗا فَهُوَ لَٰقِيهِ كَمَن مَّتَّعۡنَٰهُ مَتَٰعَ ٱلۡحَيَوٰةِ ٱلدُّنۡيَا ثُمَّ هُوَ يَوۡمَ ٱلۡقِيَٰمَةِ مِنَ ٱلۡمُحۡضَرِينَ

Enti obi a Yεde (ͻsoro Aheman no mu) bͻhyε pa no ahyε no bͻ, na ͻbɛhyia (saa bͻhyε no wͻ Onyame hͻ) no, ͻtesε obi a Yεde wiase mu anigye deε ama no na Wusͻreε da no ͻbεka wͻn a yεde wͻn bεba (asotwee mu abεtwe n’aso)? info
التفاسير:

external-link copy
62 : 28

وَيَوۡمَ يُنَادِيهِمۡ فَيَقُولُ أَيۡنَ شُرَكَآءِيَ ٱلَّذِينَ كُنتُمۡ تَزۡعُمُونَ

Saa Da no Nyankopͻn bεfrε wͻn aka akyerε wͻn sε: “Wͻn a na modwen sε wͻyε M’ahokafoͻ no wͻ hen?” info
التفاسير:

external-link copy
63 : 28

قَالَ ٱلَّذِينَ حَقَّ عَلَيۡهِمُ ٱلۡقَوۡلُ رَبَّنَا هَٰٓؤُلَآءِ ٱلَّذِينَ أَغۡوَيۡنَآ أَغۡوَيۡنَٰهُمۡ كَمَا غَوَيۡنَاۖ تَبَرَّأۡنَآ إِلَيۡكَۖ مَا كَانُوٓاْ إِيَّانَا يَعۡبُدُونَ

Wͻn a asεm no nokorε atia wͻn no bεka sε: “Yɛ Wura Nyankopͻn, woi nom a yεyeraa wͻn no, yεyeraa wͻn efrisε na yεn nso yɛayera. Yεresan yεn ho wͻ W’anim. Ɛnyε yεn na na wͻsom yεn”. info
التفاسير:

external-link copy
64 : 28

وَقِيلَ ٱدۡعُواْ شُرَكَآءَكُمۡ فَدَعَوۡهُمۡ فَلَمۡ يَسۡتَجِيبُواْ لَهُمۡ وَرَأَوُاْ ٱلۡعَذَابَۚ لَوۡ أَنَّهُمۡ كَانُواْ يَهۡتَدُونَ

Yεbεka akyerε wͻn sε: “Monfrε wͻn a mode wͻn bataa Nyankopͻn ho no. Enti wͻbɛsu afrε wͻn, nanso wͻnnye wͻn so; na wͻbɛhunu asotwee no. (Saa Da no wͻbεpε) sε anka wͻfaa kwan tenenee no so. info
التفاسير:

external-link copy
65 : 28

وَيَوۡمَ يُنَادِيهِمۡ فَيَقُولُ مَاذَآ أَجَبۡتُمُ ٱلۡمُرۡسَلِينَ

Kae Ɛda no a (Nyankopͻn) bεfrε wͻn aka akyerε wͻn sε: ”Mmuaeε bεn na mode maa Asomafoͻ no?” info
التفاسير:

external-link copy
66 : 28

فَعَمِيَتۡ عَلَيۡهِمُ ٱلۡأَنۢبَآءُ يَوۡمَئِذٖ فَهُمۡ لَا يَتَسَآءَلُونَ

Saa Da no asεm no mu nnahͻ mma wͻn yie (anaasε wͻntumi mma muaeε pa biara), na wͻntumi mmisa wͻn ho wͻn ho nso. info
التفاسير:

external-link copy
67 : 28

فَأَمَّا مَن تَابَ وَءَامَنَ وَعَمِلَ صَٰلِحٗا فَعَسَىٰٓ أَن يَكُونَ مِنَ ٱلۡمُفۡلِحِينَ

Na mmom obia ͻbεsakra n’adwen, na wagye adie, na wadi dwuma pa no, ebia ͻbεka nkonimdifoͻ no ho. info
التفاسير:

external-link copy
68 : 28

وَرَبُّكَ يَخۡلُقُ مَا يَشَآءُ وَيَخۡتَارُۗ مَا كَانَ لَهُمُ ٱلۡخِيَرَةُۚ سُبۡحَٰنَ ٱللَّهِ وَتَعَٰلَىٰ عَمَّا يُشۡرِكُونَ

Wo Wura Nyankopͻn bͻ deε Ɔpε, εna Oyi (nea Ɔpε). Ɛnyε wͻn asεdeε sε wͻn na wͻyi (nea wͻpε). Kronkron ne animuonyam Hene ne Nyankopͻn, Ɔkorͻn kyεn deε wͻde bata Ne ho no. info
التفاسير:

external-link copy
69 : 28

وَرَبُّكَ يَعۡلَمُ مَا تُكِنُّ صُدُورُهُمۡ وَمَا يُعۡلِنُونَ

Wo Wura Nyankopͻn Nim deε asuma wͻ wͻn akoma mu, ne deε wͻda no adie. info
التفاسير:

external-link copy
70 : 28

وَهُوَ ٱللَّهُ لَآ إِلَٰهَ إِلَّا هُوَۖ لَهُ ٱلۡحَمۡدُ فِي ٱلۡأُولَىٰ وَٱلۡأٓخِرَةِۖ وَلَهُ ٱلۡحُكۡمُ وَإِلَيۡهِ تُرۡجَعُونَ

Ɔne Nyankopᴐn, awurade foforͻ biara nni hͻ ka Ne ho. Ɔno na ayeyie no wͻ no wͻ wiase yi mu ne Daakye no nso; na Ɔno na atemmuo no yε Ne dea, na Ne hͻ na mobεsan akͻ. info
التفاسير: