ಪವಿತ್ರ ಕುರ್‌ಆನ್ ಅರ್ಥಾನುವಾದ - ಅಕಾನ್ ಅನುವಾದ - ಅಶಾಂತಿಯ್ಯ - ಹಾರೂನ್ ಇಸ್ಮಾಯಿಲ್

Al-Jinn

external-link copy
1 : 72

قُلۡ أُوحِيَ إِلَيَّ أَنَّهُ ٱسۡتَمَعَ نَفَرٞ مِّنَ ٱلۡجِنِّ فَقَالُوٓاْ إِنَّا سَمِعۡنَا قُرۡءَانًا عَجَبٗا

(Nkͻmhyεni), ka sε: “Yɛayi akyerε me sε, Jinn fekuo bi tiee (Qur’aan yi mu nsεm na wͻkͻeε no), wͻka kyerεε (wͻn nkorͻfoͻ) sε: ”Nokorε sε, yɛate akenkan bi a εyε nwanwa. info
التفاسير:

external-link copy
2 : 72

يَهۡدِيٓ إِلَى ٱلرُّشۡدِ فَـَٔامَنَّا بِهِۦۖ وَلَن نُّشۡرِكَ بِرَبِّنَآ أَحَدٗا

Ɛkyerε kwan kͻ kwan tenenee no so, enti yεdeε yɛagye adi, na yεmfa obiara mmata yɛ Wura Nyankopͻn ho (nsom no). info
التفاسير:

external-link copy
3 : 72

وَأَنَّهُۥ تَعَٰلَىٰ جَدُّ رَبِّنَا مَا ٱتَّخَذَ صَٰحِبَةٗ وَلَا وَلَدٗا

Nokorε sε, Ɔne yɛ Wura (Nyankopͻn), Animuonyam Hene a Ne tumi korͻn no, Ɔnni yere na Ɔnni ba nso. info
التفاسير:

external-link copy
4 : 72

وَأَنَّهُۥ كَانَ يَقُولُ سَفِيهُنَا عَلَى ٱللَّهِ شَطَطٗا

Nokorɛ sɛ nkwaseafoͻ bi a εwͻ yεn mu no twa nkontompo a εborosoᴐ paa de to Nyankopͻn so. info
التفاسير:

external-link copy
5 : 72

وَأَنَّا ظَنَنَّآ أَن لَّن تَقُولَ ٱلۡإِنسُ وَٱلۡجِنُّ عَلَى ٱللَّهِ كَذِبٗا

Yεdeε na yεdwen sε, onipa ne Jinn ntumi ntwa nkontompo nto Nyankopͻn so. info
التفاسير:

external-link copy
6 : 72

وَأَنَّهُۥ كَانَ رِجَالٞ مِّنَ ٱلۡإِنسِ يَعُوذُونَ بِرِجَالٖ مِّنَ ٱلۡجِنِّ فَزَادُوهُمۡ رَهَقٗا

Nokorε sε, mmarima no bi wͻ nnipa mu a, wͻhwehwε ntwitwageε firi Jinn mmarima no mu bi hͻ, enti wͻma (nnipa no) tͻkͻso di nsεmmͻne. info
التفاسير:

external-link copy
7 : 72

وَأَنَّهُمۡ ظَنُّواْ كَمَا ظَنَنتُمۡ أَن لَّن يَبۡعَثَ ٱللَّهُ أَحَدٗا

Nokorε sε, wᴐdwen sεdeε mo (nnipa no mu bi) dwen sε Nyankopͻn nsoma (ᴐsomafoͻ) biara no. info
التفاسير:

external-link copy
8 : 72

وَأَنَّا لَمَسۡنَا ٱلسَّمَآءَ فَوَجَدۡنَٰهَا مُلِئَتۡ حَرَسٗا شَدِيدٗا وَشُهُبٗا

Nokorε sε, na yεrehwehwε (kwan) sε, yεbɛduru ͻsoro hͻ (akͻtie adwen a, εhͻfoͻ no refa), nanso yɛhunuu sε, awεnfoͻ ahoͻdenfoͻ ne ogya tanaa ayε hͻ mma. info
التفاسير:

external-link copy
9 : 72

وَأَنَّا كُنَّا نَقۡعُدُ مِنۡهَا مَقَٰعِدَ لِلسَّمۡعِۖ فَمَن يَسۡتَمِعِ ٱلۡأٓنَ يَجِدۡ لَهُۥ شِهَابٗا رَّصَدٗا

Na anka yεkͻtena (ͻsoro) tenabea no mu baabi sεdeε yεbεtie (ͻsoro asafo no adwen a, wͻrefa). Na seesei deε obi a (ͻbεkͻ hͻ) akotie no, ͻbεkͻ akͻto ogya tanaa a εretwεn no. info
التفاسير:

external-link copy
10 : 72

وَأَنَّا لَا نَدۡرِيٓ أَشَرٌّ أُرِيدَ بِمَن فِي ٱلۡأَرۡضِ أَمۡ أَرَادَ بِهِمۡ رَبُّهُمۡ رَشَدٗا

Nokorε nso sε yɛnnim sε bͻne na Ɔrehwehwε ama asaase so foͻ, anaasε ͻkwan kyerε bi na wͻn Wura Nyankopͻn rehwehwε ama wͻn. info
التفاسير:

external-link copy
11 : 72

وَأَنَّا مِنَّا ٱلصَّٰلِحُونَ وَمِنَّا دُونَ ذَٰلِكَۖ كُنَّا طَرَآئِقَ قِدَدٗا

Nokorε sε yεn mu bi yε apapafoͻ, na ebinom nso nte saa, yɛgu ahodoͻ a yεnam akwan sononko-sononko. info
التفاسير:

external-link copy
12 : 72

وَأَنَّا ظَنَنَّآ أَن لَّن نُّعۡجِزَ ٱللَّهَ فِي ٱلۡأَرۡضِ وَلَن نُّعۡجِزَهُۥ هَرَبٗا

Yɛnim yie sε, yɛntumi nnwane Nyankopͻn wͻ asaase yi so, na yɛntumi nso ntu nnwane no (wͻ ewiem). info
التفاسير:

external-link copy
13 : 72

وَأَنَّا لَمَّا سَمِعۡنَا ٱلۡهُدَىٰٓ ءَامَنَّا بِهِۦۖ فَمَن يُؤۡمِنۢ بِرَبِّهِۦ فَلَا يَخَافُ بَخۡسٗا وَلَا رَهَقٗا

Enti εberε a yεtee tenenee no ho asεm no, yεgye dii. Na obi a ͻbεgye Nyankopͻn adie no, ɔnsuro papa ho asisie (sε ne papa so bεteε), anaa bͻne nso ho asisie (sε yεde bͻne a ͻnyͻeε bεma no). info
التفاسير: