ការបកប្រែអត្ថន័យគួរអាន - ការបកប្រែជាភាសាអាកានី - អាស្ហាន់តី - ហើរ៉ូន អុីស្មាអែល

លេខ​ទំព័រ:close

external-link copy
40 : 34

وَيَوۡمَ يَحۡشُرُهُمۡ جَمِيعٗا ثُمَّ يَقُولُ لِلۡمَلَٰٓئِكَةِ أَهَٰٓؤُلَآءِ إِيَّاكُمۡ كَانُواْ يَعۡبُدُونَ

Ɛda a Ɔbεboa wͻn nyinaa ano no afei Ɔbεka akyerε Soro abͻfoͻ no sε: ”Mo na na saa nkorͻfoͻ yi som mo no? info
التفاسير:

external-link copy
41 : 34

قَالُواْ سُبۡحَٰنَكَ أَنتَ وَلِيُّنَا مِن دُونِهِمۖ بَلۡ كَانُواْ يَعۡبُدُونَ ٱلۡجِنَّۖ أَكۡثَرُهُم بِهِم مُّؤۡمِنُونَ

Wͻbεka sε: ”Kronkron hene ne Wo (Awurade)! Wone yεn Kyitaafoͻ na εnyε wͻn ne (yεn kyitaafoͻ). Daabi, na wͻsom Jinnfoͻ no, na wͻn na wͻn mu dodoͻ no ara gyee wͻn diiε”. info
التفاسير:

external-link copy
42 : 34

فَٱلۡيَوۡمَ لَا يَمۡلِكُ بَعۡضُكُمۡ لِبَعۡضٖ نَّفۡعٗا وَلَا ضَرّٗا وَنَقُولُ لِلَّذِينَ ظَلَمُواْ ذُوقُواْ عَذَابَ ٱلنَّارِ ٱلَّتِي كُنتُم بِهَا تُكَذِّبُونَ

Enti saa Da no, mo mu biara nni papa anaasε bͻne bi ho tumi wͻ moho-moho so. Yεbεka akyerε wͻn a wͻdii bͻne no sε: “Monka egya asotwee a mofaa no nkonto-mposεm no nhwε“. info
التفاسير:

external-link copy
43 : 34

وَإِذَا تُتۡلَىٰ عَلَيۡهِمۡ ءَايَٰتُنَا بَيِّنَٰتٖ قَالُواْ مَا هَٰذَآ إِلَّا رَجُلٞ يُرِيدُ أَن يَصُدَّكُمۡ عَمَّا كَانَ يَعۡبُدُ ءَابَآؤُكُمۡ وَقَالُواْ مَا هَٰذَآ إِلَّآ إِفۡكٞ مُّفۡتَرٗىۚ وَقَالَ ٱلَّذِينَ كَفَرُواْ لِلۡحَقِّ لَمَّا جَآءَهُمۡ إِنۡ هَٰذَآ إِلَّا سِحۡرٞ مُّبِينٞ

Sε yεrekenkan Yεn Nsεm pefee no kyerε wͻn a, deε wͻka nesε:” (Muhammad) wei ᴐnyε hwee na mmom (ͻyε) onipa a ͻpε sε ɔsi mo deε na moagya nom som no ho kwan”. Wͻsan nso ka sε: ”(Qur’aan) wei nyε hwee na mmom nkontompo a yɛabͻ yɛn tirim (atwerε)“. Ɛberε (biara a) nokorε bεba boniayεfoͻ no hͻ no, deε wͻka kyerε (nokorε no) nesε: “Wei deε nkonyaa anaa naadaasεm pefee“. info
التفاسير:

external-link copy
44 : 34

وَمَآ ءَاتَيۡنَٰهُم مِّن كُتُبٖ يَدۡرُسُونَهَاۖ وَمَآ أَرۡسَلۡنَآ إِلَيۡهِمۡ قَبۡلَكَ مِن نَّذِيرٖ

Yεmmaa wͻn Nwoma a wͻsua mu, na Yɛnnii w’anim kan nsomaa kͻkͻbͻni biara wͻ wͻn hͻ. info
التفاسير:

external-link copy
45 : 34

وَكَذَّبَ ٱلَّذِينَ مِن قَبۡلِهِمۡ وَمَا بَلَغُواْ مِعۡشَارَ مَآ ءَاتَيۡنَٰهُمۡ فَكَذَّبُواْ رُسُلِيۖ فَكَيۡفَ كَانَ نَكِيرِ

Wͻn a wͻdii wͻn anim kan no faa no nkontomposεm; (Quraishfoͻ) wei nom nnyaa deε Yεde maa (tetefoͻ) no mu nkyεmu du mu baako mpo; nanso wͻbu Me Somafoͻ no nkontomponi. Sεdeε M’abufuhyeε siteε. info
التفاسير:

external-link copy
46 : 34

۞ قُلۡ إِنَّمَآ أَعِظُكُم بِوَٰحِدَةٍۖ أَن تَقُومُواْ لِلَّهِ مَثۡنَىٰ وَفُرَٰدَىٰ ثُمَّ تَتَفَكَّرُواْۚ مَا بِصَاحِبِكُم مِّن جِنَّةٍۚ إِنۡ هُوَ إِلَّا نَذِيرٞ لَّكُم بَيۡنَ يَدَيۡ عَذَابٖ شَدِيدٖ

(Nkͻmhyεni), ka sε: ‘’Adeε fua pε na mede tu mo foͻ, εne sε mobεgyina hͻ mmienu mmienu ne mfuamfua ama Nyankopͻn na afei moadwen (Muhammad ho abakͻsεm a ͻne mo de te kuro yi mu ha ho). Mo yͻnko (Muhammad) no ͻmmͻͻ dam, na mmom ͻyε kͻkͻbͻni ma mo wͻ asotwee denden a εda (onipa ne Jinn) anim no ho. info
التفاسير:

external-link copy
47 : 34

قُلۡ مَا سَأَلۡتُكُم مِّنۡ أَجۡرٖ فَهُوَ لَكُمۡۖ إِنۡ أَجۡرِيَ إِلَّا عَلَى ٱللَّهِۖ وَهُوَ عَلَىٰ كُلِّ شَيۡءٖ شَهِيدٞ

Ka sε:” Memmisaa mo akatua a εyε modea; m’akatua deε Nyankopͻn hͻ na εwͻ. Ͻno na Ɔdi biribiara ho adanseε. info
التفاسير:

external-link copy
48 : 34

قُلۡ إِنَّ رَبِّي يَقۡذِفُ بِٱلۡحَقِّ عَلَّٰمُ ٱلۡغُيُوبِ

(Nkͻmhyεni), ka sε: ”Nokorε sε me Wura Nyankopͻn sane Nokorε no (anaasε Adiyisεm no). (Ɔne) Nsumaeε mu Nimdefoͻ no“. info
التفاسير: