ការបកប្រែអត្ថន័យគួរអាន - ការបកប្រែជាភាសាអាកានី - អាស្ហាន់តី - ហើរ៉ូន អុីស្មាអែល

Al-Hashr

external-link copy
1 : 59

سَبَّحَ لِلَّهِ مَا فِي ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَمَا فِي ٱلۡأَرۡضِۖ وَهُوَ ٱلۡعَزِيزُ ٱلۡحَكِيمُ

Adeε a εwͻ soro ne deε εwͻ asaase so nyinaa bͻ Nyankopͻn abodin; Ɔne Otumfoͻ a Ɔtumi ade nyinaa yε, Ɔne Nyansafoͻ no. info
التفاسير:

external-link copy
2 : 59

هُوَ ٱلَّذِيٓ أَخۡرَجَ ٱلَّذِينَ كَفَرُواْ مِنۡ أَهۡلِ ٱلۡكِتَٰبِ مِن دِيَٰرِهِمۡ لِأَوَّلِ ٱلۡحَشۡرِۚ مَا ظَنَنتُمۡ أَن يَخۡرُجُواْۖ وَظَنُّوٓاْ أَنَّهُم مَّانِعَتُهُمۡ حُصُونُهُم مِّنَ ٱللَّهِ فَأَتَىٰهُمُ ٱللَّهُ مِنۡ حَيۡثُ لَمۡ يَحۡتَسِبُواْۖ وَقَذَفَ فِي قُلُوبِهِمُ ٱلرُّعۡبَۚ يُخۡرِبُونَ بُيُوتَهُم بِأَيۡدِيهِمۡ وَأَيۡدِي ٱلۡمُؤۡمِنِينَ فَٱعۡتَبِرُواْ يَٰٓأُوْلِي ٱلۡأَبۡصَٰرِ

Ɔno na Ɔmaa wͻn a wͻpo nokorε a wͻn wͻ wͻn a yεmaa wͻn Nyamesom ho Nwoma no mu no tu firii wͻn afie mu wͻ asuo-twa a edikan no mu. Moanwene ho da sε wͻbɛtu, wͻn adwen yεε wͻn sε wͻn aban denden no bεbͻ wͻn ho ban afri Nyankopͻn nsam. Nanso Nyankopͻn firi baabi a na wͻnnwen no saa baa wͻn so, na Ɔbͻͻ huu guu wͻn akoma mu, wͻde wͻn ara wͻnsa ne agyidiefoͻ no nso nsa bubuu wͻn afie. Enti mo a mowͻ ani monfa woi nyε adesua. info
التفاسير:

external-link copy
3 : 59

وَلَوۡلَآ أَن كَتَبَ ٱللَّهُ عَلَيۡهِمُ ٱلۡجَلَآءَ لَعَذَّبَهُمۡ فِي ٱلدُّنۡيَاۖ وَلَهُمۡ فِي ٱلۡأٓخِرَةِ عَذَابُ ٱلنَّارِ

Sε εnyε sε na Nyankopͻn (adikan) ahyehyε amantuo na ama wͻn a, anka Ɔbεtwe wͻn aso paa wͻ wiase ha; na ogya no asotwee no wͻ hͻ ma wͻn Daakye. info
التفاسير: