ការបកប្រែអត្ថន័យគួរអាន - ការបកប្រែជាភាសាអាកានី - អាស្ហាន់តី - ហើរ៉ូន អុីស្មាអែល

At-Taoalaaq

external-link copy
1 : 65

يَٰٓأَيُّهَا ٱلنَّبِيُّ إِذَا طَلَّقۡتُمُ ٱلنِّسَآءَ فَطَلِّقُوهُنَّ لِعِدَّتِهِنَّ وَأَحۡصُواْ ٱلۡعِدَّةَۖ وَٱتَّقُواْ ٱللَّهَ رَبَّكُمۡۖ لَا تُخۡرِجُوهُنَّ مِنۢ بُيُوتِهِنَّ وَلَا يَخۡرُجۡنَ إِلَّآ أَن يَأۡتِينَ بِفَٰحِشَةٖ مُّبَيِّنَةٖۚ وَتِلۡكَ حُدُودُ ٱللَّهِۚ وَمَن يَتَعَدَّ حُدُودَ ٱللَّهِ فَقَدۡ ظَلَمَ نَفۡسَهُۥۚ لَا تَدۡرِي لَعَلَّ ٱللَّهَ يُحۡدِثُ بَعۡدَ ذَٰلِكَ أَمۡرٗا

Nkͻmhyεni, sε mogyae mmaa no a, monnyae wͻn wͻ wͻn berε (a yɛahyehyε) no mu; monsese εberε no na monsuro Nyankopͻn, mo Wura no. Monhwε na moantu wͻn amfri wͻn afie mu, na εmma wͻn ara nso ntu; gyesε ebia wͻbɔ akohwi bra bi a εda adie. Woi ne Nyankopͻn mmra. Obia ɔbɛbu Nyankopͻn mmra soͻ no, nokorε sε wadi ne kraa amim. Wonnim sε ebia εno akyi no Nyankopͻn bεma asεm foforͻ bi aba. info
التفاسير:

external-link copy
2 : 65

فَإِذَا بَلَغۡنَ أَجَلَهُنَّ فَأَمۡسِكُوهُنَّ بِمَعۡرُوفٍ أَوۡ فَارِقُوهُنَّ بِمَعۡرُوفٖ وَأَشۡهِدُواْ ذَوَيۡ عَدۡلٖ مِّنكُمۡ وَأَقِيمُواْ ٱلشَّهَٰدَةَ لِلَّهِۚ ذَٰلِكُمۡ يُوعَظُ بِهِۦ مَن كَانَ يُؤۡمِنُ بِٱللَّهِ وَٱلۡيَوۡمِ ٱلۡأٓخِرِۚ وَمَن يَتَّقِ ٱللَّهَ يَجۡعَل لَّهُۥ مَخۡرَجٗا

Enti sε wͻn (Idda) berε (bosome mmiεnsa) no so a, momfa ayεmyε nsͻ wͻn mu, anaasε mo ne wͻn ni mpaepaemu wͻ kwan pa so; na momma mo mu nnipa mmienu a wͻdi nokorε ni ho adanseε, na moni adanseε no mma Nyankopͻn. Woi na yεde tu obia osuro Nyame ne Da a etwa toͻ no foͻ. Obia ɔbɛsuro Nyankopͻn no Ɔbɛbue kwan ama no- info
التفاسير:

external-link copy
3 : 65

وَيَرۡزُقۡهُ مِنۡ حَيۡثُ لَا يَحۡتَسِبُۚ وَمَن يَتَوَكَّلۡ عَلَى ٱللَّهِ فَهُوَ حَسۡبُهُۥٓۚ إِنَّ ٱللَّهَ بَٰلِغُ أَمۡرِهِۦۚ قَدۡ جَعَلَ ٱللَّهُ لِكُلِّ شَيۡءٖ قَدۡرٗا

Na Wabᴐ no akᴐnhoma afri faako a onni ho anidaasoͻ koraa. Obia ͻde ne ho bεto Nyankopͻn soͻ no, Ɔsombo ma no. Nokorε sε Nyankopͻn deε N’ahyεdeε (biara) yε hͻ. Ampa sε Nyankopͻn de nhyehyεε ato biribiara ho. info
التفاسير:

external-link copy
4 : 65

وَٱلَّٰٓـِٔي يَئِسۡنَ مِنَ ٱلۡمَحِيضِ مِن نِّسَآئِكُمۡ إِنِ ٱرۡتَبۡتُمۡ فَعِدَّتُهُنَّ ثَلَٰثَةُ أَشۡهُرٖ وَٱلَّٰٓـِٔي لَمۡ يَحِضۡنَۚ وَأُوْلَٰتُ ٱلۡأَحۡمَالِ أَجَلُهُنَّ أَن يَضَعۡنَ حَمۡلَهُنَّۚ وَمَن يَتَّقِ ٱللَّهَ يَجۡعَل لَّهُۥ مِنۡ أَمۡرِهِۦ يُسۡرٗا

Mo mmaa no mu bi nso a wͻn atwa bra no, sε mo adwen nnsi mo pi wͻ wͻn ho a, wͻn (Idda) berε no yε bosome mmiεnsa; na wͻn nso a wͻnyεε bra da no nso (bosome mmiεnsa saa ara). Apemfoͻ no nso wͻn berε ne εberε a wͻbεsoε wͻn adesoa no (anaasε εberε a wͻbεwoͻ). Obi a ͻbɛsuro Nyankopͻn no, Ɔbεma n’asεm ayε bͻkͻͻ ama no. info
التفاسير:

external-link copy
5 : 65

ذَٰلِكَ أَمۡرُ ٱللَّهِ أَنزَلَهُۥٓ إِلَيۡكُمۡۚ وَمَن يَتَّقِ ٱللَّهَ يُكَفِّرۡ عَنۡهُ سَيِّـَٔاتِهِۦ وَيُعۡظِمۡ لَهُۥٓ أَجۡرًا

Woi ne Nyankopͻn ahyεdeε a Wasiane ama mo. Na obia ͻbɛsuro Nyankopͻn no Ɔbεpepa ne bͻne afiri ne so, na Wama n’akatua ayε kεse ama no. info
التفاسير: